Yohane Adiyisɛm 7:1-17

  • Abɔfo baanan a wokurakura ɔsɛe mframa no mu (1-3)

  • Wɔhyɛɛ 144,000 no nsow (4-8)

  • Nnipakuw kɛse bi a wɔhyehyɛ ntaade tenten fitaa (9-17)

7  Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asaase afanan. Ná wokurakura asaase so mframa anan no mu denneennen, sɛnea ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ mfa asaase anaa ɛpo anaa dua biara so.  Na mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei* reforo kɔ soro. Ná okura Onyankopɔn teasefo no ahyɛnsode; na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ abɔfo baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnhaw asaase ne ɛpo no sɛ:  “Monnhaw asaase anaa ɛpo anaa nnua no, kosi sɛ yɛde ahyɛnsode betintim+ yɛn Nyankopɔn nkoa moma so.”+  Na metee wɔn a wɔahyɛ wɔn nsow no dodow; 144,000.+ Woyii wɔn fii Israel mma mmusuakuw nyinaa mu ɛnna wɔhyɛɛ wɔn nsow:+  Yuda abusuakuw mu, woyii 12,000 hyɛɛ wɔn nsow;Ruben abusuakuw mu, woyii 12,000;Gad abusuakuw mu, woyii 12,000;  Aser abusuakuw mu, woyii 12,000;Naftali abusuakuw mu, woyii 12,000;Manase abusuakuw mu,+ woyii 12,000;  Simeon abusuakuw mu, woyii 12,000;Lewi abusuakuw mu, woyii 12,000;Isakar abusuakuw mu, woyii 12,000;  Sebulon abusuakuw mu, woyii 12,000;Yosef abusuakuw mu, woyii 12,000;Benyamin abusuakuw mu, woyii 12,000 hyɛɛ wɔn nsow.  Eyi akyi no, mihui, na hwɛ! nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi aman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa*+ nyinaa mu, sɛ wogyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim hyehyɛ ntaade tenten fitaa;+ na wokurakura berɛw wɔ wɔn nsam.+ 10  Na wɔde nne kɛse kɔ so teɛm sɛ: “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so+ ne Oguammaa no+ hɔ.” 11  Ná abɔfo no nyinaa gyinagyina hɔ atwa ahengua no ne mpanyimfo+ no ne ateasefo* baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuw ahengua no anim som Onyankopɔn, 12  na wɔkae sɛ: “Amen! Ayeyi ne anuonyam ne nyansa ne aseda ne nidi ne tumi ne ahoɔden nka yɛn Nyankopɔn daa daa.+ Amen.” 13  Ɛnna mpanyimfo no baako bisaa me sɛ: “Wɔn a wɔhyehyɛ ntaade tenten fitaa+ yi yɛ henanom, na wofi he?” 14  Enti ntɛm ara na meka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, wo na wunim.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyinom na wofi ahohiahia kɛse+ no mu, na wɔahoro wɔn ntaade na wɔama ayɛ fitaa wɔ Oguammaa no mogya mu.+ 15  Ɛno nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua no anim no. Na wɔde ɔsom kronn rema no awia ne anadwo wɔ n’asɔrefi; na Nea ɔte ahengua no so+ no bɛtrɛw ne ntamadan mu wɔ wɔn so.+ 16  Ɔkɔm ne sukɔm renne wɔn bio, na owia renhye wɔn,+ na ɔhyew biara renka wɔn, 17  efisɛ Oguammaa+ a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛhwɛ wɔn,+ na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa nsuti ho.+ Na Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nisu nyinaa.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “owiapuei.”
Nt., “tɛkrɛma.”
Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.