Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti Na Onyankopɔn Maa Kwan Maa Nasi Aban No Kunkum Nnipa Pii? Adɛn Nti Na Wansiw Ano?

Adɛn Nti Na Onyankopɔn Maa Kwan Maa Nasi Aban No Kunkum Nnipa Pii? Adɛn Nti Na Wansiw Ano?

 Nnipa pii a wobisa saa nsɛm yi yɛ nkurɔfo a nea esii no ama wɔahwere ade paa. Ɛnyɛ mmuae nko na wɔrehwehwɛ na mmom wohia awerɛkyekye nso. Afoforo nso de, ɛyɛ wɔn sɛ nnipa pii a Nasi aban no kunkum wɔn no ne bɔne a ɛsen biara a nnipa ayɛ, na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.

Atosɛm a nkurɔfo taa ka fa Onyankopɔn ne nnipa pii a Nasi aban no kunkum wɔn no ho

 Nea nkurɔfo ka: Nea enti a Onyankopɔn maa kwan maa Nasi aban no kunkum nnipa pii no, ɛyɛ mfomso sɛ obi bebisa ho asɛm.

 Nokwasɛm: Nnipa bi a na wɔn gyidi yɛ den bisaa nea enti a Onyankopɔn maa kwan maa nneɛma bɔne sisii ho asɛm. Ɛho nhwɛso bi ni. Odiyifo Habakuk bisaa Onyankopɔn sɛ: “Adɛn nti na woma kwan ma basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, ne atirimɔdensɛm kɔ so wɔ baabiara?” (Habakuk 1:3, Contemporary English Version) Onyankopɔn anka Habakuk anim, mmom ɔma wɔkyerɛwee nsɛm a obisae no wɔ Bible mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi akenkan.

 Nea nkurɔfo ka: Amane a nnipa rehu no mfa Onyankopɔn ho.

 Nokwasɛm: Onyankopɔn kyi abɔnefosɛm ne amanehunu a ɛde ba no. (Mmebusɛm 6:16-19) Noa bere so no, bere a basabasayɛ kɔɔ so wɔ asaase so baabiara no, ɛyɛɛ Onyankopɔn “yaw.” (Genesis 6:5, 6) Yebetumi aka sɛ ɛyɛɛ Onyankopɔn yaw paa sɛ Nasi aban no kunkum nnipa pii.—Malaki 3:6.

 Nea nkurɔfo ka: Nnipa pii a Nasi aban no kunkum wɔn no, ɛyɛ asotwe a Onyankopɔn de baa Yudafo so.

 Nokwasɛm: Asomafo no bere so no, Onyankopɔn maa kwan maa Romafo sɛee Yerusalem. (Mateo 23:37–24:2) Nanso, efi saa bere no, Onyankopɔn mfa n’ani nsi nnipakuw pɔtee bi so nhyira wɔn anaasɛ ɔntwe wɔn aso. Onyankopɔn ani so no, “nsonsonoe biara nni Yudafo ne Amanaman mufo ntam.”—Romafo 10:12, Good News Translation.

 Nea nkurɔfo ka: Sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ na ɔwɔ tumi sen obiara wɔ hɔ ampa a, anka ɔremma kwan mma Nasi aban no nkunkum nnipa pii saa.

 Nokwasɛm: Ɛwom sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane, nanso ɛtɔ da a ɔma kwan ma nnipa hu amane bere tiaa bi.—Yakobo 1:13; 5:11.

Adɛn nti na Onyankopɔn maa kwan maa Nasi aban no kunkum nnipa pii?

 Onyankopɔn pɛ sɛ osiesie asɛm bi a ɛfa abrabɔ ho a ɛsɔree bere tenten bi a atwam. Ɛno nti na wama kwan ama nnipa nyinaa rehu amane no, na ɛno ara nso nti na ɔmaa kwan maa Nasi aban no kunkum nnipa pii no. Bible ma yehu pefee sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔredi wiase no so, na mmom ɛyɛ Ɔbonsam. (Luka 4:1, 2, 6; Yohane 12:31) Nsɛm mmienu bi wɔ Bible mu a ebetumi aboa yɛn ama yɛatumi akyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn maa kwan maa Nasi aban no kunkum nnipa pii no mu.

  1.   Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɔde obiara pɛ maa no. Onyankopɔn kaa nea ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa a wɔyɛ nnipa mmienu a wodi kan no yɛ kyerɛɛ wɔn, nanso wanhyɛ wɔn sɛ wontie no. Wosii gyinae sɛ wɔn ankasa bɛkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Saa gyinae a wosii ne gyinae a nnipa asisi wɔ abakɔsɛm mu no de ɔhaw pii abrɛ adasamma. (Genesis 2:17; 3:6; Romafo 5:12) Ɛne asɛm a nhoma a bi kae no hyia sɛ: “Hokwan a yɛwɔ sɛ yetumi yɛ nea yɛpɛ a yɛmfa nyɛ adwuma yiye no, ɛno na akɔfa ɔhaw pii a yɛrehyia wɔ wiase yi mu no aba.” (Statement of Principles of Conservative Judaism) Sɛ́ anka Onyankopɔn begye hokwan a nnipa wɔ sɛ yɛpaw nea yɛpɛ afi yɛn nsam no, wama yɛn bere sɛ yɛnhwɛ sɛ yɛn ankasa betumi atoto yɛn nneɛma anaa.

  2.   Onyankopɔn betumi asiesie ɔhaw a nnipa pii a Nasi aban no kunkum wɔn akɔfa aba no, na ɔbɛyɛ nso. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obenyan nnipa ɔpepem pii a wɔawuwu no aba nkwa mu bio, na nnipa pii a Nasi aban no kunkum wɔn no nso ka ho bi. Nnipa pii a Nasi aban no kunkum wɔn no ama nkurɔfo pii redi yaw, na Onyankopɔn beyi saa yaw no nyinaa afi hɔ. (Yesaia 65:17; Asomafo Nnwuma 24:15) Esiane sɛ Onyankopɔn dɔ nnipa nti, ɔbɛma saa bɔhyɛ yi nyinaa aba mu.—Yohane 3:16.

 Nnipa pii na Nasi aban no yɛɛ wɔn ayayade, na ebinom nso wɔ hɔ a wɔde wɔn ani huu nea ɛkɔɔ so no. Saa nkurɔfo no tee nea enti a Onyankopɔn maa kwan maa nneɛma bɔne a ɛte saa sisii no ase, na wohuu ɔkwan a ɔbɛfa so ayi ɔhaw a ɛde bae no afi hɔ nso. Ɛno nti wotumi kuraa wɔn gyidi mu, na wɔn koma tɔɔ wɔn yam wɔ wɔn asetenam.