Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wo Nnwuma Yɛ Nwonwa

Wo Nnwuma Yɛ Nwonwa

Twe Bi:

  1. 1. O, Agya Yehowa, wonam w’Ahenni no so,

    Woama mate w’Asɛm ase, mahu nokware som.

    Woama yɛn w’akoa nokwafo; ama mahu wo hann.

    Na woama manya ahwɛfo a wɔkyerɛ me kwan.

    Edu nhyiamu b’re a, minya anigye sɛ.

    Sɛ yɛpɔn biara meka sɛ: “Ɛnnɛ deɛ masua ‘deɛ.”

    Asafo nhyiamu ho nhyehyɛe ma asɛnka yɛ mm’rɛ;

    Misua sɛnea mɛkasa nti, minya ‘kokod’ru nnɛ.

    (NNYESO)

    Wo nnwuma yɛ nwonwa.

    W’Ahenni reyɛ adwuma.

    Agya, yɛda w’ase.

    Wo suban yɛ yɛn fɛ dodo, na ɛka yɛn koma.

    Yɛde anigye retwɛn sɛ w’Ahenni no bɛba.

  2. 2. Agya pa Yehowa, wo din pa ho bɛte daa.

    Yɛmpɛ sɛ asɛnka adwuma no befi yɛn nsa.

    Yɛnam asɛmpaka so, yɛde nkamfo ma wo din.

    Yɛate w’Asɛm no ase nnɛ;Na wode hyɛ yɛn den.

    Yɛwɔ anigye nnwom, yɛde bɛkamfo wo daa.

    Sɛ yɛyɛ abusua som, ɛma yenya gyidi paa.

    Yɛyɛ anuanom kuo, na yefi aman nyinaa mu.

    Ebi nni wiase baabiara gye sɛ w’asafo mu.

    (NNYESO)

    Wo nnwuma yɛ nwonwa.

    W’Ahenni reyɛ adwuma.

    Agya, yɛda w’ase.

    Wo suban yɛ yɛn fɛ dodo, na ɛka yɛn koma.

    Yɛde anigye retwɛn sɛ w’Ahenni no bɛba.