Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Sɛnea Wobɛboa Wo Ba Ma Wabɔ Mmɔden Wɔ Sukuu

Sɛnea Wobɛboa Wo Ba Ma Wabɔ Mmɔden Wɔ Sukuu

 Wuhu sɛ wo ba mpɛ sukuu. Sɛ wɔma no dwumadi sɛ ɔmmɛyɛ wɔ fie a, ɔnyɛ, na onsua ade nso. Eyi nti ne mmɔdenbɔ kɔ ara na ɛrekɔ fam wɔ sukuu, na ne suban nso resɛe. Wobɛyɛ dɛn aboa wo ba no ma wabɔ ne ho mmɔden wɔ sukuu?

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

 Sɛ wohyɛ wo ba no so a, ɛbɛma asɛm no asɛe koraa. Sɛ wohyɛ wo ba no so a, ɛde adwinnwen ne kɔdaanna bɛbrɛ no wɔ sukuu ne fie nyinaa! Eyi bɛma abofra no ayɛ nneɛma bi a ɛbɛma ne ho atɔ no. Ebia obefi ase adi atoro, anaa ɔkyerɛw sɔhwɛ a, ɔde nea onyae no besie. Aman bi wɔ hɔ a wɔhwɛ kwan sɛ awofo de wɔn nsa bɛhyɛ wɔn mma sɔhwɛ adansedi krataa ase. Aman a ɛte saa mu no abofra no bɛbɔ mmɔden asuasua n’awofo signekya na ɔno ankasa de ne nsa ahyɛ ase. Obetumi nso atoto sukuu mu. Nea ɛbɛkɔ akowie ara ne sɛ, ɔhaw no begye nsam koraa.

 Akyɛde betumi adi huammɔ. Agya bi a ne din de Andrew ka sɛ, “Ná yɛpɛ sɛ yɛhyɛ yɛn babea nkuran ma osua ade, enti yɛhyɛɛ no bɔ sɛ, sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ sɔhwɛ mu a yɛbɛkyɛ no ade. Nea ɛkɔbae ne sɛ ɔde n’adwene nyinaa sii akyɛde no so mmom. Enti sɛ ɛkɔba sɛ wammɔ mmɔden wɔ sɔhwɛ mu a, nea na ɛhaw no ara ne akyɛde no a ne nsa anka no, na ɛnyɛ mmɔden a wammɔ no.”

 Wode asodi to akyerɛkyerɛfo so a, biribi pa biara remfi mu mma. Wo ba no besusuw sɛ ɛho nhia sɛ ɔyɛ adwumaden ansa na wanya akatua pa. Afei nso ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ ɔde ne mfomso ho asodi bɛto afoforo so na wahwɛ kwan sɛ afoforo bedi ne haw ho dwuma ama no. Asɛm no ara ne sɛ, wo ba no betumi abɛyɛ obi a onnye ne mfomso ntom, na eyi betumi ahaw no bere a ɔrenyin no.

 Nea wubetumi ayɛ

 Di wo nkate so. Sɛ wuhu sɛ wo bo afuw a, ɛnyɛ saa bere no na ɛsɛ sɛ wo ne wo ba ka ne sukuu adesua ho asɛm; fa hyɛ bere foforo. Agya bi a ne din de Brett ka sɛ, “Sɛ me ne me yere tɔ yɛn bo ase ne yɛn mma no kasa, na yɛma wohu sɛ yedwen wɔn ho a, ɛsow aba pa ara.”

 Bible mu afotusɛm: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa, na ɔnyɛ nyaa mfa abufuw.”—Yakobo 1:19.

 Hu ɔhaw no ankasa. Nneɛma ahorow a ɛmma mmofra mmɔ mmɔden wɔ sukuu no dɔɔso. Ebia na obi sisi no wɔ sukuu anaasɛ sɛ ofi sukuu baako kɔ sukuu foforo mu a ɛmma ne mmɔdenbɔ nsɔ ani. Obi wɔ hɔ nso a, ebetumi aba sɛ osuro sɔhwɛ, ohyia nsɛnnennen wɔ n’abusua mu, ontumi nna yiye, onni adesua ho nhyehyɛe pa anaa ontumi mfa n’adwene nsi ade so yiye. Nsusuw prɛko pɛ sɛ wo ba no yɛ onihafo.

 Bible mu afotusɛm: “Nea ɔda nhumu adi wɔ asɛm mu no, ebesi no yiye.”—Mmebusɛm 16:20.

 Ma adesua nyɛ akɔnnɔ wɔ fie. Hyɛ da yi bere bi si hɔ, na wo ba no de ayɛ ne sukuu dwumadi na ɔde asua ade. Siesie baabi a wo ba no betumi ayɛ ne sukuu dwumadi a nneɛma te sɛ TV ne mobal fon rentwetwe n’adwene. Sɛ wo ba no rebɛyɛ ne sukuu dwumadi a, sɛ́ anka wobɛma watena ase ayɛ ne nyinaa awie no, kyekyɛ bere a ɔde yɛ ne dwumadi no mu ma ɛnyɛ ntiantiaa, na aboa no ma watumi de n’adwene asi nea ɔreyɛ no so yiye. Hector yɛ agya bi a ofi Germany. Ɔka sɛ, “Sɛ me ba no sɔhwɛ reyɛ adu so a, da biara yɛbobɔ nea wasua no so kakra. Yɛntwɛn mma sɔhwɛ no nnu so ansa na yɛahwɛ ne nyinaa mu.”

 Bible mu afotusɛm: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ.”—Ɔsɛnkafo 3:1.

 Hyɛ adesua ho nkuran. Sɛ wo ba no hu sɛ sukuu a ɔrekɔ no reboa no a, ebetumi ahyɛ no nkuran ma wasua ade. Sɛ nhwɛso no, akontaa a osua no betumi aboa no ma wahwɛ sika a wɔde ma no no so yiye.

 Bible mu afotusɛm: “Nya nyansa, nya ntease. . . . Bu nyansa kɛse.”—Mmebusɛm 4:5, 8.

 Nyansahyɛ: Boa wo ba ma ɔnyɛ ne sukuu dwumadi, nanso nyɛ mma no. Andrew gye tom sɛ, “Yɛn babea no ammɔ mmɔden sɛ ɔno ankasa bɛyɛ ne sukuu dwumadi. Daa na ɔma yɛyɛ ma no.” Boa wo ba no ma ɔno ankasa nyɛ ne sukuu dwumadi.