Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mugye Di sɛ Nnansia Paa na Onyankopɔn De Bɔɔ Wiase?

Mugye Di sɛ Nnansia Paa na Onyankopɔn De Bɔɔ Wiase?

 Dabi. Ɛwom, Yehowa Adansefo gye di sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ biribiara, nanso yennye nni sɛ nnansia paa na ɔde bɔɔ wiase. Adɛn nti na yennye nni? Efisɛ saa asɛm no ne Bible nhyia. Ma yɛnhwɛ nea edidi so yi:

  1.   Nnansia a Onyankopɔn de bɔɔ wiase no tenten. Ebinom ka sɛ nnansia a Onyankopɔn de bɔɔ wiase no, emu biara tenten yɛ nnɔnhwerew 24. Nanso Bible ka ‘da’ a, etumi kyerɛ mfe pii.​—Genesis 2:4; Dwom 90:4.

  2.   Mfe dodow a asase adi. Ebinom kyerɛkyerɛ sɛ asase no nkyɛe pii saa. Nanso, Bible ma yehu sɛ ansa na wɔde nnansia rebɔ ade no, na asase wɔ hɔ. (Genesis 1:1) Ɛno nti nhwehwɛmu a nyansahufo ayɛ ahu sɛ asase no adi mfe ɔpepepee no, Yehowa Adansefo nnye ho akyinnye.

 Ɛwom, Yehowa Adansefo gye di sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ biribiara, nanso sɛ nyansahufo ka nokwasɛm bi a, yennye ho akyinnye. Yegye di sɛ nyansahu a edi mu ne Bible hyia.