Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 22

Wobɛyɛ Dɛn Aka Asɛmpa No Bi Akyerɛ Afoforo?

Wobɛyɛ Dɛn Aka Asɛmpa No Bi Akyerɛ Afoforo?

Wo ara wohwɛ nea woresua afi Bible mu no a, ebia wobɛka sɛ, ‘Wei de, ɛsɛ sɛ obiara te bi!’ Woka saa a, wudi ka, efisɛ asɛmpa sɛɛ de, obiara te bi a, eye! Nanso, ebia wo yam hyehye wo sɛ wobɛka nea woresua no ho asɛm akyerɛ afoforo. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea wubetumi adi ayamhyehye so na woafi ase aka asɛmpa a ɛwɔ Bible mu no akyerɛ afoforo.

1. Wobɛyɛ dɛn aka nea woresua no bi akyerɛ wɔn a wunim wɔn no?

Yesu asuafo no kaa sɛ: “Nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.” (Asomafo Nnwuma 4:20) Ná nokware a wɔahu no da wɔn koma so ara ma na wɔpɛ sɛ obiara te bi. Wo nso, ɛyɛ a saa na wote nka? Sɛ saa a, ɛnde fa w’ani to fam na hwɛ ɔkwan a wubetumi afa so aka nea woresua no bi akyerɛ w’abusuafo ne wo nnamfo. Nanso, ɛyɛ a bɔ mmɔden sɛ wubedi wɔn ni.—Kenkan Kolosefo 4:6.

Akwan a wubetumi afa so afi ase no bi ni:

  • Sɛ wo ne wo busuani bi rekasa a, wubetumi aka sɛ: “Nnawɔtwe yi, masua biribi afi Bible mu ama m’ani agye paa.”

  • Sɛ w’adamfo bi yare anaa adwinnwen ahyɛ ne so a, wubetumi akan kyerɛwsɛm bi a ɛhyɛ nkuran akyerɛ no.

  • Sɛ w’adwumamfo bisa wo sɛ nnawɔtwe awiei anaa weekend no kɔɔ sɛn a, wubetumi aka nea woasua afi wo Bible adesua no mu anaa nea wusua fii asafo nhyiam ase no akyerɛ wɔn.

  • Ka jw.org wɛbsaet no ho asɛm kyerɛ wo nnamfo.

  • Sɛ morebɛyɛ Bible adesua a, wubetumi ato nsa afrɛ afoforo ama wɔabɛka wo ho, anaa wubetumi akyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛfa jw.org. so abisa ma obi ne wɔn abesua ade.

2. Sɛ yɛne asafo no bom yɛ asɛnka adwuma no a, adɛn nti na mfaso wɔ so?

Ɛwom, Yesu asuafo no kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a wonim wɔn. Nanso ɛno da nkyɛn a, “ɔsomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kurow biara” mu sɛ wɔnkɔka asɛmpa no. (Luka 10:1) Saa nhyehyɛe pa yi boa maa wotumi kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa pii. Esiane sɛ asuafo no boom yɛɛ asɛmpaka adwuma no nti, ɛmaa wɔn ani gyei paa. (Luka 10:17) Wo nso, adɛn nti na womfa nsi w’ani so sɛ wo ne asafo no bɛbom ayɛ asɛnka adwuma no?

SUA PII KA HO

Wo yam hyehye wo sɛ wobɛka asɛmpa no bi anaa? Hwɛ nea ebetumi aboa wo ma woadi saa ayamhyehye no so, na woaka asɛmpa no akyerɛ afoforo ama w’ani agye.

3. Yehowa bɛka wo ho

Ebinom nyae a anka wɔbɛka asɛmpa no bi, nanso wɔn yam hyehye wɔn. Ebia wobebisa sɛ, ‘Asɛmpa a merekɔka yi, nkurɔfo betie ni?’

  • Ɛyɛ a wo yam hyehye wo sɛ wobɛka nea woasua no ho asɛm akyerɛ afoforo? Adɛn ntia?

Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Dɛn na ɛboaa aberante no ne mmabaa no ma wotumi yii ehu fii wɔn mu?

Kenkan Yesaia 41:10. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wusuro sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ mpae?

Wunim biribi?

Yehowa Adansefo pii wɔ hɔ a, wɔanna anso ho dae da sɛ wobenya akokoduru aka asɛmpa no bi akyerɛ afoforo. Obi te sɛ Sergey sɛɛ, na ɔte nka sɛ mfaso biara nni ne so, na na ɛyɛ den ma no sɛ ɔne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ. Nanso, ogyee bere suaa Bible no. Ɔkaa sɛ: “Ná ehu wɔ me mu de, nanso mifii ase kaa nea meresua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Anwonwasɛm ne sɛ, adwene a na mewɔ sɛ me so nni mfaso no, sɛɛ ano aduru ara ne sɛ mɛka asɛmpa no bi akyerɛ afoforo. Amma mammu me ho abomfiaa bio. Esiane sɛ mekaa nea na meresua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo nti, ɛmaa me gyidi yɛɛ den.”

4. Kyerɛ sɛ wubu afoforo

Sɛ woreka asɛmpa no akyerɛ afoforo a, ɛnyɛ nea wobɛka nko ara na ɛsɛ sɛ wudwen ho, na mmom sɛnea wobɛka no no nso ho hia. Monkenkan 2 Timoteo 2:24 ne 1 Petro 3:15. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛ woreka Bible mu asɛm akyerɛ afoforo a, wobɛyɛ dɛn de kyerɛwnsɛm mmienu yi ayɛ adwuma?

  • Ebetumi aba sɛ wo nnamfo ne w’abusuafo bi ne wo renyɛ adwene. Ɛba saa a, dɛn na wobɛyɛ, na dɛn na ɛnsɛ sɛ woyɛ?

  • Sɛ wo ne afoforo rebɔ Bible mu nkɔmmɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wubisa wɔn nsɛm a ɛbɛma wɔakyerɛ wɔn adwene sen sɛ wode nsɛm bepuapua wɔn. Adɛn ntia?

5. Sɛ woka asɛmpa no kyerɛ afoforo a, ɛma w’ani gye

Yehowa na ɔsomaa Yesu sɛ ɔnkɔka asɛmpa no nkyerɛ afoforo. Ná Yesu hu saa adwuma no sɛn? Monkenkan Yohane 4:34. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛ yedi aduan pa a, ɛma yenya ahoɔden de tena nkwa mu, na ɛma yɛn ani gye. Yesu de Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ a ebi ne sɛ ɔbɛka asɛmpa no totoo aduan ho. Adɛn ntia?

  • Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo a, akwan bɛn so na ebetumi ama yɛn ani agye?

Nea wubetumi ayɛ

  • Asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu no, sɛ wokɔ bi a, sua sɛnea wubetumi afi ase ne nkurɔfo abɔ Bible mu nkɔmmɔ.

  • Asuafo dwumadi a yɛyɛ wɔ saa nhyiam no ase no, bisa nea ɔne wo sua ade no ma ɔnkyerɛ wo nea wobɛyɛ na woatumi ayɛ bi. Ɛbɛtete wo, na ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛka nea woresua no ho asɛm akyerɛ afoforo.

  • Woahyɛ no nsow a, adesua biara mu no, ɔfã bi wɔ hɔ a yɛato din “Ebinom Ka Sɛ” anaa “Obi Betumi Abisa Sɛ.” Nsɛm a nkurɔfo taa bisa yɛn anaa wɔka de yi wɔn ho ano no bi na ɛwɔ hɔ. Hwɛ sɛnea wubeyi saa nsɛm no ano, na obi bisa wo a, woahu nea wobɛka.

OBI BETUMI ABISA SƐ: “Mihuu wo akyɛ. Na ɛrekɔ sɛn?”

  • Sɛ obi bisa saa a, ɔkwan bɛn so na wubetumi de saa hokwan no aka nea woresua no bi akyerɛ no?

NEA YƐASUA

Yɛabehu sɛ, sɛ yɛka asɛmpa no a, ɛma yɛn ani gye. Afei nso, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo.

Ntimu

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woka asɛmpa no bi kyerɛ afoforo?

  • Sɛ woreka asɛmpa no akyerɛ afoforo a, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wudi wɔn ni?

  • Sɛ wo yam hyehye wo sɛ wobɛka asɛmpa no a, dɛn na ɛbɛboa wo ma woadi saa ayamhyehye no so?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Wunim sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛfa jw.org kaad no so aka asɛmpa no bi akyerɛ afoforo? Hwɛ akwan nnan bi a wubetumi afa so ayɛ saa.

Sɛnea Yɛde jw.org Wɛbsaet Kaad Bɛma—Video (1:43)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu suban nnan bi a ebetumi aboa wo ma woaka asɛmpa no bi akyerɛ afoforo.

“Bere Aso Sɛ Wuyi Nnipa Anaa?” (Ɔwɛn-Aban, September 2020)

Mmofra ne mpanyimfo nyinaa hia akokoduru na ama wɔatumi aka asɛmpa no. Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea Bible mu asɛm yi betumi ama woanya akokoduru.

Yehowa Bɛma Wo Akokoduru (11:59)

W’abusuafo a wonsuaa Yehowa ho ade no, hwɛ ɔkwan a wubetumi afa so aka Bible mu asɛm akyerɛ wɔn.

“Abusuafo a Wonnye Nni—Wobɛyɛ Dɛn Aka Wɔn Koma?” (Ɔwɛn-Aban, March 15, 2014)