Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Me Dɔ

Me Dɔ

Twe Bi:

  1. 1. Me dɔfo,

    Me koma so ade,

    Medɔ wo.

    Me komam dehyeɛ,

    Wo suban yɛ me fɛ—;

    Ɛma m’ani gye daa.

    Onyankopɔn

    Behyira yɛn da bi’aa.

    Obu’a wowɔ ma me,

    Ɛno na eku me.

    Mesom bo ma wo nti

    Wokɔ so taa m’akyi.

    (NNYESO)

    Ɔdɔ yɛ wu, medɔ wo.

    Mframa mpo mfa yɛn ntam.

    Yehowa dɔ yɛn nti, ɔbɛtaa yɛ’akyi.

    Ɔdɔ yɛ wu.

  2. 2. 2. Wowɔ hɔ ma me nko’aa.

    Wo nkɔmmɔ yɛ me dɛ.

    Yɛde ɔdɔ

    Abom resom Nyankopɔn.

    Ɛyɛ m’anigye sɛ

    Mesom bo w’ani so.

    Woda me koma so—

    Wo nko’aa na medɔ wo.

    (NNYESO)

    Ɔdɔ yɛ wu, medɔ wo.

    Mframa mpo mfa yɛn ntam.

    Yehowa dɔ yɛn nti, ɔbɛtaa yɛ’akyi.

    Ɔdɔ yɛ wu.

    Ɔdɔ yɛ wu, medɔ wo.

    Mframa mpo mfa yɛn ntam.

    Yehowa dɔ yɛn nti, ɔbɛtaa yɛ’akyi.

    Ɔdɔ yɛ wu,

    Ɔdɔ yɛ wu,

    Me dɔ.