Timoteo Nhoma a Edi Kan 3:1-16

  • Nea ɛma obi bɛyɛ ɔhwɛfo (1-7)

  • Nea ɛma obi bɛyɛ asafo mu ɔsomfo (8-13)

  • Onyamesom pa ho ahintasɛm kronkron (14-16)

3  Asɛm yi yɛ nokware: Sɛ ɔbarima bi rebɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛba abɛyɛ ɔhwɛfo+ a, na ɔrepɛ adwuma pa.  Enti ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ obi a ne ho nni asɛm, ɛsɛ sɛ ɔyɛ okunu a ɔwɔ yere baako, ɔnyɛ nneɛma ntra so,* n’adwene mu da hɔ,*+ ɔyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ, ɔpɛ ahɔhoyɛ,+ otumi kyerɛkyerɛ,+  ɔnyɛ ɔkɔwensani,+ ɔmpɛ ntɔkwaw,* na mmom ɔte asɛm ase,+ ɔnyɛ obi a ɔne nkurɔfo ham,+ ɔnyɛ sikanibere,+  ɔyɛ ɔbarima a odi* n’ankasa fifo so yiye, ne mma ani da fam paa, na wɔbrɛ wɔn ho ase ma no+  (na sɛ obi nnim sɛnea obedi* n’ankasa fifo so a, ɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?),  ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a waba gyidi no mu foforo,*+ efisɛ anhwɛ a ɔbɛyɛ ahomaso na wahwe atemmu a wɔde ama Ɔbonsam no mu.  Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔn a wonni asafo no mu di ne ho adanse pa,*+ sɛnea ɛbɛyɛ a n’anim rengu ase na ɔntɔ Ɔbonsam afiri mu.  Asafo mu asomfo nso, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da fam, sɛ wɔka asɛm a, ɛnsɛ sɛ wɔdan wɔn ano,* ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã boro so, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adifudepɛ hwehwɛ mfaso bɔne,+  na ɛsɛ sɛ wɔde ahonim* a emu tew kura gyidi no ho ahintasɛm kronkron no mu.+ 10  Afei nso, ɛsɛ sɛ wodi kan sɔ eyinom hwɛ sɛ wɔfata, na sɛ asɛm biara nni wɔn ho+ a, wɔama wɔasom sɛ asomfo. 11  Mmea nso, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da fam, wɔnnsɛe nkurɔfo din,+ wɔnnyɛ nneɛma nntra so;* ɛsɛ sɛ wodi nokware wɔ biribiara mu.+ 12  Asafo mu somfo nyɛ okunu a ne yere yɛ baako, obi a odi ne mma ne n’ankasa fifo so yiye. 13  Na mmarima a wɔsom yiye no nya din pa,* na wotumi de ahotoso kɛse kasa wɔ gyidi a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu. 14  M’ani da so sɛ mɛba wo nkyɛn nnansa yi ara, nanso merekyerɛw eyinom abrɛ wo, 15  na sɛ ɛba sɛ mekyɛ a, woahu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so bɔ wo bra wɔ Onyankopɔn fi,+ kyerɛ sɛ, Onyankopɔn teasefo no asafo a ɛne nokware no dum ne ne nnyinaso no. 16  Nokwarem no, akyinnye biara nni ho sɛ onyamesom pa ho ahintasɛm kronkron yi sõ: ‘Woyii no adi ɔhonam mu,+ wobuu no bem honhom mu,+ oyii ne ho adi kyerɛɛ abɔfo,+ wɔkaa ne ho asɛm wɔ amanaman mu,+ wogyee no dii wɔ wiase,+ wogyee no kɔɔ ɔsoro wɔ anuonyam mu.’

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔkari pɛ wɔ ne nneyɛe mu.”
Anaa “obu atɛn pa; onim nyansa.”
Anaa “ɔntow twɛre.”
Anaa “ɔhwɛ.”
Anaa “ɔbɛhwɛ.”
Anaa “ɛnsɛ sɛ ɔyɛ abɛɛfo.”
Anaa “bɔ no din pa.”
Anaa “ɛnsɛ sɛ nnaadaa ba wɔn kasa mu; ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ano nta.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “wɔnkari pɛ wɔ wɔn nneyɛe mu.”
Anaa “gyinabea pa.”