Nnwom 119:1-176

  • Onyankopɔn asɛm a ɛsom bo ho anisɔ

    • “Aberante bɛyɛ dɛn ama n’abrabɔ ho atew?” (9)

    • “Wo nkaesɛm da me koma so” (24)

    • “M’ani da w’asɛm so” (74, 81, 114)

    • “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara!” (97)

    • “Mewɔ nhumu sen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa” (99)

    • “W’asɛm yɛ me nan ase kanea” (105)

    • “W’asɛm nyinaa yɛ nokware” (160)

    • Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn mmara wɔ asomdwoe (165)

א [Aleph] 119  Anigye ne wɔn a wɔn abrabɔ ho twa*Na wɔde Yehowa mmara yɛ adwuma.+   Anigye ne wɔn a wodi ne nkaesɛm so+Na wɔde wɔn koma nyinaa hwehwɛ no.+   Wɔmfa wɔn ho nhyɛ nea ɛnteɛ biara mu;Wɔnantew n’akwan so.+   Woaka akyerɛ yɛn sɛYɛnhwɛ nni w’ahyɛde so yiye.+   O sɛ anka m’akwan retim+Ma madi w’ahyɛde so ɛ!   Anka meresua wo mmara nsɛm biara a,M’ani renwu.+   Sɛ misua w’atemmusɛm a ɛteɛ a,Mede koma a emu tew beyi wo ayɛ.   Medi w’ahyɛde so. Nnyaw me koraa. ב [Beth]   Aberante bɛyɛ dɛn ama n’abrabɔ ho atew? Ɛne sɛ ɔbɛhwɛ de w’asɛm abɔ ne bra.+ 10  Me koma nyinaa na mede hwehwɛ wo. Mma menntwe me ho mmfi wo mmara nsɛm ho.+ 11  Mede wo nsɛm sie me koma mu+Sɛnea ɛbɛyɛ a merenyɛ bɔne ntia wo.+ 12  O Yehowa, ayeyi nka wo.Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde. 13  Atemmusɛm a woaka nyinaaMaka ho asɛm. 14  Sɛnea midi wo nkaesɛm ho ahurusi no,+Ɛkyɛn sɛnea midi ahonyade foforo biara ho ahurusi.+ 15  Medwinnwen w’ahyɛde ho,*+Na mede m’ani besi w’akwan so.+ 16  W’ahyɛde da me koma so. Me werɛ remfi w’asɛm.+ ג [Gimel] 17  Wo ne w’akoa nni no yiyeNa minnya nkwa na minni w’asɛm so.+ 18  Bue m’aniwa na minhuAnwonwasɛm a ɛwɔ wo mmara mu. 19  Me de, mayɛ ɔhɔho wɔ asaase no so.+ Mfa wo mmara nsɛm nhintaw me. 20  Daa nyinaaW’atemmusɛm na m’ani* gyina. 21  Woka ahantanfo anim,Wɔn a nnome wɔ wɔn so a wɔman fi wo mmara nsɛm ho no.+ 22  Yi animguase ne animtiaabu fi me so,Efisɛ madi wo nkaesɛm so. 23  Sɛ adehye mma hyiam na wɔkasa tia me mpo a,W’akoa de, w’ahyɛde ho na midwen.* 24  Wo nkaesɛm da me koma so;+Ɛno na etu me fo.+ ד [Daleth] 25  Dɔte mu na meda.*+ Kora me nkwa so sɛnea w’asɛm te.+ 26  Mema wuhuu m’akwan mu, na woboaa me.Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.+ 27  Ma mente w’ahyɛde* ase,Sɛnea ɛbɛyɛ a medwinnwen w’anwonwadwuma ho.*+ 28  Awerɛhow nti mintumi* nna. Hyɛ me den sɛnea w’asɛm kyerɛ. 29  Mma memmfa nnaadaa kwan so;+Fa wo mmara dom me. 30  Mapaw nokware kwan.+ Mibu w’atemmusɛm sɛ ɛteɛ. 31  Mebata wo nkaesɛm ho.+ O Yehowa, mma me nsa nnsi fam.*+ 32  Medi wo mmara nsɛm so ntɛm,*Efisɛ woma enya baabi tena wɔ me koma mu.* ה [He] 33  O Yehowa, kyerɛkyerɛ me+ na minni w’ahyɛde so,Na medi so akosi ase.+ 34  Ma minnya nteaseSɛnea ɛbɛyɛ a mede wo mmara bɛyɛ adwuma,Na mede me koma nyinaa adi so. 35  Fa wo mmara nsɛm kyerɛ me kwan,*+Efisɛ ɛno na m’ani gye ho. 36  Ma me koma nkɔ wo nkaesɛm so;Mma ɛnnkɔ adifudepɛ* so.+ 37  Mma memmfa m’aniwa nnhwɛ ahuhude;+Fa me fa wo kwan so na minnya nkwa. 38  Ɛbɔ a woahyɛ* w’akoa no, ma ɛmmra muNa ama nnipa asuro wo.* 39  Misuro animguase, enti ma ɛmpare me,Efisɛ w’atemmu teɛ.+ 40  Hwɛ sɛnea m’ani agyina w’ahyɛde. Wo trenee nti, kora me nkwa so. ו [Waw] 41  O Yehowa, ma minhu wo dɔ a enni huammɔ;+Ma minhu wo nkwagye sɛnea woahyɛ bɔ no;*+ 42  Ɛno bɛma manya asɛm abua nea otwa me adapaa,Efisɛ mede me ho ato w’asɛm so. 43  Mma nokwasɛm mmpa m’anom da,Efisɛ w’atemmu na m’ani da so.* 44  Da biara medi wo mmara so;Medi so daa daa.+ 45  Baabi a mɛnantew no, bɔne biara renka me,*+Efisɛ w’ahyɛde na mehwehwɛ. 46  Mɛka wo nkaesɛm wɔ ahemfo anim,Na meremfɛre.+ 47  Wo mmara nsɛm da me koma so;Mewɔ ho anigye kɛse.+ 48  Wo mmara nsɛm ho anigye kɛse a mewɔ nti,+ mɛma me nsa so akyerɛ wo,Na w’ahyɛde ho na medwinnwen.*+ ז [Zayin] 49  Kae asɛm a woaka akyerɛ* w’akoa no;Ɛno na wonam so ma me anidaso.* 50  Eyi ne awerɛkyekye a manya wɔ m’amanehunu mu,+Efisɛ wo nsɛm na akora me nkwa so. 51  Ahantanfo di me ho fɛw paa,Nanso memman mfi wo mmara ho.+ 52  O Yehowa, w’atemmusɛm a ɛwɔ hɔ fi tete no, mekae,+Na ɛma me awerɛkyekye.+ 53  Nnebɔneyɛfo a wɔagyaw wo mmara nti,Abufuw ahyɛ me ma.+ 54  Baabi a mɛtena biara,*W’ahyɛde na mede yɛ nnwom. 55  O Yehowa, edu anadwo a, mekae wo din+Sɛnea ɛbɛyɛ a medi wo mmara so. 56  Eyi na daa meyɛ,Efisɛ midi w’ahyɛde so. ח [Heth] 57  Yehowa ne me kyɛfa;+Mahyɛ bɔ sɛ medi w’asɛm so.+ 58  Mede me koma nyinaa yɛ nea ɛbɛsɔ w’ani.*+Ma minnya w’anim dom+ sɛnea wo bɔhyɛ* te. 59  Mahwehwɛ m’akwan muSɛnea ɛbɛyɛ a mɛsan anantew wo nkaesɛm mu.+ 60  Mitutu mmirika de wo mmara nsɛm yɛ adwuma;Mentwentwɛn me nan ase.+ 61  Nnebɔneyɛfo nhama atwa me ho ahyia,Nanso me werɛ mfi wo mmara.+ 62  W’atemmusɛm a ɛteɛ nti,Mesɔre ɔdasum da wo ase.+ 63  Wɔn a wosuro wo nyinaa yɛ me nnamfo;Wɔne wɔn a wodi w’ahyɛde so.+ 64  O Yehowa, wo dɔ a enni huammɔ ahyɛ asaase so ma.+Kyerɛ me w’ahyɛde. ט [Teth] 65  O Yehowa, wo ne w’akoa adi no yiye,Wo ne no adi no sɛnea w’asɛm te. 66  Kyerɛ me nyansa ne nimdeɛ,+Efisɛ wo mmara nsɛm na magye adi. 67  Ansa na mereba ahohia mu no, na metaa di mfomso,*Nanso seesei de, midi w’asɛm so.+ 68  Wuye,+ na wo nnwuma yɛ papa. Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.+ 69  Ahantanfo de atoro aguare me.Nanso mede me koma nyinaa di w’ahyɛde so. 70  Wɔn koma yɛ den.*+Nanso me de, wo mmara da me koma so.+ 71  Eye sɛ makɔ ahohia mu;+Ɛbɛma masua w’ahyɛde. 72  Mmara a woahyɛ no ye ma me;+Eye sen sika kɔkɔɔ ne dwetɛ mpempem.+ י [Yod] 73  Wo nsa na ɛyɛɛ me na esiesiee me kama.Ma minnya ntease Sɛnea ɛbɛyɛ a mehu wo mmara nsɛm mu yiye.+ 74  Wɔn a wosuro wo no hu me a, wodi ahurusi,Efisɛ m’ani da w’asɛm so.*+ 75  O Yehowa, minim sɛ w’atemmusɛm teɛ,+Na wo nokwaredi nti, woteɛɛ me so.+ 76  Sɛnea woahyɛ w’akoa bɔ no,*Mesrɛ wo, ma wo dɔ a enni huammɔ+ nkyekye me werɛ. 77  Hu me mmɔbɔ na mentena nkwa mu,+Efisɛ wo mmara da me koma so.+ 78  Ma ahantanfo ani nwu,Efisɛ wɔyɛ me bɔne bere a menyɛɛ wɔn hwee.* Me de, w’ahyɛde na medwinnwen ho.*+ 79  Wɔn a wosuro wo a wonim wo nkaesɛm no,Ma wɔnsan mmra m’afã. 80  Ma memfa me koma nyinaa nni w’ahyɛde so,+Na m’ani anwu.+ כ [Kaph] 81  M’ani agyina wo nkwagye;*+Efisɛ m’ani da w’asɛm so.* 82  M’ani agyina w’asɛm,+Na ɛma meka sɛ: “Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?”+ 83  Mayɛ sɛ kotoku* a asɛn wusiw mu awo.Nanso me werɛ mfii w’ahyɛde.+ 84  Wobɛma w’akoa atwɛn akosi da bɛn? Wɔn a wɔtan m’ani no, da bɛn na wubebu wɔn atɛn?+ 85  Ahantanfo a wonni wo mmara soTutu amoa de sum me afiri. 86  Wo mmara nsɛm nni huammɔ da. Boa me, na nkurɔfo retan m’ani kwa!+ 87  Ɛkaa kakraa bi anka wɔreyi me afi asaase so,Nanso mantwe me ho amfi w’ahyɛde ho. 88  Wo dɔ a enni huammɔ nti, kora me nkwa so,Na ama madi nkaesɛm a wode ama me no so. ל [Lamed] 89  O Yehowa, w’asɛm bɛtena hɔAkosi daa wɔ soro.+ 90  Wo nokwaredi wɔ hɔ ma awo ntoatoaso nyinaa.+ Wode asaase atim hɔ pintinn, na ɛbɛtena hɔ daa.+ 91  W’atemmusɛm nti na atena hɔ* abesi nnɛ,Efisɛ abɔde nyinaa som wo. 92  Sɛ ɛnyɛ wo mmara a ɛda me koma so a,Anka ahohia akum me.+ 93  Me werɛ remfi w’ahyɛde da,Efisɛ ɛno na wode kora me nkwa so.+ 94  Meyɛ wo dea; gye me nkwa,+Efisɛ mahwehwɛ w’ahyɛde.+ 95  Nnebɔneyɛfo pɛ sɛ wɔsɛe me,Nanso wo nkaesɛm na mema m’adwene kɔ so. 96  Mahu sɛ nneɛma a ewie pɛyɛ no, enni mu nkosi ase.Nanso wo mmara nsɛm de, sɛnea edi mu no nni ano.* מ [Mem] 97  Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara!+ Da mu nyinaa, ɛno na midwen ho.*+ 98  Wo mmara nsɛm ma mihu nyansa sen m’atamfo,+Efisɛ ɛka me ho daa. 99  Mewɔ nhumu sen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa,+Efisɛ midwen wo nkaesɛm ho.* 100  Sɛnea meyɛ m’ade no kyerɛ sɛ mewɔ ntease kyɛn mpanyimfo,Efisɛ midi w’ahyɛde so. 101  Meremfa ɔkwammɔne biara so+Sɛnea ɛbɛyɛ a metumi adi w’asɛm so. 102  Memman mfi w’atemmusɛm ho,Efisɛ wo na woakyerɛkyerɛ me. 103  Wo nsɛm yɛ fremfrem wɔ me dodom;Ɛsen ɛwo wɔ m’anom!+ 104  W’ahyɛde nti, mede ntease bɔ me bra;+ Ɛno nti na mikyi nnaadaa kwan biara no.+ נ [Nun] 105  W’asɛm yɛ me nan ase kanea,Ne me kwan so hann.+ 106  Maka ntam, na medi so;Medi w’atemmusɛm a ɛteɛ no so. 107  Mahu amane dodo.+ O Yehowa, kora me nkwa so sɛnea w’asɛm te.+ 108  O Yehowa, mesrɛ wo, ma w’ani nsɔ ayeyi* a efi me koma mu,+Na kyerɛkyerɛ me w’atemmusɛm.+ 109  Me nkwa da asiane mu da biara da;*Nanso me werɛ mfii wo mmara.+ 110  Nnebɔneyɛfo asum me afiri,Nanso memman mfii w’ahyɛde ho.+ 111  Wo nkaesɛm na mede yɛ m’agyapade daa,Efisɛ ɛno na ɛma me koma ani gye.+ 112  Masi me bo sɛ medi w’ahyɛde soDa biara akosi awiei. ס [Samekh] 113  Mikyi nnipa a wɔmfa wɔn koma nyinaa nni w’akyi;*+Medɔ wo mmara.+ 114  Wone me hintabea ne me kyɛm,+Efisɛ m’ani da w’asɛm so.*+ 115  Nnebɔneyɛfo, mumfi me so nkɔ+Na minni me Nyankopɔn mmara nsɛm so. 116  Sɛnea wohyɛɛ me bɔ* no, so me mu,+Na mentena nkwa mu;Mma m’anidaso nnyɛ kwa.*+ 117  So me mu na minnya nkwa;+Ɛno bɛma mede m’ani asi w’ahyɛde so daa.+ 118  Wɔn a wɔman fi w’ahyɛde ho nyinaa, wopo wɔn,+Efisɛ wɔyɛ nkontompofo ne nnaadaafo. 119  Wotow asaase so nnebɔneyɛfo nyinaa gu te sɛ ade fĩ.*+ Ɛno nti na medɔ wo nkaesɛm no. 120  Wo ho hu ma me ho* popo;W’atemmusɛm ma mebɔ hu. ע [Ayin] 121  Mabu atɛntrenee na mayɛ nea ɛteɛ. Nnyaw me nhyɛ wɔn a wɔtan m’ani no nsa. 122  Ma w’akoa awerɛhyem sɛ ebesi no yiye.Mma ahantanfo nntan m’ani. 123  Wo nkwagye ne wo bɔhyɛ* a ɛteɛ no,Matwɛn abrɛ.+ 124  Da wo dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ w’akoa,+Na kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.+ 125  Meyɛ w’akoa; ma minnya ntease,+Na ama mahu wo nkaesɛm mu yiye. 126  Bere adu sɛ Yehowa keka ne ho,+Efisɛ wɔabu wo mmara so. 127  Anokwa, medɔ wo mmara nsɛmKyɛn sika kɔkɔɔ anaa sika kɔkɔɔ amapa* mpo!+ 128  Ne saa nti akwankyerɛ* biara a efi wo hɔ no, mibu no sɛ ɛteɛ;+Mikyi nnaadaa kwan biara.+ פ [Pe] 129  Wo nkaesɛm yɛ nwonwa. Ɛno nti na midi so.* 130  Wo nsɛm so bue a, ɛma hann,+Na ɛma nea onni nimdeɛ te nneɛma ase.+ 131  M’ani agyina wo mmara nsɛm,Efisɛ mewɔ ho akɔnnɔ paa.*+ 132  Twa w’ani bɛhwɛ me, na dom me,+Sɛnea wubu atɛn ma wɔn a wɔdɔ wo din no.+ 133  Fa w’asɛm gyigye me taataa;*Mma adebɔne biara nnni me so.+ 134  Gye me fi nnipa a wɔtan m’ani nsam,Na medi w’ahyɛde so. 135  Tew w’anim ma* w’akoa,+Na kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde. 136  Wo mmara so a nnipa nni nti,Metew nisu waawaa.+ צ [Tsade] 137  O Yehowa, woteɛ,+Na w’atemmu nso teɛ.+ 138  Wo nkaesɛm teɛ,Na enni huammɔ da. 139  Wo som ho mmɔdenbɔ amene me,+Efisɛ m’atamfo werɛ afi wo nsɛm. 140  W’asɛm yɛ nea wɔasɔn so yiye,+Na w’akoa ani gye ho paa.+ 141  Meyɛ onipahunu a wɔmfa me nyɛ hwee,+Nanso me werɛ mfii w’ahyɛde. 142  Wo trenee yɛ daa trenee,+Na wo mmara yɛ nokware.+ 143  Ahohia ne ahokyere ba me so,Nanso wo mmara nsɛm de, ɛda me koma so daa. 144  Wo nkaesɛm teɛ afebɔɔ. Ma minnya ntease+ na makɔ so atena nkwa mu. ק [Qoph] 145  Mede me koma nyinaa frɛ wo. O Yehowa, gye me so. W’ahyɛde so na medi. 146  Wo na misu frɛ wo; gye me! Medi wo nkaesɛm so. 147  Mesɔre ahemanakye* su hwehwɛ ɔboafo.+Efisɛ m’ani da w’asɛm so.* 148  Mesɔre anadwo dasum*Na matumi adwinnwen w’asɛm ho.*+ 149  Wo dɔ a enni huammɔ nti, tie me nne.+ O Yehowa, kora me nkwa so sɛnea w’atemmusɛm te. 150  Wɔn a wɔyɛ aniwude* no reba me so;Wɔaman afi wo mmara ho koraa. 151  O Yehowa, wobɛn me,+Na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware.+ 152  Wo nkaesɛm a wode atim hɔ afebɔɔ no,+Mihui nyɛ nnɛ. ר [Resh] 153  Hwɛ m’amanehunu na gye me,+Efisɛ me werɛ mfii wo mmara. 154  Di m’asɛm ma me na gye me;+Sɛnea woahyɛ bɔ* no, kora me nkwa so. 155  Nkwagye ne nnebɔneyɛfo ntam ware,Efisɛ wɔnhwehwɛɛ w’ahyɛde.+ 156  O Yehowa, wo mmɔborɔhunu dɔɔso.+ Sɛnea w’atemmusɛm te no, kora me nkwa so. 157  M’atamfo ne wɔn a wɔne m’ani nhyia dɔɔso.+Nanso memman mfii wo nkaesɛm ho. 158  Nnebɔneyɛfo ho yɛ me abofono,Efisɛ wonni w’asɛm so.+ 159  Hwɛ sɛnea medɔ w’ahyɛde! O Yehowa, wo dɔ a enni huammɔ nti, kora me nkwa so.+ 160  W’asɛm nyinaa yɛ nokware,+Na w’atemmusɛm a ɛteɛ no nyinaa nso wɔ hɔ daa. ש [Sin] anaa [Shin] 161  Adehye mma tan m’ani+ kwa,Nanso me de, mewɔ obu kɛse ma wo nsɛm.+ 162  Midi w’asɛm ho ahurusi+Te sɛ obi a wanya agyapade kɛse. 163  Mikyi nkontompo; ɛyɛ me tan.+Medɔ wo mmara.+ 164  W’atemmusɛm a ɛteɛ nti,Miyi wo ayɛ mpɛn ason da koro. 165  Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe pii;+Biribiara rentumi nto wɔn hintidua.* 166  O Yehowa, m’ani da wo nkwagye nnwuma so,Na midi wo mmara nsɛm so. 167  Midi* wo nkaesɛm so;Minni ho agoru koraa.+ 168  Midi w’ahyɛde ne wo nkaesɛm so;Nea meyɛ nyinaa, w’ani tua.+ ת [Taw] 169  O Yehowa, tie me sufrɛ.+ Sɛnea w’asɛm te no, ma minnya ntease.+ 170  Ma me nkotosrɛ nnu w’anim. Sɛnea woahyɛ me bɔ* no, gye me. 171  Ma ayeyi nyɛ m’anom ma,+Efisɛ wo na wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛde. 172  Ma me tɛkrɛma mfa w’asɛm nto dwom,+Efisɛ wo mmara nsɛm nyinaa teɛ. 173  Fa wo nsa so me mu boa me,+Efisɛ masi gyinae sɛ medi w’ahyɛde so.+ 174  O Yehowa, m’ani agyina wo nkwagye,Na wo mmara nso da me koma so.+ 175  Ma mentena nkwa mu* na matumi ayi wo ayɛ;+ Fa w’atemmu di boa me. 176  Mafom kwan sɛ oguan a wayera.+ Hwehwɛ w’akoa,Efisɛ me werɛ mfii wo mmara nsɛm.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔn abrabɔ di mu.”
Anaa “Mesua w’ahyɛde.”
Anaa “me kra ani.”
Anaa “w’ahyɛde na misua.”
Anaa “me kra da.”
Nt., “w’ahyɛde kwan.”
Anaa “mesua w’anwonwadwuma ho ade.”
Anaa “me kra ntumi.”
Anaa “mma m’ani nnwu.”
Nt., “Wo mmara nsɛm kwan so na metu mmirika.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Woma me koma nya ahotoso.”
Anaa “Ma mennantew wo mmara nsɛm kwan so.”
Anaa “mfasopɛ.”
Anaa “Asɛm a woaka akyerɛ.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Ɛbɔ a woahyɛ wɔn a wosuro wo no, ma ɛmmra mu.”
Anaa “w’asɛm te.”
Anaa “meretwɛn.”
Anaa “ɛhɔ trɛw.”
Anaa “w’ahyɛde na mesua.”
Anaa “ɛbɔ a woahyɛ.”
Anaa “Ɛno na woma metwɛnee.”
Anaa “Baabi a makɔsoɛ sɛ ɔhɔho no.”
Anaa “Mede me koma nyinaa hwehwɛ w’anim dom.”
Anaa “w’asɛm.”
Anaa “na meyɛ bɔne a minnim.”
Nt., “Wɔn koma ada sɛ srade.”
Anaa “Efisɛ metwɛn wo nsɛm.”
Anaa “Sɛnea woaka akyerɛ w’akoa no.”
Anaa “Efisɛ wɔdaadaa me kwa.”
Anaa “mesua.”
Anaa “Wo nkwagye abɔ me kra yare.”
Anaa “Efisɛ metwɛn wo nsɛm.”
Nt., “toa a wɔde aboa nhoma ayɛ.”
Kyerɛ sɛ, n’abɔde nyinaa atena hɔ.
Nt., “emu dɔ yiye.”
Anaa “misua.”
Anaa “misua wo nkaesɛm.”
“m’anom afɔre.”
Anaa “Me kra da me nsam daa.”
Anaa “nnipa a wɔn koma mu akyɛ abien.”
Anaa “Efisɛ metwɛn wo nsɛm.”
Anaa “Sɛnea w’asɛm te.”
Anaa “Mma m’anidaso nnan animguase.”
Hebri asɛmfua yi kyerɛ efĩ a woyi fi sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ mu bere a wɔanan.
Nt., “me nipadua.”
Anaa “w’asɛm.”
Anaa “sika kɔkɔɔ a wɔayiyi mu fĩ.”
Anaa “ahyɛde.”
Anaa “me kra di so.”
Anaa “M’ani agyina wo mmara nsɛm, enti mede ahopere abue m’anom hoo.”
Anaa “Kyerɛ me sɛnea metutu m’anammɔn yiye.”
Anaa “Serew kyerɛ.”
Anaa “anɔpatutuutu a anim ntetewee.”
Anaa “Efisɛ metwɛn wo nsɛm.”
Anaa “mmere a awɛmfo de wɛn anadwo.”
Anaa “matumi asua w’asɛm.”
Anaa “wɔbɔ ahohwibra.”
Anaa “w’asɛm te.”
Anaa “Biribiara nto wɔn hintidua.”
Anaa “Me kra di.”
Anaa “w’asɛm te.”
Anaa “Ma me kra ntena nkwa mu.”