Mmebusɛm 10:1-32

  • Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye (1)

  • Mmɔdenbɔfo nsa de ahonyade na ɛba (4)

  • Mfomso mpa kasa dodow mu (19)

  • Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo (22)

  • Yehowa suro ma nkwa tenten (27)

10  Solomon mmebusɛm.+ Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+Na ɔba kwasea de, ɔma ne maame di awerɛhow.   Agyapade a wɔnam ɔkwammɔne so nya no, mfaso biara remma so,Na trenee na egye onipa fi owu mu.+   Yehowa remma ɔkɔm nne ɔtreneeni,*+Na ɔbɔnefo de, nea ne kɔn dɔ no, ɔremma ne nsa nka.   Nsa a ɛnyɛ adwuma de ohia ba,+Na mmɔdenbɔfo* nsa de, ahonyade na ɛde ba.+   Ɔba a ɔwɔ nhumu boaboa nnɔbae ano ahohuru bere,Na ɔba a ne ho yɛ aniwu de, ɔda hatee twabere.+   Nhyira wɔ ɔtreneeni apampam,+Na abɔnefo ano de, ɛkata awudisɛm so.   Nea wɔde kae ɔtreneeni* bɛyɛ nhyira,+Na abɔnefo din de, ɛbɛporɔw.+   Koma mu nyansafo begye akwankyerɛ* atom,+Na nea ɔka nkwaseasɛm de, wobetiatia no so.+   Nea n’abrabɔ di mu no bɛnantew dwoodwoo,+Na nea ɔkyeakyea n’akwan de, wobehu no.+ 10  Nea obubu n’ani de daadaa nkurɔfo no ma wodi yaw,+Na nea ɔka nkwaseasɛm no, wobetiatia no so.+ 11  Ɔtreneeni ano yɛ nkwa asuti,+Na abɔnefo ano de, ɛkata awudisɛm so.+ 12  Ɔtan na ɛsɛe nnipa ntam,Na ɔdɔ de, ɛkata bɔne nyinaa so.+ 13  Nyansa wɔ onipa a ɔwɔ nhumu ano,+Na abaa wɔ hɔ ma nea onnim nyansa* akyi.+ 14  Nimdeɛ som bo ma anyansafo,+Na ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛe.+ 15  Osikani ahonyade ne ne kurow a wabɔ ho ban, Na ahiafo de, wɔn hia na ɛsɛe wɔn.+ 16  Ɔtreneeni nnwuma kowie nkwa mu;Na aba a ɔbɔnefo twa kowie bɔne mu.+ 17  Nea otie nteɛso no ma nkurɔfo hu nkwa kwan,*Na nea ontie ɔkasakyerɛ no ma nnipa fom kwan. 18  Nea ɔkata ne tan so no twa nkontompo,+Na nea ɔnenam sɛe nkurɔfo din* no yɛ ɔkwasea. 19  Mfomso mpa kasa dodow mu,+Na nea ɔhwɛ n’ano yiye no yɛ onyansafo.*+ 20  Ɔtreneeni tɛkrɛma te sɛ dwetɛ amapa,+Na ɔbɔnefo koma de, mfaso nni so. 21  Ɔtreneeni ano ma nnipa pii akwankyerɛ,*+Na nkwaseafo de, nyansa a wonni nti, wowuwu.+ 22  Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo,+Na Ɔmfa yaw* biara nka ho. 23  Ɔkwasea reyɛ aniwude a, ɛyɛ no sɛ ɔredi agoru,Na nyansa yɛ onipa a ɔwɔ nhumu dea.+ 24  Ade a ɔbɔnefo suro no, ɛbɛba ne so;Na atreneefo nsa bɛka nea wɔpɛ.+ 25  Sɛ mframa a ano yɛ den bɛsen twam a, abɔnefo befi hɔ,+Na ɔtreneeni de, otim hɔ daa.+ 26  Sɛnea nsã a emu kaw yɛ ɛse, na wusiw yɛ ani no,Saa ara na ɔkwadwofo yɛ nea ɔsoma no no.* 27  Yehowa suro ma nkwa tenten,+Na abɔnefo mfe de, wobetwa so.+ 28  Nea atreneefo hwɛ kwan* de anigye bɛba,+Na abɔnefo anidaso de, ɛbɛyera.+ 29  Yehowa kwan yɛ abannennen ma nea ne ho nni asɛm,+Na abɔnefo de, ɛyɛ ɔsɛe ma wɔn.+ 30  Wɔremma ɔtreneeni nhwe ase da;+Na abɔnefo de, wɔrentena asaase so bio.+ 31  Ɔtreneeni ano sow nyansa aba,Na nkontompofo tɛkrɛma de, wobetwa afi hɔ. 32  Ɔtreneeni ano nim nea ɛsɔ ani,Na abɔnefo ano de, ɛyɛ nkontompo.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔtreneeni kra.”
Anaa “nsiyɛfo.”
Anaa “Ɔtreneeni din pa.”
Anaa “mmara nsɛm.”
Nt., “ne koma nni hɔ.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔnam nkwa kwan so.”
Anaa “ɔtrɛw atesɛm mu.”
Anaa “ɔbadwemma.”
Anaa “ano yɛn nnipa pii.”
Anaa “awerɛhow; amanehunu.”
Anaa “n’adwumawura.”
Anaa “Atreneefo anidaso.”