Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nsuro. Mɛboa Wo”

“Nsuro. Mɛboa Wo”

FA NO sɛ wonam abɔnten anadwo bi. Mpofirim ara, wote sɛ obi di w’akyi. Sɛ wugyina a, na ɔno nso agyina. Wumia wo nantew mu a, na ɔno nso amia mu. Afei, wufi ase tu mmirika kɔ w’adamfo bi a ɔbɛn hɔ fie. W’adamfo no bue ne pon, na ogye wo fɛw so. Hwɛ sɛnea wubegu ahome afa!

Ebia wunhyiaa asɛm a ɛte saa da, nanso asetenam dadwen foforo betumi agyaw wo kɔdaanna. Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ worebɔ mmɔden sɛ wubedi mmerɛwyɛ bi so, nanso woyɛ ara a, na agye agu. Worepɛ adwuma ayɛ? Woabɔ mmɔden bere tenteenten, nanso wunnya bi? Worenyin anaa? Ɛyɛ a wudwinnwen apɔwmuden ho nsɛmnsɛm a wubehyia ho? Anaa biribi foforo wɔ hɔ a ɛreteetee wo?

Ɛmfa ho nea ɛhaw wo no, sɛ wunya obi a wubetumi aka wo haw akyerɛ no na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo a, anka wompɛ? Wowɔ yɔnko berɛbo bi a ɔte saa? Wowɔ bi ankasa! Yehowa yɛ w’adamfo paa. Yesaia 41:8-13 ma yehu sɛ na yɛn nana Abraham nso yɛ Yehowa adamfo. Yehowa ka kyerɛɛ n’asomfo wɔ Yesaia 41:10, 13 sɛ: “Nsuro efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo. Mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen. Me Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu; na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro, na me ara mɛboa wo.’”

‘MESO WO MU DENNEENNEN’

Saa asɛm yi mma wo koma ntɔ wo yam? Wo de, twa asɛm a Yehowa kae no ho mfonini hwɛ. Ɛwom sɛ w’ani begye sɛ wo ne Yehowa bɛnantew de, nanso ɛha de, ɛnyɛ ɛno ho asɛm na yɛreka. Sɛ wo ne Yehowa abɔ anan renantew a, anka ɔde ne nsa nifa beso wo nsa benkum mu. Nanso, nea yɛreka yi de, Yehowa teɛ ne “trenee nsa nifa” no de so “wo nsa nifa” mu te sɛ nea ɔreyi wo afi amanehunu bi mu. Bere a ɔreyɛ saa no, ɔhyɛ wo nkuran sɛ: “Nsuro. Mɛboa wo.”

Wuhu sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ ne Adamfo a sɛ asɛm to wo a, ɔbɛboa wo? Yehowa pɛ w’asɛm, odwen wo ho, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo. Sɛ wuhyia ɔhaw bi a, Yehowa pɛ sɛ woka wo koma to wo yam efisɛ n’ani kũ wo ho. Ampa, ɔyɛ “ahohia mu boafo a ɔwɔ hɔ daa.”—Dw. 46:1.

W’AHONIM DA SO BU WO FƆ WƆ BƆNE BI A WOYƐE HO?

Ebinom ama bɔne bi a wɔyɛe bere bi a atwam haw wɔn adwene araa ma ɛyɛ wɔn sɛ ebia Onyankopɔn mfa mfirii wɔn. Sɛ wote nka saa a, susuw ɔnokwafo Hiob ho hwɛ. Ogyee ‘ne mmeranteberem mfomso’ toom. (Hiob 13:26) Odwontofo Dawid tee nka saa ara, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Nkae me mmofraberem bɔne ne me mmarato.” (Dw. 25:7) Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yɛn nyinaa ‘ayɛ bɔne na yennu Onyankopɔn anuonyam ho.’—Rom. 3:23.

Wɔkaa asɛm a ɛwɔ Yesaia ti 41 no kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no. Ná wɔayɛ bɔne a emu duru, enti Yehowa ma wɔkɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon de twee wɔn aso. (Yes. 39:6, 7) Ansa na wɔrebɛkɔ nkoasom mu mpo no, na Onyankopɔn rehwɛ kwan sɛ wɔn a wobenu wɔn ho na wɔasan aba ne nkyɛn no, obegye wɔn! (Yes. 41:8, 9; 49:8) Ɛnnɛ, Yehowa da mmɔborɔhunu a ɛte saa adi kyerɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wonya n’anim dom no.—Dw. 51:1.

Susuw Takuya suahu yi ho hwɛ. * Ná ɔhwɛ aguamansɛm ho mfonini, na na ɔde ne ho hyɛ boasipem mu nso. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegyae, nanso ɔyɛ ara a na agye agu. Ɛma ɔtee nka sɛn? Ɔkae sɛ: “Metee nka sɛ memfata, nanso bere biara a mebɔɔ Yehowa mpae srɛɛ no sɛ ɔmfa mfiri me no, metee nka sɛ wama masan agyina me nan so.” Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛɛ saa? Takuya asafo mu mpanyimfo ka kyerɛɛ no sɛ, bere biara a ɔbɛsan ayɛ bɔne no bio no, ɔmmɔ wɔn amanneɛ. Ogye tom sɛ: “Ná ɛyɛ den sɛ mɛbɔ wɔn amanneɛ, nanso bere biara a meyɛɛ saa no, wɔhyɛɛ me den.” Akyiri yi, mpanyimfo no yɛɛ nhyehyɛe maa ɔmansin sohwɛfo kɔsraa Takuya. Ɔmansin sohwɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Biribi nti na maba ha. Mpanyimfo no pɛ sɛ mebɛsra wo. Wɔn na wɔyɛɛ saa nhyehyɛe yi.” Takuya ka sɛ: “Ɛwom sɛ na mereyɛ bɔne de, nanso Yehowa nam mpanyimfo no so bɛboaa me.” Takuya nyaa nkɔso bɛyɛɛ daa kwampaefo, na seesei ɔsom wɔ Betel. Sɛnea Onyankopɔn boaa Takuya no, sɛ wo nso wohwe ase a, ɔbɛma wo so.

ADWUMASƐM AYƐ WO DADWEN?

Nnipa pii nnya adwuma nyɛ, na agyaw wɔn adwinnwen. Ebinom adwuma fi wɔn nsa a, ɛyɛ den sɛ wobenya foforo. Fa no sɛ adwumawura biara mpɛ sɛ ɔfa wo adwumam, wobɛte nka sɛn? Sɛ ɛbaa saa a, ebinom te nka sɛ mfaso nni wɔn so. Ɔkwan bɛn so na Yehowa betumi aboa wo? Ebia ɛnyɛ amonom hɔ ara na ɔbɛma woanya adwuma a wopɛ, nanso obetumi aboa wo ma woakae Ɔhene Dawid asɛm yi: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa, nanso minhuu onipa trenee a wɔagyaw no, anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” (Dw. 37:25) Nokwasɛm ne sɛ, wosom bo ma Yehowa, na sɛ ɔde ne “trenee nsa nifa” no so wo mu a, obetumi aboa wo ama woanya nea wuhia, na woatumi akɔ so asom no.

Sɛ w’adwuma fi wo nsa a, ɔkwan bɛn so na Yehowa betumi aboa wo?

Sara te Colombia. Ohui sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde boa ne nkurɔfo. Ná ɔyɛ adwuma bi a agye din, na na wotua no ka yiye nso. Nanso, na adwuma no gye ne bere. Ne nyinaa mu no, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ pii ma Yehowa. Enti ogyaee adwuma no, na ofii ase yɛɛ akwampae adwuma. Ná ɛyɛ den sɛ obenya adwuma a ɛbɛma watumi ayɛ akwampae adwuma no. Ofii ase tɔn ice-cream, nanso nkakrankakra ne dwetiri no hyewee. Enti ogyaee ice-cream no tɔn. Sara ka sɛ: “Mfe pɔrepɔre mmiɛnsa twaam a na minnya adwuma nyɛ, nanso Yehowa boaa me ma mampa abaw.” Ɔde n’adwene sii nneɛma a ohia ankasa so, na wannwinnwen afɛfɛde ho. Saa ara nso na wamfa nea ɛbɛba daakye ho asɛm anhaw ne ho. (Mat. 6:33, 34) Akyiri yi, n’adwumawura no frɛɛ no sɛ ɔnsan mmɛyɛ adwuma a na ɔyɛ no. Ɔka kyerɛɛ adwumawura no sɛ, ɔmpɛ sɛ ɔde ne bere nyinaa bɛyɛ adwuma no. Afei nso, ɔpɛ sɛ onya bere de yɛ ne som adwuma. Enti sɛ ɔbɛpene so ayɛ n’abisade no ama no a, ɛnde ɔbɛyɛ. Ɛwom sɛ sika a Sara nya seesei no nnu nea na onya kan no de, nanso ɔreyɛ akwampae adwuma no. Ne nyinaa mu no, Sara ka sɛ, “Mihu sɛ Yehowa aboa me.”

ONYIN AGYAW WO KƆDAANNA?

Onyin nso abɛyɛ ɔhaw kɛse. Sɛ nnipa pii rebɛkɔ pɛnhyen a, na ato wɔn adwinnwen. Ɛyɛ a wodwen ho sɛ, ɛhe koraa na wobenya sika a ɛbɛso wɔn ama wɔn ho adwo wɔn? Bere a wɔrenyin no, wɔsan dwinnwen wɔn apɔwmuden ho. Ɛbɛyɛ sɛ Dawid na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Ntow me nkyene me nkwakoraabere mu; bere a m’ahoɔden so ahuan no, nnyaw me.”—Dw. 71:9, 18.

Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa asomfo a wɔn mfe akɔ anim anya abotɔyam? Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so nya Onyankopɔn mu gyidi, na wonya awerɛhyem sɛ, ɔbɛma wɔn nsa aka nea wohia. Ebinom dii dɛw bere a na wɔwɔ sika no. Enti ehia sɛ, saafo no twitwa nneɛma so, na wɔma wɔn ani sɔ kakra a wɔwɔ no. Ebia wobehu sɛ, sɛ wodi “nhabamma aduan” a, eye sen sɛ wobedi “nantwi a wadɔ,” anaa aduan a ɛyɛ sɔkyee. Wobehu sɛ ebia ɛno koraa na ɛbɛma wɔanya apɔwmuden! (Mmeb. 15:17) Sɛ wode si w’ani so sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, na sɛ wunyin a, ɔbɛhwɛ wo.

José ne Rose, ɛne Tony ne Wendy

José ne Rose asom Yehowa sɛ bere nyinaa asomfo. Wɔayɛ saa adwuma no bɛboro mfe 65. Wɔde mfe pii hwɛɛ Rose papa. Ná ɛsɛ sɛ wɔtena Rose papa ho bere nyinaa. Afei nso, José nyaa kokoram ma wɔyɛɛ no oprehyɛn, na ɔnonom ɛho nnuru nso. Yemmisa sɛ, Yehowa ateɛ ne nsa nifa aso saa awarefo anokwafo yi mu anaa? Yiw, na ɔyɛɛ no sɛn? Yehowa nam awarefo bi a wɔn din de Tony ne Wendy so na aboa wɔn. José ne Rose ne wɔn na ɛwɔ asafo baako mu. Tony ne Wendy ama wɔn dan atena mu. Ná Tony ne Wendy pɛ sɛ wɔde wɔn dan no ma daa akwampaefo a wonnye wɔn sika biara. Mfe bi a atwam no, sɛ Tony gyina ne sukuu mu na ɔhwɛ ne mpomma mu a, na ɔtaa hu sɛ José ne Rose rekɔ asɛnka. Ahokeka a na wɔde yɛ wɔn som adwuma no maa n’ani gyee wɔn ho, na ɛkaa ne koma paa. Bere a Tony ne Wendy hwɛɛ sɛnea saa awarefo a wɔn mfe akɔ anim no de wɔn nkwa nna nyinaa asom Yehowa no, ɛkaa wɔn koma ma wogyee wɔn bɛtenaa wɔn nkyɛn. Mfe 15 a atwam no, wɔakɔ so aboa José ne Rose a seesei wɔadi bɛyɛ mfe 85 no. Saa awarefo a wɔn mfe akɔ anim yi hu sɛ Yehowa na ɔde Tony ne Wendy akyɛ wɔn.

Wo nso, Onyankopɔn ateɛ ne “trenee nsa nifa no mu” ama wo. Wobɛteɛ wo nsa aso Onii a wahyɛ wo bɔ no de mu? Ɔka sɛ: “Nsuro. Mɛboa wo.”

^ nky. 11 Wɔasesa edin ahorow no bi.