Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 44

Wo Ne Wo Nuanom Mfa Nnamfo Denneennen Ansa Na Awiei No Aba

Wo Ne Wo Nuanom Mfa Nnamfo Denneennen Ansa Na Awiei No Aba

“Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa.”—MMEB. 17:17.

DWOM 101 Yɛde Baakoyɛ Bom Yɛ Adwuma

NEA YƐREBESUA *

“Ahohiahia kɛse no” ba a, yebehia nnamfo pa (Hwɛ nkyekyɛm 2) *

1-2. Sɛnea 1 Petro 4:7, 8 kyerɛ no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛagyina amanehunu ano?

YƐABƐN “nna a edi akyiri” no awiei paa, enti yebetumi ahu amane papaapa. (2 Tim. 3:1) Nhwɛso bi ni. Bere bi wɔtow aba wɔ ɔman bi a ɛwɔ Afrika Atɔe fam. Wowiei no, nkurɔfo koo ntɔkwaw na wɔyɛɛ basabasa paa. Ntɔkwaw a na ɛrekɔ so nti, bɛboro abosome nsia na yɛn nuanom ntumi nkɔɔ baabiara. Dɛn na ɛboaa wɔn ma wotumi gyinaa ɔhaw yi ano? Anuanom a wɔte baabi a ahobammɔ wɔ no gyee anuanom binom tenaa wɔn afie. Onua bi kaa sɛ: “Asɛm yi sii no, m’ani gyei paa efisɛ na me nnamfo ka me ho. Yetumi hyehyɛɛ yɛn ho nkuran.”

2 Sɛ “ahohiahia kɛse no” fi ase a, yɛn ani begye sɛ yɛwɔ nnamfo pa a wɔdɔ yɛn. (Adi. 7:14) Enti ɛho hia paa sɛ yɛne yɛn nuanom fa nnamfo denneennen nnɛ. (Kenkan 1 Petro 4:7, 8.) Yebetumi asua nneɛma pii afi Yeremia hɔ. Aka kakra ama wɔasɛe Yerusalem no, ne nnamfo boaa no ma onyaa ne ti didii mu. * Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yeremia?

SUASUA YEREMIA

3. (a) Dɛn na anka ebetumi ama Yeremia atew ne ho afi afoforo ho? (b) Dɛn na Yeremia ka kyerɛɛ ne kyerɛwfo Baruk, na dɛn na efii mu bae?

3 Yeremia tenaa nnipa a na wonni nokware mu bɛboro mfe 40. Ná wɔn mu bi yɛ n’afipamfo, na ɛbɛyɛ sɛ na ebinom nso yɛ n’abusuafo a wofi ne kurom Anatot. (Yer. 11:21; 12:6) Nanso Yeremia antew ne ho amfi afoforo ho. Nokwasɛm ne sɛ, ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ ne kyerɛwfo nokwafo Baruk, na yɛn nso wɔakyerɛw ato hɔ ama yɛn. (Yer. 8:21; 9:1; 20:14-18; 45:1) Yebetumi aka sɛ bere a Baruk rekyerɛw nsɛm a esisii wɔ Yeremia asetena mu no, ɛmaa wɔn mmienu pɛɛ wɔn ho asɛm paa na obiara nyaa obu maa ne yɔnko.—Yer. 20:1, 2; 26:7-11.

4. Adwuma bɛn na Yehowa de maa Yeremia, na sɛn na saa adwuma no hyɛɛ adamfofa a na ɛwɔ Yeremia ne Baruk ntam no mu den?

4 Yeremia de akokoduru bɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ asɛm rebɛto Yerusalem. Ɔyɛɛ saa mfe pii. (Yer. 25:3) Bere foforo a Yehowa hyɛɛ nkurɔfo no nkuran sɛ wɔnsakra no, ɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnkyerɛw nsɛm a ɔde rebɔ wɔn kɔkɔ no wɔ nhoma mmobɔwee so. (Yer. 36:1-4) Ɛbɛyɛ sɛ Yeremia ne Baruk de abosome pii na ɛyɛɛ saa adwuma yi. Bere a woboom yɛɛ adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn nsa no, ɛnyɛ dɛn ara a na wɔbɛbɔ nkɔmmɔ a ɛbɛhyɛ wɔn gyidi den.

5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Baruk yɛ Yeremia yɔnko berɛbo?

5 Bere soe sɛ Yeremia ka asɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu kyerɛ nkurɔfo no, na ɛsɛ sɛ ɔsoma Baruk ma ɔkɔka kyerɛ wɔn. (Yer. 36:5, 6) Baruk de akokoduru kɔyɛɛ adwuma a anka ebetumi de ne nkwa ato asiane mu no. Bere a Baruk kɔɔ asɔrefie no adiwo kɔkenkan nhoma mmobɔwee no mu asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no, wunhu sɛ na ɛbɛma Yeremia ani agye paa? (Yer. 36:8-10) Yuda mpanyimfo no tee nea Baruk yɛe no ho asɛm, enti wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ ɔnkenkan nhoma mmobɔwee no den nkyerɛ wɔn! (Yer. 36:14, 15) Mpanyimfo no sii gyinae sɛ wɔbɛka asɛm a Yeremia kae no akyerɛ Ɔhene Yehoiakim. Ná wodwen Baruk ho, enti wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kohintaw, wo ne Yeremia, na obiara anhu nea mowɔ.” (Yer. 36:16-19) Ná wei yɛ afotu pa!

6. Bere a Yeremia ne Baruk hyiaa ɔsɔretia no, dɛn na wɔyɛe?

6 Bere a Ɔhene Yehoiakim tee asɛm a Yeremia akyerɛw no, ne bo fuwii araa ma ɔhyew nhoma mmobɔwee no, na ɔsomae sɛ wɔnkɔkyere Yeremia ne Baruk. Nanso, Yeremia ammɔ hu. Yeremia faa nhoma mmobɔwee foforo de maa Baruk, na ɔkaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ Baruk ma ɔkyerɛw “nhoma a Yuda hene Yehoiakim de ogya hyewee no mu nsɛm” nyinaa.— Yer. 36:26-28, 32.

7. Bere a Yeremia ne Baruk boom yɛɛ adwuma no, ɛbɛyɛ sɛ dɛn na efii mu bae?

7 Sɛ nnipa bi fa sɔhwɛ mu a, mpɛn pii no, ɛma adamfofa a ɛwɔ wɔn ntam no mu yɛ den. Enti ebetumi aba sɛ bere a Yeremia ne Baruk boom yɛɛ adwuma san kyerɛw nhoma mmobɔwee a Ɔhene Yehoiakim hyew no no, ɛmaa wɔn mu biara huu ne yɔnko suban pa yiye. Nea mmarima anokwafo mmienu yi yɛe no boa yɛn sɛn?

KA WO KOMAM ASƐM KYERƐ WO NNAMFO

8. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛne yɛn nuanom bɛfa nnamfo denneennen, na adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛrentumi nyɛ saa?

8 Ebia bere bi a atwam no, obi yɛɛ ade ma ɛyɛɛ yɛn yaw, enti ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛka yɛn komam asɛm akyerɛ afoforo. (Mmeb. 18:19, 24) Ebi nso a, yɛte nka sɛ yenni adagyew na yɛne yɛn nuanom afa nnamfo papee. Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɛrentumi nyɛ yiye. Ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛka nea ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu akyerɛ yɛn nuanom, na sɛ yehyia sɔhwɛ a wɔaboa yɛn. Wei yɛ ade baako a yɛyɛ a ɛbɛma yɛne wɔn afa nnamfo denneennen.—1 Pet. 1:22.

9. (a) Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔwɔ ne nnamfo mu ahotoso? (b) Sɛ woka wo koma mu asɛm kyerɛ afoforo a, sɛn na ebetumi aboa wo ma wo ne wɔn afa nnamfo denneennen? Ma ɛho nhwɛso.

9 Yesu kyerɛe sɛ ɔwɔ ne nnamfo mu ahotoso; ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ wɔn a wamfa biribiara ansie wɔn. (Yoh. 15:15) Nea ɛma yɛn ani gye, nea ɛhaw yɛn, ne nea ɛhyɛ yɛn abufuw no, sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo a, na yɛresuasua Yesu. Sɛ obi ne wo rekasa a, ɛyɛ a wɛn w’aso tie, na ebia wubehu sɛ wo ne n’adwene hyia wɔ nneɛma pii ho, na mowɔ botae koro. Ma yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Cindy; wadi mfe 29. Ɔfaa onuawa kwampaefo bi a wadi mfe 67 adamfo; ne din de Marie-Louise. Yawda anɔpa biara, Cindy ne Marie-Louise bom kɔ asɛnka, na ɛyɛ a wɔbɔ nneɛma pii ho nkɔmmɔ. Cindy ka sɛ, “M’ani gye ho sɛ me ne me nnamfo bɛbɔ nkɔmmɔ akɔ akyi, efisɛ ɛboa ma mihu wɔn yiye na mete wɔn ase nso.” Nnamfo a woyi wɔn yam bɔ nkɔmmɔ no, mframa mfa wɔn ntam. Sɛnea Cindy yɛe no, sɛ wufi wo pɛ mu ka wo komam asɛm kyerɛ afoforo na wo ne wɔn bɔ nkɔmmɔ a, ebetumi ama mo adamfofa no mu ayɛ den.—Mmeb. 27:9.

MOMMOM NYƐ ADWUMA

Nnamfo pa bom kɔ asɛnka (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Sɛnea Mmebusɛm 27:17 ma yehu no, sɛ yɛne yɛn nuanom bom yɛ adwuma a, adepa bɛn na ebetumi afi mu aba?

10 Sɛ yɛne yɛn nuanom bom yɛ adwuma na yehu suban pa a wɔwɔ a, ɛma yesuasua wɔn na yɛbɛn wɔn paa. Saa na na ɛte wɔ Yeremia ne Baruk ntam. (Kenkan Mmebusɛm 27:17.) Yɛmfa no sɛ wo ne w’adamfo nam asɛnka mu. Sɛ wuhu sɛ ɔde akokoduru kyerɛkyerɛ ne gyidi mu anaa ɔde ahotoso ka Yehowa ne n’atirimpɔw ho asɛm a, wobɛte nka sɛn? Ebia ɛbɛma woapɛ n’asɛm paa.

11-12. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea yɛne yɛn nnamfo kɔ asɛnka a, ebetumi aboa yɛn ama yɛahyɛ yɛn adamfofa mu den.

11 Sɛ yɛne afoforo kɔ asɛnka a, ɛma yɛdodɔ yɛn ho paa. Momma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso mmienu. Adeline yɛ onuawa a wadi mfe 23. Ɔka kyerɛɛ n’adamfo baako a ɔde Candice sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔyɛ asɛnka adwuma wɔ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma mu. Adeline ka sɛ, “Ná yɛpɛ sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no, na ama yɛn ani agye paa. Ná yɛn mmienu nyinaa hia nkuranhyɛ na ama yɛatumi akɔ so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu.” Woboom yɛɛ adwuma no, ɛboaa wɔn sɛn? Adeline ka sɛ, “Da biara yɛkɔ asɛnka ba a, sɛnea nkɔmmɔ a yɛbɔe no hyɛɛ yɛn nkuran, ne sɛnea yehui sɛ Yehowa rekyerɛ yɛn kwan wɔ asɛnka mu no, na yɛbɔ ho nkɔmmɔ. Ná yɛn mmienu nyinaa ani gye nkɔmmɔ a ɛte saa ho, na ɛma yehuu yɛn ho yiye paa.”

12 Laïla ne Marianne yɛ anuanom mmea asigyafo a wofi France. Wɔde nnawɔtwe nnum kɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ Bangui; ɛyɛ Central African Republic ahenkurow, na nnipa ahyɛ hɔ mã. Laïla ka sɛ: “Ná nneɛma nkɔ yiye wɔ me ne Marianne ntam, nanso esiane sɛ na obiara tumi ka ne komam asɛm kyerɛ ne yɔnko na yɛdɔ yɛn ho paa nti, yɛn adamfofa no mu yɛɛ den. Mihui sɛ Marianne yɛ fakaa, ɔdɔ kurom hɔfo, na ɔde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Ɛno maa m’ani gyee ne ho paa.” Wei nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wutu kwan kɔ ɔman foforo so ansa na woanya nhyira yi bi. Bere biara a wo ne onua anaa onuawa bi bɛyɛ mo asafo no asasesin mu adwuma no, ɛyɛ hokwan a wode behu no yiye na ama mo adamfofa mu ayɛ den.

FA W’ADWENE SI SUBAN PA A WO NNAMFO WƆ NO SO, NA FA BƆNE KYƐ

13. Sɛ yɛne yɛn nnamfo bom yɛ adwuma a, ɔhaw bɛn na ebetumi de aba?

13 Ɛtɔ da na yɛne yɛn nnamfo bom yɛ adwuma a, ɛnyɛ wɔn suban pa nko na yehu; yehu wɔn mfomso nso. Yɛn nuanom mfomso nyinaa akyi no, dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛakɔ so ne wɔn afa nnamfo? Momma yɛnsan nhwɛ Yeremia asɛm no. Dɛn na ɛboaa no ma ohuu suban pa a afoforo wɔ na obuu n’ani guu wɔn mfomso so?

14. Dɛn na Yeremia hu faa Yehowa ho, na ɛboaa no sɛn?

14 Yeremia na ɔkyerɛw Bible mu nhoma a ne din da so no, na ɛbɛyɛ sɛ ɔno ara na ɔkyerɛw Ahene nhoma a edi kan ne nea ɛto so mmienu no nso. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa adwuma no ma ohui paa sɛ Yehowa hu nnipa a wɔtɔ sin mmɔbɔ. Ɛho nhwɛso ni. Ná Yeremia nim sɛ bere a Ɔhene Ahab sesa fii ne kwammɔne ho no, Yehowa ansɛe n’asefo wɔ ne bere so. (1 Ahe. 21:27-29) Afei nso, na Yeremia nim sɛ Manase yɛɛ nneɛma pii de hyɛɛ Yehowa abufuw sen nea Ahab yɛe no. Nanso Yehowa de Manase bɔne kyɛɛ no efisɛ ɔsakrae. (2 Ahe. 21:16, 17; 2 Be. 33:10-13) Ɛbɛyɛ sɛ saa kyerɛwtohɔ ahorow no boaa Yeremia ma osuasuaa Onyankopɔn abotare ne ne mmɔborɔhunu, na ɛno ma onyaa ne nnamfo ho abotare na ɔdaa mmɔborɔhunu adi kyerɛɛ wɔn.—Dw. 103:8, 9.

15. Bere a Baruk maa nneɛma twetwee n’adwene no, dɛn na Yeremia yɛe de suasuaa Yehowa abotare?

15 Bere a Baruk maa nneɛma twetwee n’adwene wɔ ne som adwuma mu bere tiaa bi no, hwɛ nea Yeremia yɛ de boaa no. Yeremia ampere ne ho anka sɛ ɔremmoa n’adamfo no bio, mmom asɛm a Onyankopɔn de somaa Yeremia no, ɔka kyerɛɛ Baruk pefee, nanso wamfa antwiw n’anim. (Yer. 45:1-5) Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu?

Nnamfo pa de mfomso kyɛ korakora (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Sɛnea Mmebusɛm 17:9 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛne yɛn nnamfo ntam ansɛe?

16 Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn nuanom nyɛ pɛ. Ɛno nti, sɛ yɛne yɛn nuanom fa nnamfo denneennen a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛremma biribiara nsɛe yɛne wɔn ntam. Sɛ yɛn nnamfo di mfomso a, ebia ebehia sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm tu wɔn fo a yɛremfa biribiara nsie, nanso ɛnsɛ sɛ yɛde twiw wɔn anim. (Dw. 141:5) Afei nso, sɛ wɔyɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ wɔn. Sɛ yɛde wɔn mfomso kyɛ wɔn a, ɛnsɛ sɛ yɛkɔfa nea wɔyɛe no ho asɛm ba bio bere foforo. (Kenkan Mmebusɛm 17:9.) Ade a ɛho hia paa sɛ yɛyɛ wɔ mmere a emu yɛ den yi mu ne sɛ yɛbɛhwɛ suban pa a ɛwɔ yɛn nuanom ho, na ɛnyɛ wɔn mfomso. Yɛyɛ saa a, ɛhyɛ yɛne wɔn adamfofa mu den. Ɛho hia sɛ yɛyɛ saa nnɛ efisɛ sɛ ahohiahia kɛse no ba a, yebehia yɛn nnamfo paa.

MMA BIRIBIARA NTETEW WO NE WO NNAMFO NTAM

17. Dɛn na Yeremia yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔyɛ yɔnko berɛbo wɔ ahohia bere mu?

17 Yeremia yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ na ɔyɛ yɔnko berɛbo wɔ ahohia bere mu. Nea ɔyɛe ni. Bere a Ebed-Melek a ɔyɛ ahemfie panyin no yii Yeremia fii abura bi a dontori wom mu de gyee no nkwa no, na Ebed-Melek suro sɛ mpanyimfo no bɛyɛ ɔno Ebed-Melek bɔne. Bere a Yeremia tee ho asɛm no, wanka n’ano antom, na wannyaw n’adamfo no amma ɔno nko ara amfa ɔhaw no mu. Ɛmfa ho sɛ na Yeremia da afiase no, ɔyɛɛ nea obetumi biara hyɛɛ n’adamfo Ebed-Melek nkuran; ɔkaa ɛbɔ a Yehowa hyɛe no kyerɛɛ no de kyekyee ne werɛ.—Yer. 38:7-13; 39:15-18.

Nnamfo pa boa wɔn nuanom a wɔakɔ ahohia mu (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Sɛnea Mmebusɛm 17:17 kyerɛ no, sɛ yɛn adamfo bi rehu amane a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

18 Ɛnnɛ, yɛn nuanom hyia ɔhaw ahorow pii. Ɛho nhwɛso ne sɛ, atoyerɛnkyɛm anaa akokoakoko ma yɛn nuanom bebree hu amane. Sɛ biribi a ɛte saa si a, yɛn mu bi betumi agye yɛn nuanom yi atena yɛn afie mu. Afoforo nso betumi de wɔn sika aboa. Nanso, yɛn nyinaa betumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn nnamfo yi. Sɛ yehu sɛ yɛn nua bi abam abu a, ebia yɛrenhu asɛm a yɛnka anaa nea yɛnyɛ. Nanso, nneɛma pii wɔ hɔ a yɛn nyinaa betumi ayɛ de aboa. Ebi ne sɛ, yebetumi apɛ bere de akɔsra no. Sɛ yɛn nua no rekasa a, yebetumi ayɛ aso atie no ama wahu sɛ yedwen ne ho. Afei nso, yebetumi aka kyerɛwsɛm bi a ɛda yɛn koma so mu asɛm akyerɛ no de akyekye ne werɛ. (Yes. 50:4) Nea ehia paa ne sɛ wobɛboa wo nnamfo bere a wohia wo.—Kenkan Mmebusɛm 17:17.

19. Sɛ yɛne yɛn nuanom fa nnamfo denneennen nnɛ a, sɛn na ɛbɛboa yɛn daakye?

19 Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ne yɛn nuanom fa nnamfo denneennen nnɛ, na ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara tetew yɛne wɔn ntam. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn atamfo bɛyere wɔn ho sɛ wɔnam atosɛm ne nnaadaasɛm so bɛma yɛn mu apaapae. Wɔbɛyɛ araa sɛ wɔbɛma yɛako atia yɛn ho yɛn ho. Nanso, nea wɔbɛyɛ biara renkosi hwee. Wɔrentumi nsɛe ɔdɔ a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom ntam no da. Biribiara nni hɔ a wɔyɛ a ebetumi asɛe ayɔnkofa a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom ntam no. Nokwasɛm ne sɛ, ayɔnkofa a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom ntam no, ɛto rentwa wɔ awiei mmere yi mu, ɛbɛtena hɔ afebɔɔ!

DWOM 24 Bra Yehowa Bepɔw So

^ nky. 5 Bere a awiei no rebɛn no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hyɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo adamfofa mu den. Adesua yi mu no, nea ɛtoo Yeremia no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi mu. Yɛbɛsan ahu sɛ, sɛ yɛne yɛn nuanom fa nnamfo denneennen nnɛ a, ɛbɛboa yɛn bere a nneɛma mu ayɛ den.

^ nky. 2 Yeremia nhoma no mu nsɛm no, wankyerɛw no nnidiso nnidiso.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Mfoni yi ma yehu nea ebetumi asi daakye wɔ “ahohiahia kɛse no” mu. Anuanom bi ahyia wɔ onua bi fie sɛnea ɛbɛyɛ a obiara adwene mma wɔn so. Esiane sɛ wɔyɛ nnamfo nti, wotumi kyekye wɔn ho wɔn ho werɛ wɔ saa sɔhwɛ bere no mu. Ná saa anuanom yi afa nnamfo denneennen ansa na ahohiahia kɛse no refi ase koraa.