Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Eric ne Amy

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Ghana

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Ghana

WUNIM onua anaa onuawa bi a watu afi ne man mu kɔ ɔman a wohia Ahenni adawurubɔfo pii so? Wɔtaa frɛ Adansefo a wɔte saa wɔn a wɔkɔ aman a wohia mmoa so kɔboa. Woabisa pɛn sɛ: ‘Dɛn na ɛkanyan wɔn ma wɔkɔsom wɔ amannɔne? Nhyehyɛe bɛn na wɔyɛ na ama wɔatumi akɔyɛ saa ɔsom adwuma yi? So metumi ayɛ bi?’ Ɔkwan pa a yebetumi afa so anya ho mmuae paa ne sɛ, anuanom a wɔatumi ayɛ saa adwuma no bi no, yebebisa wɔn nsɛm. Momma yentie nea wɔwɔ ka.

DƐN NA ƐKANYAN WƆN?

Dɛn na ɛma woyɛɛ w’adwene sɛ wobɛkɔ akɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia wɔ ɔman foforo so? Amy fi United States, na wadi bɛyɛ mfe 35. Ɔkae sɛ: “Mfe pii ni na na mede ayɛ me botae sɛ mɛkɔ akɔsom wɔ ɔman foforo so, nanso ɛyɛɛ me sɛ merentumi nyɛ saa da.” Dɛn na ɛma ɔsesaa n’adwene? “Afe 2004 no, awarefo bi a na wɔsom wɔ Belize too nsa frɛɛ me sɛ memmɛsra wɔn. Wɔkae sɛ me ne wɔn mmom nyɛ akwampae adwuma bosome baako. Mekɔe no, m’ani gyei paa! Afe baako akyi, mekɔɔ Ghana kɔyɛɛ daa akwampae adwuma.”

Aaron ne Stephanie

Stephanie fi United States. Seesei ɔreyɛ anya mfe 30. Mfe kakraa a atwam no, osusuw n’asetenam nsɛm ho kɔɔ akyiri, na ɔkae sɛ: ‘Mewɔ apɔwmuden na minni abusua mu asɛyɛde biara. Nokwasɛm ne sɛ, mihui sɛ metumi ayɛ pii ama Yehowa asen nea na mereyɛ no.’ Bere a ɔhwehwɛɛ n’asetenam yiye saa no, ɛkanyan no ma ɔkɔɔ Ghana kɔtrɛw ne som adwuma mu. Filip ne Ida fi Denmark. Wɔyɛ akwampaefo a wɔn ani afi. Ná wɔn koma so ade paa ne sɛ, wɔbɛkɔ akɔsom beae a mmoa ho hia. Wɔhwehwɛɛ akwan a wobetumi afa so adu wɔn botae no ho. Filip ka sɛ: “Bere a hokwan no bae no, na ɛte sɛ nea Yehowa reka akyerɛ yɛn sɛ: ‘Monkɔ mo anim!’” Afe 2008 no, wɔkɔɔ Ghana, na wɔde mfe mmiɛnsa kɔkaa asɛm no wɔ hɔ.

Brook ne Hans

Hans ne Brook yɛ awarefo a wɔadi boro mfe 30. Wɔresom sɛ akwampaefo wɔ United States. Afe 2005, bere a Hurricane Katrina sɛee nneɛma pii no, Hans ne Brook kɔboaa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu no. Ɛno akyi no, wɔyɛe sɛ wɔbɛkɔ akɔboa adansi adwuma a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no, nanso wɔamfrɛ wɔn. Hans ka sɛ: “Yɛkɔɔ nhyiam bi, na ɔkasa bi a yetiei no ma yehui sɛ bere a Yehowa amma Ɔhene Dawid ansi asɔrefie no, Dawid gye toom, na ɔsesaa n’adwene. Saa asɛm no boaa yɛn ma yehui sɛ mfomso biara nni ho sɛ obi bɛsesa botae a ɔde asi n’ani so wɔ Onyankopɔn som mu.” (1 Be. 17:1-4, 11, 12; 22:5-11) Brook nso de ka ho sɛ: “Ná Yehowa pɛ sɛ yɛbɔ ɔpon foforo mu.”

Hans ne Brook nnamfonom a wɔakɔsom wɔ aman foforo so kaa osuahu a ɛhyɛ nkuran kyerɛɛ wɔn. Ɛno kanyan wɔn ma wɔyɛe sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ akwampae adwuma wɔ ɔman foforo so. Afei afe 2012 no, wɔkɔɔ Ghana de abosome nnan kɔboaa asafo bi a wɔka mum kasa. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ wɔsan kɔ United States de, nanso osuahu a wonyae bere a wɔresom wɔ Ghana no boaa wɔn. Wei ama wɔasi wɔn bo sɛ wɔde Ahenni nneɛma bedi kan wɔ wɔn asetenam biribiara mu. Efi saa bere no, wɔakɔboa ama wɔasi baa dwumadibea bi wɔ Micronesia.

WOTUU ANAMMƆN A ƐBƐMA WƆADU WƆN BOTAE HO

Dɛn na woyɛe de siesiee wo ho kɔyɛɛ adwuma wɔ beae a wohia mmoa no? Stephanie ka sɛ: “Meyɛɛ nhwehwɛmu wɔ Ɔwɛn-Aban mu. Mehwehwɛɛ nsɛm a ɛfa beae a wohia mmoa pii a mɛkɔ akɔsom no ho. * Mesan ne asafo no mu mpanyimfo, ɔmansin sohwɛfo ne ne yere bɔɔ nkɔmmɔ. Mekaa ɔman foforo so a mepɛ sɛ mekɔsom no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Nea ɛsen ne nyinaa no, mekaa me botae no ho asɛm kyerɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu mpɛn pii.” Bere koro no ara Stephanie yɛɛ ne ho awiɛmfoɔ. Wei boaa no ma otumi siee sika a ɔde bɛhwɛ ne ho bere a wakɔ ɔman foforo so no.

Hans ka sɛ: “Esiane sɛ na yɛpɛ sɛ yɛkɔ baabi a Yehowa bɛkyerɛ yɛn nti, yɛbɔɔ mpae hwehwɛɛ n’akwankyerɛ. Bio nso, da pɔtee a na yɛpɛ sɛ yɛkɔ ɔman foforo so no, yɛkaa ho asɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu.” Awarefo no kyerɛw nkrataa kɔɔ baa dwumadibea nnan de bisae sɛ wobetumi akɔsom wɔ aman no bi mu anaa. Bere a Ghana baa dwumadibea kae sɛ wobetumi akɔsom wɔ ɔman no mu no, wɔkɔe. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobɛkɔ akodi abosome mmienu. Hans ka sɛ: “Adwuma a yɛne asafo no yɛe no maa yɛn ani gyei araa ma yedii bere no bi kaa ho.”

Adria ne George

George ne Adria fi Canada. Wɔyɛ awarefo a wɔreyɛ anya mfe 40. Ná wonim sɛ, sɛ obi si gyinae pa a na Yehowa hyira so, na ɛnyɛ adwene pa kɛkɛ a obenya. Enti wotuu anammɔn pɔtee a ɛbɛma wɔadu wɔn botae no ho. Wɔne onuawa bi a ɔresom wɔ beae a mmoa ho hia wɔ Ghana kasae, na wobisaa no nsɛm pii. Wɔsan kyerɛw baa dwumadibea a ɛwɔ Canada ne Ghana. Adria ka sɛ: “Ɛwom sɛ na yɛayɛ yɛn ho awiɛmfoɔ de, nanso yɛsan hwɛɛ akwan a yɛbɛfa so atwitwa nneɛma so koraa.” Saa gyinae a wosisii no boaa wɔn ma enti wɔ afe 2004 mu no, wotumi kɔɔ Ghana.

NEA WƆYƐE DE GYINAA NSƐNNENNEN ANO

Bere a wokɔɔ beae a mmoa ho hia no, nsɛnnennen bɛn na wuhyiae, na woyɛɛ dɛn gyinaa ano? Asɛnnennen a Amy dii kan hyiae ne sɛ, n’ani gyinaa fie. Ɔka sɛ: “Prɛko pɛ, biribiara sesae wɔ m’ani so.” Dɛn na ɛboaa no? Ɔka sɛ: “M’abusuafo ne me kasae wɔ fon so. Wɔkae sɛ wɔn ani sɔ ɔsom adwuma a mereyɛ no. Ɛno boaa me maa me werɛ amfi nea enti a mituu kwan no da. Akyiri yi, me ne m’abusuafo no bɔɔ nkɔmmɔ wɔ video so. Esiane sɛ na yehu yɛn ho nti, na ɛyɛ me sɛ m’abusuafo no nni akyiri koraa.” Amy ka sɛ ɔfaa onuawa bi a ne ho akokwaw adamfo wɔ Ghana. Saa onuawa no boaa no ma ɔtee ɛhɔnom amammerɛ ase. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ na mente nea enti a nkurɔfo yɛ biribi ase a, ɔno na na mekɔ ne nkyɛn kɔka m’asɛm kyerɛ no. Ná ɔma mihu nea ɛsɛ sɛ meyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ meyɛ. Ɛno boaa me paa ma mede anigye yɛɛ me som adwuma no.”

George ne Adria ka sɛ, bere a edi kan a wɔkɔɔ Ghana no, ɛyɛe sɛ nea wɔasan akɔ tete. Adria ka sɛ: “Ná yenni afiri a yɛde si nneɛma, enti na yesi yɛn ntade wɔ bokiti mu. Esiane sɛ na yenni nnwinnade a ɛma yetumi noa aduan ntɛmntɛm nti, sɛ yɛde aduan si gya so a, na ɛkyɛ paa ansa na aben. Nanso bere bi akyi no, nneɛma mu bɛyɛɛ mmerɛw maa yɛn.” Brook ka sɛ: “Akwampaefo hyia ɔhaw pii, nanso yɛn bo tɔ yɛn yam. Sɛ yɛka osuahu a ɛhyɛ nkuran a yɛanya nyinaa bom a, ɛma yɛn ani gye paa.”

ADWUMA A ƐMA ABOTƆYAM

Adɛn nti na wobɛkamfo akyerɛ afoforo sɛ wɔnyɛ saa Ahenni adwuma yi bi? Stephanie ka sɛ: “Hwɛ sɛ woreka asɛmpa no wɔ asasesin bi mu. Nnipa a wuhyia wɔn no pɛ sɛ wohu nokware no, na wɔn ani gye ho sɛ wɔne wo besua Bible da biara da. Hwɛ sɛnea w’ani begye afa! Beae a mmoa ho hia a mekɔsomee no yɛ gyinae papa paa a masisi no mu baako!” Afe 2014 no, Aaron waree Stephanie, na seesei, wɔresom wɔ Ghana baa dwumadibea.

Christine yɛ ɔkwampaefo a ofi Germany. Wadi mfe 30 ne kakra. Ɔka sɛ: “Asɛnka adwuma no yɛ anigye paa.” Christine kɔyɛɛ asɛmpaka adwuma wɔ Bolivia ansa na ɔrekɔ Ghana. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ me ne m’abusuafo ntam kwan ware nti, bere nyinaa medan kɔ Yehowa nkyɛn. Seesei mabɛn Yehowa sen bere biara. Mihu baakoyɛ soronko a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu no nso. Beae a mmoa ho hia a makɔsom no ama manya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu.” Nnansa yi ara na Gideon waree Christine, na wɔn baanu nyinaa resom wɔ Ghana.

Christine ne Gideon

Filip ne Ida ma yehu nea wɔyɛe de boaa wɔn Bible asuafo ma wonyaa nkɔso. Wɔka sɛ: “Bere bi a atwam no, na yɛyɛ Bible adesua 15 anaa nea ɛboro saa. Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akyerɛkyerɛ wɔn yiye no, yɛyɛɛ 10 pɛ.” Sɛn na saa a wɔyɛe no boaa asuafo no? Filip ka sɛ: “Me ne aberante bi a ne din de Michael suaa ade. Ná yesua ade da biara, na na odi kan sua ansa na yɛahyia. Enti yɛde bosome baako na esuaa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no. Ɛno akyi no, Michael bɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu. Ɛda a edi kan a ɔkɔɔ asɛnka no, obisaa me sɛ: ‘Wone me bɛkɔ me Bible asuafo hɔ akɔboa me?’ Ne ho yɛɛ me nwonwa. Michael kae sɛ ɔne nnipa mmiɛnsa na esua ade. Ná ɔpɛ sɛ mekɔboa no ma ɔne wɔn sua ade.” Wode hwɛ asɛm, akyerɛkyerɛfo pii ho abehia araa ma Bible asuafo mpo abɛdan Bible akyerɛkyerɛfo!

Ida ne Filip

Amy kyerɛ sɛ ankyɛ koraa na ohui sɛ mmoa ho hia paa. Ɔka sɛ: “Yeduu Ghana no, yɛkaa asɛmpa no wɔ akuraa ketewaa bi ase, na yɛhwehwɛɛ wɔn a wɔyɛ mum. Saa akuraa no nko ara ase no, yenyaa mum mmaako mmaako nwɔtwe!” Bere bi akyi, Eric waree Amy, na wɔn baanu nyinaa resom sɛ akwampaefo titiriw. Wɔreboa asafo bi a ɛka mum kasa. Adawurubɔfo a wɔyɛ mum bɛboro 300 na ɛwɔ ɔman no mu, na anigyefo pii nso ka wɔn ho. George ne Adria ka sɛ, asɛnka adwuma a wɔyɛe wɔ Ghana no ma wohuu asɛmpatrɛw adwuma no ani so paa. Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 126 no, wɔtoo nsa frɛɛ wɔn ma wɔkɔɔ bi. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei! Seesei wɔreyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Mozambique.

ƆDƆ NA ƐKANYAN WƆN

Ɛyɛ anigye paa sɛ anuanom pii a wofi aman foforo so ne anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ ɔman no mu abom reyɛ otwa adwuma no. (Yoh. 4:35) Nnawɔtwe biara, adawurubɔfo 120 na wɔbɔ asu wɔ Ghana. Anuanom 17 na wɔatu wɔn ho ama akɔka asɛmpa no wɔ Ghana. Saa ara na ɔdɔ a asɛmpakafo mpempem pii wɔ ma Yehowa nti, ‘wɔatu wɔn ho ama’ reka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Wɔreka asɛmpa no wɔ mmeae a wohia Ahenni adawurubɔfo pii. Nokwasɛm ne sɛ, asɛmpakafo a wɔayi wɔn yam saa no ma Yehowa koma tɔ ne yam!—Dw. 110:3; Mmeb. 27:11.

^ nky. 9 Sɛ nhwɛso no, hwɛ Ɔwɛn-Aban mu nsɛm yi, “Wubetumi Akɔsom wɔ Baabi a Wohia Ahenni Adawurubɔfo Pii?” ne “So Wubetumi Atwa Akɔ Makedonia?”—April 15 ne December 15, 2009, Ɔwɛn-Aban.