Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Munnye Mogya?

Adɛn Nti na Munnye Mogya?

Nsɛm a nkurɔfo ka to yɛn so

 Nea nkurɔfo ka: Yehowa Adansefo kyi aduruyɛ.

 Nokwasɛm: Yɛne yɛn mmusua nyinaa hwehwɛ aduruyɛ a ɛyɛ kama paa. Sɛ yɛyare a yɛkɔ ayaresabea kohu adɔkotafo a wobetumi ahwɛ yɛn yare a wɔmma yɛn mogya. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ nkɔanim pii aba ayaresa mu. Nea ɛwom ne sɛ, akwan pii wɔ hɔ a wɔfa so sa Adansefo no yare a wɔmma wɔn mogya, na nnipa pii nso nya so mfaso. Ɛnnɛ, wokɔ aman pii so a, nnipa a wɔwɔ hɔ no bebree tumi ka sɛ wɔmpɛ mogya, efisɛ etumi kɔfa nsunsuanso bɔne ba; ebi ne mogya mu yare, mogya a ɛne obi ho nnye, ne mfomso a adɔkotafo tumi yɛ.

 Nea nkurɔfo ka: Yehowa Adansefo wɔ adwene sɛ wɔn gyidi betumi asa wɔn yare.

 Nokwasɛm: Yɛnyɛ gyidi ayaresa wɔ yɛn som mu.

 Nea nkurɔfo ka: Obi annye mogya a, ɔbɔ ka kɛse.

 Nokwasɛm: Nnuru a wɔde si mogya anan no, ɛno mmom mmɔ ka kɛse. a

 Nea nkurɔfo ka: Mogya a Adansefo no nnye nti, afe biara wɔn mu pii ne wɔn mmofra hwere wɔn nkwa.

 Nokwasɛm: Nokware biara nni saa asɛm yi mu. Adɔkotafo tumi yɛ oprehyɛn akɛse akɛse te sɛ koma mu oprehyɛn, dompe mu oprehyɛn ne oprehyɛn a wɔyɛ de sesa nipadua no mu biribi te sɛ mmerɛbo, koma ne nea ɛtete saa. Adɔkotafo tumi yɛ saa oprehyɛn yi nyinaa a wɔmfa mogya mma onipa no. b Wɔn a wogye mogya wɔ oprehyɛn mu no, wɔn ho ntɔ wɔn nkyɛn wɔn a wonnye mogya no, na ɛtɔ da mpo a, wɔn a wonnye mogya no mmom ho tɔ wɔn sen wɔn a wogye no. c Obiara nso ntumi nka sɛ obi gye mogya a obenya nkwa na sɛ wannye a obewu.

Adɛn nti na Yehowa Adansefo nnye mogya?

 Eyi yɛ gyidi asɛm na ɛnyɛ nsunsuanso a ɛde bɛba nti na yennye mogya. Apam Dedaw ne Apam Foforo no nyinaa ka ma emu da hɔ pefee sɛ yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho. (Genesis 9:4; Leviticus 17:​10; Deuteronomium 12:​23; Asomafo Nnwuma 15:​28, 29) Afei nso, Onyankopɔn de mogya gyina hɔ ma nkwa. (Leviticus 17:​14) Enti nea ɛmma yennye mogya ne sɛ yɛpɛ sɛ yetie Onyankopɔn na yenya obu ma no, efisɛ ɔno na ɔmaa yɛn nkwa.

Nkurɔfo adwene resesa

Wotumi yɛ oprehyɛn akɛse akɛse bere a wɔmma nnipa no mogya

 Bere bi a atwam no, sɛ obi ka sɛ onnye mogya, na mmom ɔpɛ nnuru a mogya nnim a, na adɔkotafo susuw sɛ onipa no abɔ mmusu, na ɔde ne nkwa redi agoru. Nanso seesei de, wɔresesa wɔn adwene. Afe 2004 sei, aduruyɛ nhoma bi kyerɛw sɛ “akwan a wɔfa so sa Yehowa Adansefo yare no, bere bi bɛba a, saa kwan no ara so na wɔbɛfa asa nnipa nyinaa yare.” d Afe 2010 mu no, nhoma bi a wɔato din Heart, Lung and Circulation no kaa asɛm bi sɛ “Ɛnsɛ sɛ Yehowa Adansefo nko ara na wɔyɛ wɔn ‘oprehyɛn a wɔmma mogya’; mmom no, ɛsɛ sɛ oprehyɛn biara a wɔbɛyɛ no, wɔyɛ no saa.”

 Seesei adɔkotafo mpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa fa akwan bi so yɛ oprehyɛn a akɛse a wɔmfa mogya nka ho. Saa akwan a wɔfa so sa yare a mogya nka ho yi, aman a afei na wɔrennya nkɔso mpo mu nnipa pii a wɔnyɛ Yehowa Adansefo ka sɛ ɛno na wɔpɛ, na wɔmpɛ mogya.

a Hwɛ nhoma a wɔato din Transfusion and Apheresis Science, Po 33, Nɔma 3, kr. 349.

b Hwɛ nhoma a wɔato din The Journal of Thoracic and Cardiovascular Surgery, Po 134, Nɔma 2, kr. 287-288; Texas Heart Institute Journal, Po 38, Nɔma 5, kr. 563; Basics of Blood Management, kr. 2; ne Continuing Education in Anaesthesia, Critical Care & Pain, Po 4, Nɔma 2, kr. 39.

c Hwɛ The Journal of Thoracic and Cardiovascular Surgery, Po 89, Nɔma 6, kr. 918; ne Heart, Lung and Circulation, Po 19, kr. 658.

d Continuing Education in Anaesthesia, Critical Care & Pain, Po 4, Nɔma 2, kratafa 39.