Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Mmofra Ne Smatfon—Ɔfã 1: Ɛsɛ Sɛ Mema Me Ba Smatfon Anaa?

Mmofra Ne Smatfon—Ɔfã 1: Ɛsɛ Sɛ Mema Me Ba Smatfon Anaa?

 Nnansa yi mmofra pii wɔ smatfon, a na wɔn mu pii wɔ hɔ a, wɔde wɔn fon no kɔ intanɛt so bere a wɔn nko ara wɔ dan mu. Sɛ woma wo ba smatfon a, ɔhaw bɛn na ebetumi akɔfa aba? Sɛ woma wo ba smatfon a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Mmere dodow sɛn na ɛsɛ sɛ woma wo ba de ne smatfon yɛ adwuma da biara?

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

 Mfaso a Ɛwɔ So

  •   Ɛbɔ mmofra ho ban; ɛma awofo asom dwo wɔn. Bethany yɛ ɔbaatan, na ɔwɔ mmaayewa mmienu. Ɔkaa sɛ, “Wiase a yɛte mu no, emu yɛ hu paa. Enti ehia paa sɛ mmofra tumi ne wɔn awofo di nkitaho.”

     Catherine yɛ ɔbaatan. Ɔno nso ka too so sɛ, “App binom wɔ hɔ a, wubetumi de akɔnɛte wo ba fon. Enti baabi a ɔnam biara, wutumi hu. Sɛ ɔreka kar koraa a, mmirika a ɔrekɔ mpo, wutumi hu.”

  •   Ɛboa mmofra ma wotumi yɛ wɔn sukuu dwumadi. Ɔbaatan bi a wɔfrɛ no Marie kaa sɛ, “Ɛyɛ a atikyafo de homework, fa e-mail anaa text message so brɛ mmofra no. Mmofra no nso tumi fa e-mail anaa text message so ne wɔn atikyafo di nkitaho.”

 Ɔhaw a Ebetumi Akɔfa Aba

  •   Daa na mmofra remiamia wɔn fon so. Mmofra dodow no ara mma wɔn fon nhome koraa; sɛ́ wɔremiamia so ara ni. Nea ɛwom mpo ne sɛ, bere a awofo sɛe wɔ wɔn fon so no, ɛne bere a wɔne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ no yɛ pɛ. Obi a otu nkurɔfo fo kaa sɛ, afie bi abɛyɛ sɛ baabi a “ahɔho abehyiam; obiara ti si fam rehwɛ ne fon anaa tablɛt so.” b

  •   Ponografi. Nhwehwɛmu bi a nkurɔfo ayɛ kyerɛ sɛ, sɛ wofa mmabun nyinaa gyina hɔ a, bɛboro fã kɔ Intanɛt so kɔhwehwɛ ponografi bosome biara. Wei nyɛ nwonwa, efisɛ sɛ wukura smatfon na worehwehwɛ ponografi a, wobɔɔ so ara na abue ama wo. Papa bi a ɔwɔ mmabun mmienu a wɔfrɛ no William kaa sɛ, “Sɛ awofo tɔ smatfon ma wɔn mma a, ɛte sɛ nea wɔabue ponografi sotɔɔ ama wɔn mma no. Baabi a mmofra no kɔ biara, wotumi de ponografi sotɔɔ no ka wɔn ho kɔ.”

  •   Wontumi nkɔ nnyaw hɔ. Nnipa pii ntumi nkɔ nnyaw wɔn fon. Sɛ wɔn fon yera a, na wɔn adwene atu afra, wɔn ho yeraw wɔn, anaa wɔyare mpo. Awofo binom ahu sɛ, sɛ wɔn mma remiamia wɔn fon so na wɔkɔfrɛ wɔn a, na wɔn bo afuw. Carmen kaa sɛ, “Ɛtɔ da na me babarima remiamia ne fon so na mepɛ sɛ me ne no kasa a, na wanyinyan n’anim anaa waka asɛm yayaayaw akyerɛ me. Efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛhaw no.”

  •   Ɔhaw afoforo. Sɛ obi de smatfon yɛ adwuma a, etumi ma nkurɔfo teetee no wɔ intanɛt so. Ɛno na wɔfrɛ no “cyberbullying” no. Etumi nso ma ɔne nkurɔfo de ɔbea ne ɔbarima nna ho nsɛm ne ɛho mfoni manemane wɔn ho. Ɛno na wɔfrɛ no “sexting” no. Esiane sɛ, sɛ ɔde smatfon no reyɛ adwuma a ɔntena ase yiye anaa ɛmma ɔnna yiye nti, ebetumi abɔ no yare. Ɛyɛ a na mmerante ne mmabaa binom mpɛ sɛ wɔn awofo hu nea wɔreyɛ wɔ wɔn smatfon so. Enti wɔde nea wɔfrɛ no “ghost app” yɛ adwuma. App a ɛte saa no, wɔayɛ bi te sɛ kakuleta a wɔde bu nkontaa, enti wobɛka sɛ asɛm biara nni ho. Nanso dwuma a edi paa ne sɛ, ɛde nea obi reyɛ wɔ ne smatfon so ankasa no sie.

     Daniel a ɔwɔ ɔbabea a ɔyɛ ɔbabun bɔɔ asɛm no nyinaa mua sɛ: “Sɛ wo ba wɔ smatfon a, biribiara a ɛwɔ Intanɛt so biara, papa oo, bɔne oo, obetumi ahu.”

 Nea ɛsɛ sɛ wubisa

  •   ‘Me ba hia smatfon anaa?’

     Bible ka sɛ: “Onitefo hwɛ n’anammɔn yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Dwen saa asɛm no ho na bisa wo ho sɛ:

     ‘Me ba no ahobammɔ anaa biribi foforo nti, ɛbɛyɛ papa sɛ onya smatfon anaa? Mfaso a ɛwɔ smatfon so ne ɔhaw a ebetumi akɔfa aba no, madwen ho yiye? Metumi atɔ fon foforo a ɛnyɛ smatfon ama me ba no anaa?’

     Papa bi a wɔfrɛ no Todd kaa sɛ, “Mobal fon a ɛnyɛ smatfon pii da so wɔ hɔ a wubenya bi atɔ. Wubetumi ne wo mma de adi nkitaho. Wubetumi asɛnde wɔn text message wɔ so anaa woafrɛ wɔn wɔ so. Saa mobal fon no, ne bo nso nyɛ den.”

  •   ‘Me ba no aso sɛ okura smatfon?’

     Bible ka sɛ: “Onyansafo koma wɔ ne nifa.” (Ɔsɛnkafo 10:2) Kyerɛ sɛ, onyansafo koma de no fa ɔkwampa so. Dwen saa asɛm no ho na bisa wo ho sɛ:

     ‘Dɛn na mihu wɔ me ba no ho a ɛma migye no di? Seesei mpo, me ba no tumi ka ne koma mu asɛm kyerɛ me? Me ba no ka nokware, anaa mibisa no nsɛm bi te sɛ henanom na wɔyɛ ne nnamfo a, ɔde sie me? Ɛba no TV, tablɛt, anaa laptop a, ɛyɛ a otumi hyɛ ne ho so?’ Ɔbaatan bi a wɔfrɛ no Serena kaa sɛ, “Smatfon wɔ hɔ yi, ɛyɛ ɔdomfo-kumfo. Enti sɛ wo ba yɛ abofra na woma no smatfon a, hu sɛ ɛyɛ adwuma kɛse na wode ato no so.”

  •   ‘Mehwɛ a, maboa me ho anaa?’

     Bible ka sɛ: “Tete abofra wɔ ɔkwan a ɛfata so.” (Mmebusɛm 22:6) Dwen saa asɛm no ho na bisa wo ho sɛ:

     ‘Smatfon no, minim mu yiye a metumi aboa me ba ama wahu ɔhaw a ebetumi akɔfa aba ne nea ɔbɛyɛ de asiw ano anaa? Nneɛma a ɛwɔ fon no so a ɔwofo betumi de abɔ ne ba ho ban (parental controls) no, minim sɛnea wɔde yɛ adwuma? Mɛyɛ dɛn aboa me ba ama ɔde fon no ayɛ adwuma yiye?’ Daniel a yɛaka n’asɛm dedaw no kaa sɛ: “Mahu awofo pii a wɔatɔ smatfon ama wɔn mma. Nea ɛyɛ yaw ne sɛ, sɛ mmofra no de bɛyɛ dɛn oo, wɔde bɛyɛ dɛn oo, wɔnhwɛ hɔ.”

 Nea yɛreka akosi: Sɛ mmofra betumi de smatfon ayɛ adwuma a ɛnkɔfa ɔhaw biara mma a, ehia sɛ yɛtete wɔn. Nhoma bi a wɔfrɛ no Indistractable ka sɛ: “Mmofra ntumi nhyɛ wɔn ho so wɔ smatfon ho. Ebetumi agye wɔn bere nyinaa; ɛnkanka sɛ awofo no gyaa wɔn ma wɔde yɛ nea wɔpɛ a.”

a Asɛm yi mu no, yɛka “smatfon” a, ɛyɛ mobal fon biara a wutumi de kɔ Intanɛt so.

b Efi Thomas Kersting nhoma a wɔato din Disconnected no mu.