Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 13

Sɛn Na Atoro Som Agu Onyankopɔn Din Ho Fĩ?

Sɛn Na Atoro Som Agu Onyankopɔn Din Ho Fĩ?

Bible ka sɛ Onyankopɔn ne dɔ. Sɛ saa a, adɛn nti na ɔsom ahorow a wɔka sɛ wɔsom no no yɛ nneɛma bɔne saa? Asɛm no ara ne sɛ, ɔsom ahorow yi nyɛ papa. Sɛnea wɔyɛ wɔn ade no ma nkurɔfo nya Onyankopɔn ho adwene a ɛmfata. Dɛn na wɔyɛ de gu Onyankopɔn din ho fĩ? Nea wɔreyɛ no, Onyankopɔn te nka sɛn wɔ ho, na dɛn na ɔbɛyɛ afa ho?

1. Sɛn na atoro som de wɔn nkyerɛkyerɛ agu Onyankopɔn din ho fĩ?

Atoro som de ‘Onyankopɔn ho nsɛm a ɛyɛ nokware no asesa atoro.’ (Romafo 1:25) Ebi ne sɛ, ɔsom ahorow pii mma nkurɔfo nhu Onyankopɔn din. Nanso Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn din frɛ no. (Romafo 10:13, 14) Asɔfo binom mpo kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ biribi bɔne si a, ɛyɛ Onyankopɔn na ama aba saa. Nanso, saa asɛm no nyɛ nokware. Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde ɔhaw ba yɛn so. (Kenkan Yakobo 1:13.) Awerɛhosɛm ne sɛ, atosɛm a ɔsom ahorow yi keka nti, ebinom ani nnye ho sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn.

2. Wɔn a wɔwɔ atoro som mu no, nneɛma bɛn na wɔyɛ a egu Onyankopɔn din ho fĩ?

Yehowa dwen nnipa ho paa. Nanso wɔn a wɔwɔ atoro som mu nnwen nnipa ho. Bible ka sɛ bɔne a atoro som yɛ no “aboaboa ano akodu soro.” (Adiyisɛm 18:5) Wɔde wɔn ho fɔrefɔre amanyɔsɛm ne akodi mu, na ɛnam wɔn so ama nnipa pii awuwu. Asɔfo no bi wɔ hɔ a, adan ne kar a wɔdeda mu no nyɛ asɛm ketewa, nanso ne nyinaa yɛ asɔremma no sika. Nea wɔyɛ nyinaa kyerɛ sɛ wonnim Onyankopɔn mpo, na kampɛsɛ wɔaka sɛ wɔsom no.—Kenkan 1 Yohane 4:8.

3. Nea atoro som reyɛ no, Onyankopɔn te nka sɛn wɔ ho?

Sɛ w’ani nnye nneɛma a ɛrekɔ so wɔ atoro som mu no ho a, ɛnde wohwɛ a Yehowa te nka sɛn wɔ ho? Onyankopɔn dɔ nnipa. Nanso asɔfo ne ɔsom ahorow mu mpanyimfo a wogu ne din ho fĩ, na wonnwen wɔn asɔremma ho no, n’ani nnye wɔn ho. Wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsɛe atoro som, na ‘wɔrenhu bio da.’ (Adiyisɛm 18:21) Ɔsom ahorow a ɛnyɛ papa no nyinaa, ɛrenkyɛ, Onyankopɔn beyi wɔn nyinaa afi hɔ.—Adiyisɛm 18:8.

SUA PII KA HO

Sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ atoro som ho, ne nea atoro som ayɛ de agu ne din ho fĩ no, sua ho ade pii. Afei, hwɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ woma nea wɔreyɛ no ma wugyae Yehowa ho ade a woresua no.

4. Ɛnyɛ ɔsom ahorow nyinaa na Onyankopɔn pene so

Nnipa pii gye di sɛ ɔsom ahorow te sɛ akwan pii a yɛfa so kɔ faako. Ne nyinaa de yɛn kopue Onyankopɔn nkyɛn. Nanso wohwɛ a, saa asɛm yi yɛ nokware? Monkenkan Mateo 7:13, 14. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no, Bible no se ɛte sɛn?

Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Onyankopɔn pene ɔsom ahorow nyinaa so anaa? Dɛn na Bible ka?

5. Nneɛma a atoro som yɛ no kyerɛ sɛ wɔnnɔ nnipa sɛnea Onyankopɔn dɔ nnipa no

Ɔsom ahorow ayɛ nneɛma pii de agu Onyankopɔn din ho fĩ. Baako a enye koraa ne sɛ, akodi a akɔ so wɔ wiase no bi wɔ hɔ a, wɔn ho wom bi. Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nhwɛso a, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

  • Dɛn na nsɔrensɔre no yɛe wɔ Wiase Ko II no mu?

  • Wote nka sɛn wɔ nea wɔyɛe no ho?

Monkenkan Yohane 13:34, 35 ne 17:16. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛ Yehowa hu sɛ ɔsom ahorow de wɔn ho hyehyɛ akodi mu a, ɛyɛ a ɔte nka sɛn?

  • Nneɛma bɔne a ɛkɔ so no pii wɔ hɔ a, atoro som na ɛhyɛ akyi. Nneɛma bɛn na atoro som yɛ a ɛma wuhu sɛ wɔnnɔ nnipa sɛnea Onyankopɔn dɔ nnipa no?

Nneɛma a atoro som yɛ no kyerɛ sɛ wɔnnɔ nnipa sɛnea Onyankopɔn dɔ nnipa no

6. Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa nnipa ma wɔtwe wɔn ho fi atoro som ho

Kenkan Adiyisɛm 18:4. a Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wohwɛ sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ ogye nnipa fi atoro som mu no a, ɛma wote nka sɛn?

7. Kɔ so ara sua nokware Nyankopɔn no ho ade

Nneɛma bɔne a atoro som yɛ no, ɛsɛ sɛ ɛma wunya Onyankopɔn ho adwene a ɛmfata anaa? Fa no sɛ aberante bi ne ne papa na ɛte. Bere bi ɔyɛɛ n’adwene sɛ obetu afi fie, ne papa tuu no fo biara, nanso wantie. Bere a ɔkɔe no, wankɔbɔ bra papa biara. Ɛba saa a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde ɔbrabɔne a aberante no kobui no ho asodi to papa no so anaa?

  • Nneɛma bɔne a atoro som reyɛ no, wohwɛ a ɛbɛyɛ papa sɛ yɛka sɛ, ɛno nti yɛrensua Yehowa ho ade bio anaa?

EBINOM KA SƐ: “M’ani nnye nyamesom ho efisɛ ɔhaw a yɛrefa mu no, dodow no ara fi nyamesom.”

  • Wo nso, saa ara na wote nka anaa?

  • Nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ nyamesom mu no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛma yenya Yehowa ho adwene a ɛmfata?

NEA YƐASUA

Atoro som de wɔn nkyerɛkyerɛ ne nneɛma bɔne a wɔyɛ no agu Onyankopɔn din ho fĩ. Onyankopɔn bɛsɛe atoro som.

Ntimu

  • Wohwɛ nea atoro som kyerɛkyerɛ ne nneɛma bɔne a wɔyɛ no a, ɛma wote nka sɛn?

  • Yehowa te nka sɛn wɔ atoro som ho?

  • Dɛn na Onyankopɔn de bɛyɛ atoro som?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nneɛma mmienu bi a ama Onyankopɔn ani nnye ɔsom ahorow pii ho.

“Ɔsom Ahorow Nyinaa Yɛ Pɛ? Ne Nyinaa Twe Yɛn Bɛn Onyankopɔn Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)

Adɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yɛne afoforo bom som no?

“Ɛho Hia sɛ Wode Wo Ho Hyɛ Ɔsom Pɔtee Bi Mu Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)

Ná ɔsɔfo bi ani nnye nea ɛrekɔ so wɔ n’asɔre mu ho. Nanso wei amma wannyae sɛ obesua nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no.

“Nea Ɛmaa Ɔsɔfoɔ Bi Gyaee N’asɔre” (Nyan!, February 2015)

Ɔsom ahorow pii aka atosɛm afa Onyankopɔn ho ara ma ebinom anya adwene sɛ Onyankopɔn nnwen wɔn ho, na ne tirim yɛ den. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu atosɛm yi mu mmiɛnsa ne nea Bible ka fa ho.

“Atosɛm a Ɛmma Nnipa Ntumi Mmɛn Onyankopɔn” (Ɔwɛn-Aban, November 1, 2013)

a Adiyisɛm nhoma no de atoro som toto ɔbea bi ho. Wɔfrɛ no Babilon Kɛse. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a wɔfrɛ no saa a, hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 1.