Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Bible Pene Awaregyae So?

So Bible Pene Awaregyae So?

Nea Bible ka

 Bible pene awaregyae so. Nanso, Yesu kyerɛɛ yɛn ade baako pɛ a ɛbɛtumi ama awarefo agyae aware. Ɔkaa sɛ: “Sɛ ɛnyɛ adwamammɔ [sɛ́ obi afa ne yere anaa ne kunu akyi ne obi foforɔ akɔda] nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforɔ a, wasɛe awareɛ.”​—Mateo 19:9.

 Sɛ obi twa ne hokafo nkontompo gyaa no aware a, Onyankopɔn kyi. Enti nnipa a wɔfa kwatikwan bi so gyae aware no, ɔbɛbu wɔn atɛn, ɛnkanka wɔn a wɔhyɛ da gya wɔn hokafo si hɔ kɔfa onipa foforo no.​—Malaki 2:13-16; Marko 10:9.