Asomafo Nnwuma 9:1-43

  • Saul nam kwan so rekɔ Damasko (1-9)

  • Wɔsomaa Anania sɛ ɔnkɔboa Saul (10-19a)

  • Saul kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko (19b-25)

  • Saul kɔɔ Yerusalem (26-31)

  • Petro saa Enea yare (32-35)

  • Wonyan ɔyamyefo Dorka (36-43)

9  Ná Saul da so ara rehunahuna Awurade asuafo no, na na ɔpɛ sɛ okunkum wɔn.+ Enti ɔkɔɔ ɔsɔfo panyin no nkyɛn,  na ɔkɔkae sɛ ɔmma no nkrataa nkɔ Damasko hyia adan mu, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akyere* obiara a obehu sɛ ɔnam Ɔkwan No+ so, mmarima oo, mmea oo, na ɔde wɔn aba Yerusalem.  Bere a ɔrekɔ a ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ, hann bi fi soro hyerɛn twaa ne ho hyiae,+  na otwa hwee fam, na ɔtee sɛ nne bi rebisa no sɛ: “Saul, Saul, adɛn nti na woretan m’ani?”  Na Saul bisae sɛ: “Ɛyɛ wo hena, Owura?” Ɛnna ɛnne no kae sɛ: “Ɛyɛ me Yesu+ a woretan m’ani no.+  Sɔre na kɔ kurow no mu, na wɔbɛka nea ɛsɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.”  Saa bere no, na mmarima a wɔne no rekɔ no gyinagyina hɔ a wontumi nkasa. Ná wɔte paa sɛ nne bi rekasa, nanso na wonhu obiara.+  Na Saul sɔre fii fam. Ná n’ani gu so, nanso na onhu hwee. Enti wosusoo ne nsa, na wɔde no kɔɔ Damasko.  Na wanhu hwee nnansa;+ wannidi, na wannom biribiara nso. 10  Ná osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania.+ Awurade frɛɛ no anisoadehu mu sɛ: “Anania!” Ɛnna ogyee so sɛ: “Awurade, mini.” 11  Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, kɔ borɔn a wɔfrɛ no Tẽẽ no so, na kɔ Yuda fi kɔhwehwɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saul, a ofi Tarso no.+ Na hwɛ! ɔrebɔ mpae, 12  na wahu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania wɔ anisoadehu mu sɛ waba de ne nsa abegu no so sɛnea ɛbɛyɛ a obehu ade.”+ 13  Nanso Anania buae sɛ: “Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm afi nnipa pii hɔ. Mate sɛ ɔde bɔne bebree adi w’akronkronfo a wɔwɔ Yerusalem no. 14  Seesei wanya tumi afi asɔfo mpanyin no nkyɛn sɛ ɔnkyere* wɔn a wɔbɔ wo din no nyinaa.”+ 15  Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ! efisɛ ɔbarima yi yɛ anwenne a wɔayi ama me+ sɛ ɔmfa me din nkɔ amanaman+ ne ahemfo+ ne Israel mma nkyɛn. 16  Na mɛkyerɛ no amanehunu bebree a me din nti ɛsɛ sɛ ɛto no no pefee.”+ 17  Enti Anania kɔe, na owuraa ofie hɔ, na ɔde ne nsa guu no so kae sɛ: “Me nua Saul, Awurade Yesu a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo bere a na wonam kwan so reba no, ɔno na wasoma me, sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu ade na honhom kronkron ahyɛ wo ma.”+ 18  Prɛko pɛ na biribi* fii n’ani so guu fam, na ohuu ade. Afei ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu, 19  na odidii, na onyaa ahoɔden. Na odii nna kakra wɔ asuafo a wɔwɔ Damasko no nkyɛn,+ 20  na ntɛm ara na ofii ase kaa Yesu ho asɛm wɔ hyia adan mu sɛ, ɔno ne Onyankopɔn Ba no. 21  Nanso ɛyɛɛ wɔn a wɔretie no no nyinaa nwonwa, na wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na ɔteetee wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem no?+ Ba a waba ha yi, ɛnyɛ ne botae ara ne sɛ ɔrebɛkyere wɔn na ɔde wɔn akɔma* asɔfo mpanyin no anaa?”+ 22  Na Saul kɔɔ so nyaa ahoɔden pii,* na ɔmaa Yudafo a ɛwɔ Damasko no ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkyerɛkyerɛe maa emu daa hɔ sɛ Yesu ne Kristo no.+ 23  Na nna pii akyi no, Yudafo no hyia bɔɔ pɔw sɛ wobekum Saul.+ 24  Nanso Saul hui sɛ wɔabɔ ne ho pɔw. Bio nso, na wɔtetɛw no apon no ano awia ne anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya no akum no. 25  Enti n’asuafo no faa no anadwo de no sii kɛntɛn mu, na wɔde no faa tokuru bi a ɛda ɔfasu no mu gyaagyaa no nkakrankakra sii fam.+ 26  Bere a oduu Yerusalem no,+ ɔyɛe sɛ ɔde ne ho bɛbɔ asuafo no, nanso na wɔn nyinaa suro no, efisɛ na wonnye nni sɛ ɔyɛ osuani. 27  Enti Barnaba+ boaa no, na ɔde no kɔɔ asomafo no nkyɛn. Na Saul kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ asomafo no sɛ, ohuu Awurade+ wɔ kwan so, na ɔne no kasae. Afei ɔkaa sɛnea ɔde akokoduru kasae wɔ Yesu din mu wɔ Damasko no ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn.+ 28  Enti ɔne wɔn tenae, na odii akɔneaba wɔ Yerusalem, na ɔde akokoduru kasae Awurade din mu. 29  Na ɔne Yudafo a wɔka Greek kasa no kasae, na wogyee akyinnye. Enti wɔyɛe sɛ wobekum no.+ 30  Bere a anuanom no huu eyi no, wɔde no baa* Kaesarea, na wogyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso.+ 31  Na asafo a ɛwɔ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa+ nyaa asomdwoe, na wɔyɛɛ den; na bere a asafo no de Yehowa* suro ne honhom kronkron no+ awerɛkyekye nantewee no, wɔkɔɔ so yɛɛ bebree. 32  Bere a Petro rekyinkyin mantam no mu nyinaa no, ɔkɔɔ* akronkronfo a wɔte Lida no nso nkyɛn.+ 33  Ɛhɔ na ohuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Enea. Ná wada ayaya wɔ ne mpa so mfe awotwe, efisɛ na wabubu. 34  Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Enea, Yesu Kristo asa wo yare.+ Sɔre na tow wo mpa.” Ɛhɔ ara na ɔsɔree.+ 35  Bere a wɔn a wɔtete Lida ne Saron Asaasetraa so nyinaa huu Enea no, wɔdan baa Awurade nkyɛn. 36  Ná osuani bi wɔ Yopa a ne din de Tabita, a sɛ wɔkyerɛ ase a, ɛkyerɛ “Dorka.”* Ná nnwuma pa ayɛ no ma, na na ɔyɛ nkurɔfo adɔe bebree. 37  Na nna no mu no, ɔyaree, na owui. Enti woguaree no, na wɔde no kɔtoo abansoro dan bi mu. 38  Esiane sɛ na Lida kurow no bɛn Yopa nti, bere a asuafo no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, yɛ ntɛm bra; ntwentwɛn wo nan ase.” 39  Enti Petro sɔree, na ɔne wɔn kɔe. Bere a oduu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Na akunafo no nyinaa de su baa ne nkyɛn, na wɔde ntaade ne ntama a Dorka yɛe bere a ɔte ase no bebree bɛkyerɛe. 40  Ɛnna Petro maa obiara pue kɔɔ abɔnten,+ na obuu nkotodwe bɔɔ mpae. Afei ɔdan ne ho hwɛɛ amu no, na ɔkae sɛ: “Tabita, sɔre!” Ɛnna obuee n’ani, na bere a ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.+ 41  Na Petro teɛɛ ne nsa, na osoo ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei ɔfrɛɛ akronkronfo ne akunafo no, na ɔde Dorka maa wɔn, na wohui sɛ ɔte ase.+ 42  Na asɛm yi trɛwee wɔ Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii.+ 43  Na Petro tenaa Yopa dii nna kakra wɔ Simon nkyɛn.+ Saa Simon yi, na ɔyɛ mmoa nhoma ho adwuma.*

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “akyekyere.”
Nt., “ɔnkyekyere wɔn; ɔmfa wɔn ngu mpokyerɛ mu.”
Anaa “biribi a ɛte sɛ abon.”
Nt., “sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyekyere wɔn na ɔde wɔn akɔma.”
Anaa “Saul kɔɔ so kwadaree n’asɛnka mu.”
Anaa “wɔde no sian baa.”
Anaa “osian kɔɔ.”
Greek din Dorka ne Aram din Tabita no, ne nyinaa kyerɛ “Ɔwansan.”
Anaa “ɔhyɛ mmoa nhoma aduru.”