Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 95

Awaregyae ne Mmofra Ho Dɔ

Awaregyae ne Mmofra Ho Dɔ

MATEO 19:1-15 MARKO 10:1-16 LUKA 18:15-17

  • YESU MAA WƆHUU ONYANKOPƆN ADWENE WƆ AWAREGYAE HO

  • SIGYADI YƐ AKYƐDE

  • ƐSƐ SƐ YƐSUASUA MMOFRA

Yesu fii Galilea no, ɔne n’asuafo no kɔtwaa Yordan Asubɔnten no faa Perea, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ anafo fam. Bere bi a Yesu kɔɔ Perea no, ɔmaa Farisifo no huu nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ awaregyae ho. (Luka 16:18) Ɔsan bae yi nso, Farisifo no kɔfaa asɛnkoro no ara bae de bɛsɔɔ no hwɛe.

Mose kyerɛwee sɛ, sɛ ɔbaa yɛ “biribi a ɛnyɛ” a, ne kunu tumi gyaa no. (Deuteronomium 24:1) Ɛba nea wɔtumi gyina so gyaa aware a, na ɛsono obiara adwene. Ná ebinom te nka sɛ obi bɛtumi agyina biribiara kɛkɛ so agyaa aware. Enti Farisifo no bisaa sɛ: “Mmara ma kwan sɛ asɛm biara nti ɔbarima gyaa ne yere anaa?”—Mateo 19:3.

Yesu anka nea ɛbɛyɛ nkurɔfo asom dɛ, na mmom ɔfaa kwan bi so boaa wɔn maa wɔhuu Onyankopɔn adwene wɔ aware ho. Ɔkaa sɛ: “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbaa firii mfitiaseɛ, na ɔkaa sɛ, ‘Yei nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn mmienu no ayɛ ɔhonam korɔ’? Enti wɔnyɛ mmienu bio, na mmom honam korɔ. Enti deɛ Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntete mu.” (Mateo 19:4-6) Bere a Onyankopɔn de Hawa maa Adam aware no, wanka biribiara a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛtumi agu aware no.

Farisifo no ne Yesu anyɛ adwene, enti wɔbisaa no sɛ: “Ɛnneɛ adɛn nti na Mose hyɛɛ sɛ obi bɛtumi ama awaregyaeɛ krataa na wagyaa ɔbaa no?” (Mateo 19:7) Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo akomaden nti na Mose maa mo kwan sɛ motumi gyaa mo yerenom, na ɛfiri mfitiaseɛ no na ɛnte saa.” (Mateo 19:8) “Mfitiaseɛ” a Yesu kaa ho asɛm no, na ɛnyɛ Mose bere so, na mmom na ɔreka bere a Onyankopɔn hyehyɛɛ aware wɔ Eden turo mu no.

Afei Yesu de nokwasɛm bi sii asɛm no so sɛ: “Mese mo sɛ sɛ ɛnyɛ adwamammɔ [Hela asɛmfua por·neiʹa] nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforɔ a, wasɛe awareɛ.” (Mateo 19:9) Enti adwamammɔ nko ara ne ade a obi bɛtumi agyina so agyaa aware.

Asɛm yi maa asuafo no kaa sɛ: “Sɛ saa na asɛm no teɛ wɔ ɔbarima ne ne yere ntam a, ɛnneɛ ɛnyɛ papa sɛ wɔwareɛ.” (Mateo 19:10) Wei ma yɛhu sɛ obi pɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔkae hu sɛ aware yɛ afebɔɔ.

Afei Yesu baa sigyadi so. Ɔkaa sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔwoo wɔn ayitotofo, kyerɛ sɛ, wɔrentumi nware nnya nna mu kyɛfa. Ebinom nso wɔ hɔ a, asetena mu nsɛmnsɛm na ama wɔayɛ saa. Ebinom nso deɛ, wɔhyɛ da mia wɔn ani sɛ wɔbɛtena hɔ a wɔnware, efisɛ wɔpɛ sɛ wɔnya bere pii yɛ Ahenni adwuma. Afei Yesu ka kyerɛɛ atiefo no sɛ: “Obiara a ɔbɛtumi agye [sigyadi] atom no, ma no nyɛ saa.”—Mateo 19:12.

Ɛduu baabi no, nkurɔfo de wɔn mma baa Yesu nkyɛn. Nanso na asuafo no mpɛ sɛ mmofra no bɛba abɛha Yesu, enti wɔteateaa awofo no. Yesu ani annye nea asuafo no yɛe no ho, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mmɔfra nkumaa no mmra me nkyɛn; na monnsi wɔn kwan, ɛfiri sɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea. Nokorɛm mese mo sɛ, obiara a ɔnnye Onyankopɔn ahennie sɛ abɔfra kumaa no renkɔ mu ɛkwan biara so.”—Marko 10:14, 15; Luka 18:15.

Wei yɛ asuade kɛse paa! Sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn Ahenni a, gye sɛ yɛyɛ nnipa a wɔwɔ ahobrɛase na wɔdwo te sɛ mmofra. Yesu ano sii no, ɔyɛɛ biribi de kyerɛɛ sɛ ɔpɛ mmofra asɛm. Ɔgyee mmofra no awaawaa atuu na ɔhyiraa wɔn. Obiara a ɔgye “Onyankopɔn ahennie sɛ abɔfra kumaa” no, saa ara na Yesu bɛdɔ no.—Luka 18:17.