Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛ a Megoro Me Ho Ma Me Ho Ba—Mɛyɛ Dɛn Agyae?

Ɛyɛ a Megoro Me Ho Ma Me Ho Ba—Mɛyɛ Dɛn Agyae?

TI 25

Ɛyɛ a Megoro Me Ho Ma Me Ho Ba—Mɛyɛ Dɛn Agyae?

“Bere a mifii ase goroo me ho no, na madi mfe nwɔtwe. Akyiri yi mibehui sɛ Onyankopɔn ani nnye ho. Ɛno akyi no, bere biara a mɛyɛ saa no, na me werɛ ahow me ho. Ɛba saa a mibisa me ho sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn adɔ obi te sɛ me?’”—Luiz.

SƐ WORENYIN a, nna ho atenka a wunya no ano tumi yɛ den. Ɛba saa a, anhwɛ a bere biara a wubenya saa atenka no, wobɛgoro wo ho ama wo ho aba. * Ebinom ka sɛ, wogoro wo ho ma wo ho ba a, ɛnyɛ bɔne. Wɔka sɛ, “Woyɛ a empira obiara.” Nanso nneɛma bi nti ɛyɛ papa sɛ worenyɛ saa. Ɔsomafo Paul kyerɛw sɛ: ‘Munkum mo nipadua akwaa sɛnea ɛbɛyɛ a nna ho akɔnnɔ renni mo so.’ (Kolosefo 3:5) Sɛ obi goro ne ho ma ne ho ba a, ɛyɛ den sɛ obetumi akum nna ho akɔnnɔ a onya no, mmom ɛma ano yɛ den. Afei dwen nea edidi so yi ho:

● Obi taa goro ne ho a, ɛma ɔbɛyɛ obi a odwen ɔno nko ara ho. Nea ɛma yetumi ka saa ne sɛ, sɛ obi reyɛ saa a, sɛnea ne ho bɛyɛ no dɛ nko ara na ehia no.

● Obi a ɔgoro ne ho no, sɛ ɔyɛ ɔbarima a, ohu ɔbea sɛ obi a ɔde no bɛsɛpɛw ne ho kɛkɛ. Sɛ ɔyɛ ɔbea nso a, saa ara na ohu barima.

● Sɛ obi goro ne ho ma ɛka ne hɔ a, esiane sɛ odwen ɔno nko ara ho nti, sɛ ɔware a ebetumi ayɛ den sɛ ɔne ne kunu anaa ne yere bɛda ama wɔn ani agye.

Sɛ nna ho akɔnnɔ dedere wo a, eye sɛ wobɛhyɛ wo ho so mmom sen sɛ wobɛgoro wo ho ama wo ho aba. (1 Tesalonikafo 4:4, 5) Nea ɛbɛma woatumi ahyɛ wo ho so no, Bible ka sɛ, nneɛma a ebetumi ama nna ho akɔnnɔ aba wo mu no, twe wo ho fi ho. (Mmebusɛm 5:8, 9) Na sɛ woagoro wo ho saa ama aka wo hɔ nso ɛ? Ebia woayɛ ara nso wuntumi nnyae. Anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ wugyae a ɛrenyɛ yiye, na ɛnyɛ ade a wubetumi ayɛ nea Onyankopɔn pɛ. Saa na aberantewa bi a wɔfrɛ no Pedro adwene yɛɛ no. Ɔkaa sɛ: “Bere a migyaee na mesan kɔɔ ho bio no, me werɛ how me ho. M’adwene yɛɛ me sɛ Onyankopɔn remfa me bɔne nkyɛ me da. Ná ɛyɛ den ma me sɛ mɛbɔ mpae.”

Wo nso, sɛ saa na ɛyɛ wo a, ka wo koma to wo yam. Akyea nso emmui. Mmerante ne mmabaa ne mpanyimfo pii atumi agyae saa suban no. Wo nso wubetumi agyae!

Sɛ W’adwene Bu Wo Fɔ a, Dɛn Na Wobɛyɛ?

Sɛnea yɛaka dedaw no, wɔn a wɔagoro wɔn ho ama aka wɔn hɔ no, ɛyɛ a wɔn adwene bu wɔn fɔ paa. Ɛwom, sɛ ‘wo werɛ how sɛnea Onyankopɔn pɛ’ a, ebetumi aboa wo ama woagyae saa suban no. (2 Korintofo 7:11) Nanso sɛ w’adwene bu wo fɔ tra so a, anhwɛ a ɛbɛhaw wo mmom. Ebetumi abu w’abam ara ma woapa abaw.—Mmebusɛm 24:10.

Enti hu asɛm no sɛnea ɛte ankasa. Sɛ obi goro ne ho a, ɛyɛ ɔbra fĩ. Ebetumi ama ‘akɔnnɔ ne anigye ahorow de wo ayɛ akoa,’ na ebetumi nso ama woanya subammɔne. (Tito 3:3) Nanso aguamammɔ a ɛyɛ tan a Bible ka ho asɛm no, goro a obi goro ne ho no nka ho. (Yuda 7) Sɛ saa suban no aka wo hɔ a, ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ woayɛ bɔne a wɔmfa nkyɛ. Nea ehia paa ne sɛ, ɛba wo mu sɛ yɛ saa a, hyɛ wo ho so. Nnyaagyaa wo ho da!

Sɛ woagyae na akyiri yi wosan yɛ bio a, ebetumi ama w’abam abu. Ɛba saa a, kae asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 24:16 no: “Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsan asɔre; na abɔnefo de, mmusu bɛma wɔahwe ase.” Sɛ wudi mfomso baako a, ɛnkyerɛ sɛ woyɛ ɔbɔnefo. Enti mpa abaw. Mmom, hwɛ nea ɛmaa wosan yɛɛ saa, na bɔ mmɔden sɛ worenyɛ ade a ɛbɛtwetwe wo akɔ ho no bio.

Nya adagyew dwinnwen Onyankopɔn dɔ ne ne mmɔborɔhunu ho. Odwontofo Dawid a bere bi sintɔ nti ɔyɛɛ bɔne no kaa sɛ: “Sɛnea agya hu ne mma mmɔbɔ no, saa ara na Yehowa nso hu wɔn a wosuro no no mmɔbɔ. Onim sɛnea ɔbɔɔ yɛn; ɔkae sɛ yɛyɛ dɔte.” (Dwom 103:13, 14) Nea ɛwom ne sɛ, Yehowa nim sɛ wɔde bɔne na ɛwoo yɛn, enti ‘oyi ne yam de yɛn bɔne kyɛ yɛn.’ (Dwom 86:5) Nanso, ɔpɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ n’apɛde. Enti nneɛma bɛn saa na wubetumi ayɛ na amma woangoro wo ho bio?

Nneɛma a wode gyigye w’ani no, ɛyɛ a hwɛ no yiye. Ɛyɛ a wohwɛ nneɛma bi wɔ TV so anaa wokɔ intanɛt wɛbsaet a ɛma ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ ba wo mu? Odwontofo no dwen kɔɔ akyiri paa, ɛnna ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Mma memmfa m’aniwa nnhwɛ ahuhude.” *Dwom 119:37.

Mia w’ani fa w’adwene si nneɛma foforo so. Kristoni bi a wɔfrɛ no William kaa sɛ: “Ansa na wobɛkɔ akɔda no, kan Bible mu asɛm bi. Ade a etwa to a wubedwen ho no, ehia paa sɛ ɛyɛ biribi a ɛfa Yehowa ho.”—Filipifo 4:8.

Ka wo haw no kyerɛ obi. Fɛre nti, ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wobɛka wo haw no akyerɛ obi. Nanso sɛ woyɛ saa a, ebetumi aboa wo ama woagyae saa suban no! Saa na Kristoni bi a wɔfrɛ no David hui. Ɔkaa sɛ: “Mekaa me haw no kyerɛɛ me papa, na asɛm a ɔka kyerɛɛ me no, me werɛ remfi da. Ɔserew hwɛɛ m’anim, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Woama m’ani agye paa.’ Ná onim sɛ mebrɛe paa ansa na meretumi aka ho asɛm akyerɛ no. Nea ɔkae no, ɛhyɛɛ me den paa, na ɛma misii me bo sɛ mɛkɔ so ayere me ho.

“Me papa ne me kan kyerɛwnsɛm bi ma mihui sɛ nneɛma nnyee nsam saa. Ɛnna ɔsan ma yɛkan kyerɛwsɛm foforo ma mihui sɛ, saa suban no nyɛ suban pa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, yɛbɛsan adi ho nkɔmmɔ bio, nanso menyere me ho sɛ merenyɛ bio kosi sɛ yɛbɛsan aka ho asɛm. Ɔkaa sɛ, sɛ mesan yɛ bio a, ɛnsɛ sɛ mema ɛhaw me boro so. Mmom, ɛba saa a menyere me ho sɛ ɛbɛkyɛ ansa na ebi besi bio mpo a asi.” Mfaso bɛn na David nyae? Ɔkaa sɛ: “Mfaso kɛse a minyae ne sɛ, mihui sɛ obi nim me haw no, na ɔreboa me.” *

NEA ƐWƆ TI A EDI HƆ NO MU

Sɛ obi ne nkurɔfo deda kɛkɛ a, ɛyɛ aniberesɛm paa. Hwɛ nea enti a ɛte saa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Ɛsono sɛ obi bɛgoro ne ho ama ne ho aba (nea wɔfrɛ no masturbation wɔ Borɔfo kasa mu no), ɛnna ɛsono sɛ obi benya nna ho atenka bere a n’ani nna. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia abarimaa bi bɛda asɔre no, na wanya nna ho atenka bi anaa ne ho aba. Mmaayewa nso tumi nya nna ho akɔnnɔ bere a wɔn ani nna. Wɔn mu bi wɔ hɔ a, wɔtaa nya saa atenka no bere a wɔrebebu wɔn nsa anaa bere a wɔawie. Nanso nea yɛreka ho asɛm wɔ ha yi de, onii no hyɛ da goro ne ho ma ne ho ba.

^ nky. 15 Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔfã 2, Ti 33.

^ nky. 18 Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔfã 2, nkratafa 239-241.

KYERƐWNSƐM TITIRIW

“Guan fi mmabunbere mu akɔnnɔ ho, na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe akyi, wo ne wɔn a wɔde koma a emu tew frɛ Awurade no.”—2 Timoteo 2:22.

WEI BƐBOA WO

Bɔ mpae ansa na akɔnnɔ no ano ayɛ den. Srɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ ɔmma wo “tumi a ɛboro nnipa de so” na sɛ sɔhwɛ to wo a, woatumi ahyɛ wo ho so.—2 Korintofo 4:7.

WUNIM BIRIBI . . .

Yɛka ɔbea anaa ɔbarima a, ɛnyɛ nea ontumi nhyɛ ne ho so a onyaa nna ho atenka ara pɛ, na wayɛ biribiara kɛkɛ de asɛpɛw ne ho. Mmom ɔbea anaa ɔbarima mapa ne nea otumi hyɛ ne ho so bere mpo a obiara nni hɔ.

NEA MEPƐ SƐ MEYƐ NI!

Mepɛ sɛ mitumi de m’adwene si nneɛma pa so. Enti nea mɛyɛ ne sɛ, ․․․․․

Mempɛ sɛ migyaagyaa me ho ma nna ho atenka di me so. Enti nea mɛyɛ ne sɛ, ․․․․․

Nea makenkan yi, ɛho asɛm a mepɛ sɛ mibisa me maame anaa me papa ne sɛ, ․․․․․

WUDWEN HO SƐN?

● Adɛn nti na ehia sɛ wokae sɛ Yehowa ‘yi ne yam de bɔne kyɛ’?​—Dwom 86:5.

● Onyankopɔn a ɔde nna ho atenka hyɛɛ yɛn mu no, wasan aka akyerɛ wo sɛ hyɛ wo ho so. Ɛno kyerɛ sɛ ogye wo di sɛ wubetumi ayɛ biribi. Ɛyɛ dɛn?

[Asɛm a wɔafa aka]

“Efi bere a migyaee saa suban no, manya ahonim pa wɔ Yehowa anim. Ahonim pa saa de, meremfa nsesa biribi foforo biara!”​—Sarah

[Mfoni]

Sɛ woretu mmirika na wohwe ase a, ɛnkyerɛ sɛ san w’akyi kɔhyɛ mmirika no ase. Sɛ woagyae wo ho a wogoro no, na akyiri yi wosan yɛ bio a, ɛnkyerɛ sɛ mmɔden a woabɔ no nyinaa ayɛ kwa.