Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛn Na Yesu Kaa Sɛ Yɛne Nnipa Ntena?

Sɛn Na Yesu Kaa Sɛ Yɛne Nnipa Ntena?

Nea Bible ka

 Asɛm a Yesu kae yi kyerɛ sɛn?

 Nea na Yesu reka ne sɛ, sɛnea yɛpɛ sɛ afoforo yɛ yɛn no, yɛn nso yɛnyɛ wɔn saa ara. Wo de hwɛ, yɛn mu hena na ɔmpɛ sɛ nkurɔfo bu no, wɔyɛ no papa, na wɔdɔ no? Enti ntease wom sɛ yɛn nso ‘yɛbɛyɛ saa ara ama afoforo.’—Luka 6:31.

 Sɛ yɛde Yesu afotu no yɛ adwuma a, mfaso bɛn na yebenya?

 Yesu afotu yi, ɛkame ayɛ sɛ wode yɛ adwuma wɔ baabiara a ɛyɛ yiye. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, . . .

 Sɛ wohwɛ Bible no fã a nkurɔfo taa frɛ no Apam Dedaw no mu a, wubehu sɛ nsɛm a ɛwom no, dodow no ara gyina Yesu afotu no so. Bere a Yesu de saa afotu yi too gua wiei no, ɔtoaa so sɛ, “saa na Mmara [nhoma nnum a edi kan wɔ Bible mu] ne Adiyifo no [nkɔmhyɛ nhoma a ɛwɔ Apam Dedaw no mu no] kyerɛ.” (Mateo 7:12) Yɛbɛka no kwan foforo so a, afotu a Yesu de mae no ma yehu asuade titiriw a ɛwɔ Apam Dedaw no mu. Ɛne sɛ: dɔ wo yɔnko.—Romafo 13:8-10.

 Nea yebenya afi afoforo hɔ ara nti na ɛsɛ sɛ yɛde Yesu afotu no yɛ adwuma anaa?

 Daabi. Mmom nea yɛn yɛbɛyɛ ama afoforo na afotusɛm yi si so dua. Bere a Yesu de saa afotu yi mae no, na ɔrekyerɛ sɛ yɛne nnipa nyinaa nni no yiye; yɛn atamfo mpo, ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di no yiye. (Luka 6:27-31, 35) Enti aba a ɛwɔ saa afotu no mu ne sɛ, yɛnyɛ nnipa nyinaa papa.

 Wobɛyɛ dɛn de Yesu afotu no ayɛ adwuma?

  1.  1. Fa w’ani to fam. Wɔn a wɔbɛn wo no, ɛyɛ a fa w’ani to fam na hwɛ sɛ wubetumi ayɛ biribi aboa wɔn anaa. Fa no sɛ obi akodi gua, ɛnna woahu sɛ ne ho nneɛma dɔɔso. Anaa ebia woate sɛ obi a wo ne no te mpɔtam da ayaresabea, anaa woahu sɛ obi a wo ne no yɛ adwuma anim ayɛ bosaa. Ɛba saa a, wubetumi ayɛ biribi de aboa no anaa woaka asɛm bi de ahyɛ no nkuran. Ɛno bɛkyerɛ sɛ ‘wudwen afoforo’ ho.—Filipifo 2:4.

  2.  2. Nya tema. Bisa wo ho sɛ, nea onipa no refa mu no, sɛ me na merefa mu a, anka mɛte nka sɛn? (Romafo 12:15) Sɛ wubisa wo ho saa a, ebepusuw wo ama woayɛ biribi de aboa no. Kae sɛ, wo yɔnko da ne wo da.

  3.  3. Kae sɛ ɛsono obiara. Nnipa gu ahorow. Nea wususuw sɛ ɛbɛboa obi no, ebia na ɛnyɛ ɛno koraa na ɔpɛ. Enti fa w’ani to fam na hwɛ nea woyɛ a ɛbɛma afoforo ani agye kɛse.—1 Korintofo 10:24.