Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aware Dodow Ye?

Aware Dodow Ye?

Nea Bible ka

 Tete no, Onyankopɔn maa kwan maa mmarima ware boroo baako. (Genesis 4:19; 16:1-4; 29:18-29) Nanso, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma wɔfii aware dodow ase. Adam sei, Onyankopɔn maa no ɔbea baako pɛ.

 Onyankopɔn maa Yesu Kristo de aware ho mmara a na ɛwɔ hɔ dedaw no sii hɔ bio. (Yohane 8:28) Nnipa bi kɔbisaa Yesu aware ho asɛm bi, na ɔkaa sɛ: “Onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase, na ɔkae sɛ, ‘Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro.’”​—Mateo 19:4, 5.

 Akyiri yi, Onyankopɔn de honhom kaa Yesu asuafo no baako ma ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔbarima biara nnya n’ankasa ne yere, na ɔbea biara nnya n’ankasa ne kunu.” (1 Korintofo 7:2) Bible san ka sɛ ɔbarima biara, ansa na wɔde hokwan ahorow bi bɛma no wɔ Kristofo asafo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ “okunu a ne yere yɛ biako.”​—1 Timoteo 3:2, 12.