Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Sɛnea Wobɛka Aguamansɛm a Wɔde Mena Ho Asɛm Akyerɛ Wo Babun

Sɛnea Wobɛka Aguamansɛm a Wɔde Mena Ho Asɛm Akyerɛ Wo Babun

ASƐNNENNEN

Woate sɛ aguamansɛm a wɔde mena yɛ biribi a ɛrekɔ so wɔ mmerante ne mmabaa ntam. Ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘So me babun bɛyɛ biribi a ɛte saa?’

Wopɛ sɛ wo ne wo ba no susuw asɛm no ho—nanso ɔkwan bɛn so? Ansa na wubebua no, susuw nea enti a mmerante ne mmabaa binom de wɔn ho ahyɛ aguamansɛm a wɔde mena mu ne nea enti a ɛsɛ sɛ ɛho hia wo. *

NEA ƐMA ƐBA SAA

  • Mmabun binom de aguamansɛm mena wɔn a wɔpɛ wɔn asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne wɔn bɛwewe.

  • Ebi nso wɔ hɔ a, mmerante tumi hunahuna mmabaa ma wotwa wɔn adagyaw ho mfonini de mena wɔn.

  • Ɛtɔ mmere bi a, ɔbarima bi de ɔbea bi a wabɔ adagyaw mfonini bɛmena ne nnamfo ma wɔde agyigye wɔn ani, anaa ɔyɛ saa de tua no ka esiane sɛ ɔne no agyae nti.

Ɛmfa ho sɛnea ɛte biara no, ɔbabun biara a ɔwɔ fon no betumi atɔ asiane mu. Nhoma bi ka sɛ, nea ehia ara ne sɛ “wobɛkIik biribi so, na asɛm ato wo.”CyberSafe.

Nnipa pii nnim sɛ, wonya de wɔn mfonini to Intanɛt so a, afoforo betumi de ayɛ nea wɔpɛ biara. Amanneɛbɔ bi a U.S. Ɔman Nhwehwɛmu Asoɛe de too gua kyerɛ sɛ, bere a ababaa bi a wadi mfe 18 hui sɛ “ne mpena de ne mfonini bi a wabɔ adagyaw wom a ɔde menaa no no amena ne sukuufo pii no, odii ne ho dɔm. Ebetumi aba sɛ sukuufo afoforo a wɔkɔɔ so de mfonini no mena menaa afoforo no na ɛteetee ababaa no.”

Aguamansɛm ho mfonini a wɔde mena afoforo no to mmara. Sɛ nhwɛso no, wɔ mmeae bi no, wɔabɔ mmofra a wɔde aguamansɛm ho mfonini mena mmofra afoforo no sobo na wɔama wɔakyerɛw wɔn din ato hɔ sɛ nnipa a wɔde nna ho nsɛm teetee afoforo. Sɛ́ ɔwofo no, sɛ wo din wɔ nkrataa mu sɛ fon no yɛ wo de, na wansiw no kwan na ɔde yɛ saa a, wo nso wubetumi anya asɛm.

 NEA WUBETUMI AYƐ

Hyehyɛ mmara a emu da hɔ. Ɛwom sɛ worentumi nkyerɛ wo babun nea ɛsɛ sɛ ɔde ne fon yɛ nyinaa de, nanso wubetumi ama wahu nea wohwehwɛ afi ne hɔ—ne nea sɛ obu wo mmara so a, ebefi mu aba. Kae nso sɛ, sɛ ɔwofo no, wowɔ hokwan sɛ bere biara wuhu nea wo ba no de ne fon reyɛ.Bible nnyinasosɛm: Efesofo 6:1.

Boa wo ba ma onsusuw asɛm no ho. Wubetumi aka sɛ: “Ɛsono adwene a nnipa pii kura wɔ aguamansɛm a wɔde mena mena ho. Wobɛkyerɛkyerɛ mu dɛn?” “Mfonini ahorow bɛn na wususuw sɛ ɛmfata?” “Wɔ mmeae bi no, mmara mma kwan sɛ abofra bi de ne yɔnko abofra a wabɔ adagyaw mfonini bɛmena obi. Wususuw sɛ ɛyɛ mfomso saa?” “Dɛn nti na aguamansɛm a wɔde fa fon so mena no yɛ bɔne?” Yɛ aso tie nea wo ba no bɛka, na boa ma onhu sɛ ɛnyɛ fon so a obemiamia ne asɛm no, na mmom nea ebetumi afi mu aba no.—Bible nnyinasosɛm: Hebrifo 5:14.

Ɛnyɛ fon so a obemiamia ne asɛm no

Ma no mfatoho ahorow bi. Wubetumi aka akyerɛ wo babea sɛ: “Fa no sɛ ɔbarima bi rehyɛ ababaa bi sɛ ontwa n’adagyaw ho mfonini mfa mmena no. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Ontwa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn adamfofa no rensɛe? Mma ɔmpene so, nanso ɔnkɔ so ne no mmɔ? Ontwa adamfofa no mu? Ɔnka nkyerɛ ɔpanyin bi?” Boa wo babea no ma onsusuw asɛm no ho. Wubetumi afa ɔkwan a ɛte saa ara so ne wo babarima nso asusuw nsɛm ho.—Bible nnyinasosɛm: Galatifo 6:7.

Ka nsɛm a ɛbɛka wo ba no koma. Bisa no nsɛm bi te sɛ: Wobɛpɛ sɛ wɔbɔ wo din pa anaa wɔbɔ wo dimmɔne? Suban bɛn na wobɛpɛ sɛ afoforo de hu wo? Sɛ wode mfonini a ɛmfata mena obi de teetee no a, wobɛte nka dɛn? Nanso sɛ woyɛ ade pa nso ɛ? Boa wo babun ma ‘onkura ahonim pa mu.’1 Petro 3:16.

Ɛsɛ sɛ w’ankasa woyɛ nhwɛso. Bible ka sɛ, nyansa a efi soro no ho tew, na ɛnyɛ nyaatwom. (Yakobo 3:17) Su a wukura no ne saa nsɛm yi hyia? Nhoma bi ka sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa yɛ nhwɛso pa, na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ mfonini a ɛmfata anaa yɛkɔ Intanɛt dwumadibea ahorow a enye.”CyberSafe.

^ nky. 5 “Aguamansɛm a wɔde mena” (sexting) yɛ aguamansɛm ho mfonini a wɔde fa fon so mena. Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, kɔ Intanɛt so wɔ jw.org na kenkan asɛm “Young People Ask—What Should I Know About Sexting?”—Kɔ BIBLE TEACHINGS > TEENAGERS.