Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Bible Ka Fa Adekyɛ Ho?

Dɛn Na Bible Ka Fa Adekyɛ Ho?

Nea Bible ka

 Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam de adwempa kyɛ ade. Bible ma yehu sɛ nea ofi ne komam kyɛ ade, ne nea wɔkyɛ no ade no nyinaa nya so mfaso. (Mmebusɛm 11:25; Luka 6:38) Yesu kaa sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

 Bere bɛn na sɛ obi kyɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani?

 Sɛ obi fi ne komam kyɛ ade a, ɛsɔ Onyankopɔn ani. Bible ka sɛ, “Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”—2 Korintofo 9:7.

 Nea ɛka ɔsom a Onyankopɔn gye tom ho ne sɛ obi befi ne komam akyɛ ade. (Yakobo 1:27) Sɛ obi yi ne yam boa wɔn a wɔwɔ ahokyere mu a, na ɔne Onyankopɔn abom reyɛ adwuma. Onyankopɔn bu saa papayɛ no sɛ biribi a wɔde afɛm no. (Mmebusɛm 19:17) Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ankasa betua onipa a ɔkyɛ ade no ka.—Luka 14:12-14.

 Bere bɛn na sɛ obi kyɛ ade a ɛnsɔ Onyankopɔn ani?

 Bere a wamfa adwempa anyɛ saa. Ɛho nhwɛso na edidi so yi:

 Bere a ɔde reboa dwumadi anaa nneyɛe bi a Onyankopɔn kyi. Sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ papa sɛ wobɛkyɛ obi sika sɛ ɔmfa nkɔto kyakya anaasɛ ɔmfa nkɔtɔ nnubɔne anaa ɔmfa nkɔwe nsã. (1 Korintofo 6:9, 10; 2 Korintofo 7:1) Afei nso, sɛ obi betumi ayɛ adwuma ahwɛ ne ho, na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ a, ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛboa no.—2 Tesalonikafo 3:10.

 Bere a obi kyɛ ade ma n’abusua di hia. Bible kyerɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ mmusua ti hwɛ ma wɔn fiefo nsa ka nea wohia. (1 Timoteo 5:8) Ɛnyɛ papa sɛ abusua ti bi kyɛ ade araa ma n’abusua di hia. Ebinom a na wɔmpɛ sɛ wɔhwɛ wɔn awofo a wɔanyinyin nti wɔkaa sɛ nea wɔwɔ nyinaa yɛ “akyɛde a wɔahyira so ama Onyankopɔn” no, Yesu kasa tiaa wɔn.—Marko 7:9-13.