Nea Edi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofo 10:1-33

  • Nea ɛtoo Israelfo no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn (1-13)

  • Abosonsom ho kɔkɔbɔ (14-22)

    • Yehowa pon ne ahonhommɔne pon (221)

  • Yɛwɔ ahofadi, nanso ehia sɛ yedwen ebinom nso ho (23-33)

    • “Monyɛ nneɛma nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam” (31)

10  Afei anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ na yɛn agyanom nyinaa wɔ omununkum no ase,+ na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu,+  na bere a wodi Mose akyi no, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu* wɔ omununkum ne ɛpo no mu,  na wɔn nyinaa dii honhom fam aduan+ koro,  na wɔn nyinaa nom honhom fam nsu+ koro. Wɔnom fii honhom fam ɔbotan a edii wɔn akyi no mu, na saa ɔbotan no ne Kristo.+  Nanso Onyankopɔn annye wɔn mu fã kɛse no ara antom, na wokunkum wɔn wɔ sare no so.+  Nsɛm yi abɛyɛ nhwɛso ama yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn kɔn rennɔ bɔne sɛnea wɔn kɔn dɔe no.+  Afei nso, monnsom abosom sɛnea wɔn mu bi yɛe no; sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Nkurɔfo no tenaa ase didi nomee, na wɔsɔre gyee wɔn ani.”+  Bio nso, mommma yɛmmmɔ aguaman* sɛnea wɔn mu bi bɔɔ aguaman* na wɔn mu 23,000 wuwui da koro+ no.  Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Yehowa* hwɛ+ sɛnea wɔn mu bi sɔɔ no hwɛe na awɔ kunkum wɔn+ no. 10  Bio nso, munnnwiinwii sɛnea wɔn mu bi nwiinwii+ na ɔsɛefo no sɛee wɔn+ no. 11  Nea ɛtotoo wɔn no ayɛ nhwɛso ama yɛn, na yɛn a wiase yi* awiei ato yɛn no, wɔakyerɛw de rebɔ yɛn kɔkɔ.+ 12  Enti nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ no, ɔnhwɛ yiye na wanhwe ase.+ 13  Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye nea ɛto nnipa nyinaa.+ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi,+ na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi agyina ano.+ 14  Ɛno nti, m’adɔfo, munguan mfi abosonsom ho.+ 15  Me ne mo kasa sɛ nnipa a wɔwɔ nhumu; nea meka no, mo ankasa mummu ho atɛn. 16  Nhyira kuruwa a yehyira so no, ɛnyɛ Kristo mogya mu kyɛfa anaa?+ Paanoo a yebubu no, ɛnyɛ Kristo nipadua mu kyɛfa anaa?+ 17  Esiane sɛ paanoo no yɛ baako nti, yɛdɔɔso de, nanso yɛyɛ nipadua baako,+ efisɛ yɛn nyinaa di paanoo baako no ara bi. 18  Monhwɛ honam fam Israel: Wɔn a wodi afɔrebɔde no, ɛnyɛ wɔne afɔremuka no na ɛkyɛ anaa?+ 19  Ɛnde dɛn na merepɛ akyerɛ? Mereka sɛ nea wɔde bɔ afɔre ma ɔbosom no yɛ biribi, anaasɛ ɔbosom yɛ biribi anaa? 20  Daabi; mmom nea mereka ne sɛ afɔre a amanaman no bɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne,* na ɛnyɛ Onyankopɔn;+ na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne bom yɛ biribiara.+ 21  Morentumi nnom Yehowa* kuruwa ano nsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano; morentumi nnidi “Yehowa* pon”+ so nsan nnidi ahonhommɔne pon so. 22  Anaasɛ ‘yɛreyɛ biribi de ahuru Yehowa* bo’?+ Yɛn ho yɛ den sen no anaa? 23  Hokwan wɔ hɔ ma ade nyinaa,* nanso ɛnyɛ ne nyinaa na mfaso wɔ so. Hokwan wɔ hɔ ma ade nyinaa,* nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛhyɛ den.+ 24  Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso de bi.+ 25  Biribiara a wɔtɔn wɔ namgua so no, munni, na mo ahonim* nti, mummmisabisa ho nsɛm, 26  efisɛ “asaase ne ɛso nneɛma nyinaa yɛ Yehowa* dea.”+ 27  Sɛ obi a onnye nni to nsa frɛ mo na mopɛ sɛ mokɔ a, munni nea ɔde besi mo anim biara, na mo ahonim* nti, mummmisabisa ho nsɛm. 28  Nanso sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ: “Eyi yɛ biribi a wɔde abɔ afɔre” a, onipa a ɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ mo, ɛne ahonim* nti, munnni.+ 29  Ɛnyɛ wo ara w’ahonim na mereka, na mmom onipa foforo no de. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ onipa foforo ahonim* bu ahofadi a mewɔ no atɛn?+ 30  Sɛ midi na meda ho ase na sɛ nkurɔfo bɛkasa atia me a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ midi?+ 31  Enti sɛ moredidi oo, morenom oo, moreyɛ biribi foforo biara oo, monyɛ nneɛma nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.+ 32  Monhwɛ na moanto Yudafo ne Greecefo ne Onyankopɔn asafo no hintidua,+ 33  sɛnea me nso merebɔ me ho mmɔden sɛ mɛsɔ nnipa nyinaa ani wɔ ade nyinaa mu no. Menhwehwɛ nea ehia me nko ara,+ na mmom mehwehwɛ nea ehia nnipa pii, sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn nkwa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu kɔɔ Mose mu.”
Anaa “mommma yɛnntena aguamammɔ mu.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”
Anaa “mmere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “adaemone.”
Anaa “Mmara ma ade nyinaa ho kwan.”
Anaa “Mmara ma ade nyinaa ho kwan.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “tiboa.”