Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 36

Harmagedon Yɛ Asɛmpa!

Harmagedon Yɛ Asɛmpa!

“Wɔboaboaa ahene no ano kɔɔ . . . Harmagedon.”—ADI. 16:16.

DWOM 150 Hwehwɛ Nyankopɔn na Nya Nkwa

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Adɛn nti na Harmagedon yɛ asɛmpa ma adesamma? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

WOATE pɛn sɛ nkurɔfo reka sɛ “Harmagedon” yɛ nuklea ko anaa atoyerɛnkyɛm bi a ɛrebɛsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia? Nea Bible ka fa Harmagedon ho de, ɛyɛ asɛmpa a ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye! (Adi. 1:3) Harmagedon ko no rensɛe adesamma, na mmom ebegye wɔn nkwa! Adɛn nti na yɛreka saa?

2 Bible ma yehu sɛ Harmagedon ko no de nnipa tumidi bɛba awiei na agye nnipa nkwa. Harmagedon ko no bɛsɛe abɔnefo na agye treneefo nkwa. Ɛbɛbɔ yɛn asase yi ho ban na ansɛe, na agye adesamma nkwa. (Adi. 11:18) Nea ɛbɛma yɛate saa nokwasɛm yi ase yiye no, momma yensusuw nsɛmmisa nnan a edi hɔ yi ho: Dɛn ne Harmagedon? Nsɛm bɛn na ebesisi ansa na aba? Dɛn na yebetumi ayɛ na wɔde yɛn aka nkurɔfo a wobegye wɔn nkwa wɔ Harmagedon no ho? Bere a Harmagedon rebɛn no, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so adi nokware?

DƐN NE HARMAGEDON?

3. (a) Asɛmfua “Harmagedon” kyerɛ sɛn? (b) Sɛnea Adiyisɛm 16:14, 16 kyerɛ no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ Harmagedon nyɛ beae pɔtee bi a ɛwɔ asase so?

3 Kenkan Adiyisɛm 16:14, 16. Asɛmfua “Harmagedon” pue pɛnkoro pɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, na ɛyɛ Hebri kasa a ɛkyerɛ Megido Bepɔw. (Adi. 16:16) Ná Megido yɛ kurow a ɛwɔ tete Israel. (Yos. 17:11) Nanso, Harmagedon nyɛ beae pɔtee bi a ɛwɔ asase so. Yɛbɛka paa a, ɛyɛ “asase nyinaa so ahene” a wɔbɛboaboa wɔn ho ano ako atia Yehowa. (Adi. 16:14) Sɛ asase so ahene no boaboa wɔn ho ano a, ɛno akyi pɛɛ no, ɔko bi bedi akyi aba. Adesua yi mu no, yɛde asɛmfua “Harmagedon” begyina hɔ ama saa ɔko no nso. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Harmagedon gyina hɔ ma biribi? Nea edi kan, bepɔw biara nni hɔ a ɛde Megido. Nea ɛto so mmienu, asase a ɛda Megido kurow no ho no sua koraa; ɛnyɛ baabi a “asase nyinaa so ahene,” wɔn asraafodɔm, ne wɔn akode bɛkɔ hɔ. Nea ɛto so mmiɛnsa, sɛnea yebehu akyiri yi wɔ adesua yi mu no, sɛ wiase “ahene” no tow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔahwete wɔ asase nyinaa so no so a, ɛnna Harmagedon ko no befi ase.

4. Adɛn nti na Onyankopɔn de ne ko kɛse a etwa to no bataa Megido ho?

4 Adɛn nti na Yehowa de ne ko kɛse a etwa to no bataa Megido ho? Yesreel Bon no bɛn Megido; tete no, wodii ako pii wɔ saa mmeae no. Ɛtɔ da a, na Yehowa de ne ho gye saa akodi no mu. Ɛho nhwɛso bi ni. Ná Ɔtemmufo Barak yɛ Israelni; Onyankopɔn boaa no ma odii Kanaan asraafo a na ɔsahene bi a ne din de Sisera di wɔn anim so nkonim wɔ “Megido asu ho.” Barak ne odiyifobea Debora daa Yehowa ase wɔ nkonim a ɛyɛ nwonwa a wodii no ho. Wɔtoo dwom sɛ: “Nsoromma fi soro . . . ne Sisera bɛkoe. . . . Kison asubɔnten hohoroo wɔn kɔe.”—Atem. 5:19-21.

5. Nsonsonoe titiriw bɛn na ɛwɔ Harmagedon ko no ne Barak de no mu?

5 Asɛm a edi hɔ yi na Barak ne Debora de wiee wɔn dwom no: “Yehowa, ma w’atamfo nyinaa nsɛe . . . , na ma w’adɔfo nyɛ sɛ owia a egyina so denneennen.” (Atem. 5:31) Saa ara na wɔbɛsɛe Onyankopɔn atamfo wɔ Harmagedon, na wobegye wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no nkwa. Nanso, nsonsonoe titiriw bi wɔ akodi mmienu no ntam. Harmagedon ko no mu no, Onyankopɔn nkurɔfo renko. Wɔrenkura akode mpo! Nea wɔbɛyɛ ara ne sɛ ‘wɔbɛtena ase komm na wɔde wɔn ho ato’ Yehowa ne n’asafodɔm a wɔwɔ soro no so.—Yes. 30:15; Adi. 19:11-15.

6. Dɛn na Yehowa betumi de asɛe n’atamfo wɔ Harmagedon?

6 Dɛn na Onyankopɔn de bɛsɛe n’atamfo wɔ Harmagedon? Obetumi afa akwan pii so. Ebi ne sɛ, obetumi de asasewosow, asukɔtweaa, ne anyinam asɛe wɔn. (Hiob 38:22, 23; Hes. 38:19-22) Obetumi ama n’atamfo no ako atia wɔn ho wɔn ho. (2 Be. 20:17, 22, 23) Na obetumi ama n’abɔfo akunkum abɔnefo no. (Yes. 37:36) Ɔkwan biara a Onyankopɔn bɛfa so no, obedi nkonim korakora. Ɔbɛsɛe n’atamfo nyinaa. Na obegye treneefo nyinaa nkwa.—Mmeb. 3:25, 26.

AKA BERE TIAA BI AMA HARMAGEDON ABA A, NSƐM BƐN NA EBESISI?

7-8. (a) Sɛnea 1 Tesalonikafo 5:1-6 kyerɛ no, asɛm soronko bɛn na wiase atumfoɔ bɛpae mu aka? (b) Adɛn nti na saa asɛm a wɔbɛpae mu aka no yɛ atosɛm a ɛyɛ hu?

7 Wɔbɛpae mu aka “asomdwoe ne dwoodwoo” ansa na “Yehowa da” no aba. (Kenkan 1 Tesalonikafo 5:1-6.) “Yehowa da” a wɔaka ho asɛm wɔ 1 Tesalonikafo 5:2 no, ɛno ara ne “ahohiahia kɛse” no. (Adi. 7:14) Sɛ saa ahohiahia no rebefi ase a, yɛbɛyɛ dɛn ahu? Bible ma yehu asɛm soronko bi a wɔbɛpae mu aka. Saa asɛm no a wɔbɛka no na ɛbɛma yɛahu sɛ ahohiahia kɛse no rebefi ase.

8 Saa asɛm no ne “asomdwoe ne dwoodwoo” a Bible hyɛɛ ho nkɔm sɛ wɔbɛpae mu aka no. Adɛn nti na wiase atumfoɔ no bɛka saa asɛm no? Nyamesom akannifo bɛka bi anaa? Ebia wɔbɛka bi. Nanso, yenim sɛ adaemone no na wɔbɛma wiase atumfoɔ no aka saa atosɛm no. Sɛ wɔka saa atosɛm yi a, ɛbɛyɛ hu paa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ aka bere tiaa bi ama ahohiahia kɛse a ɛsen biara wɔ nnipa asetenam no afi ase a, saa atosɛm no bɛma nkurɔfo anya adwene sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Nokwasɛm ne sɛ, “mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛnea awoko yaw ba ɔbea a ɔyem so” no. Na Yehowa asomfo anokwafo nso ɛ? Sɛ Yehowa da no fi ase mpofirim a, ebia wɔn ho bedwiriw wɔn de, nanso wɔn ani so rentan wɔn.

9. Onyankopɔn bɛsɛe Satan wiase no prɛko pɛ anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Yehowa rensɛe Satan wiase no nyinaa prɛko pɛ te sɛ nea ɔyɛe wɔ Noa bere so no. Mmom, obedi kan asɛe Satan wiase no fã baako, na ɛno akyi no, wasɛe ɔfã a aka no. Babilon Kɛse no, anaa wiase atoro som ahemman no na obedi kan asɛe no. Afei, Harmagedon ko no mu no, ɔbɛsɛe Satan wiase no fã a aka no; nea ɛka ho bi ne n’amanyɔsɛm, n’asraafo, ne n’aguadi nhyehyɛe. Momma yensusuw nsɛntitiriw mmienu a ebesisi no ho nkɔ akyiri.

10. Sɛnea Adiyisɛm 17:1, 6, ne 18:24 kyerɛ no, adɛn nti na Yehowa bɛsɛe Babilon Kɛse no?

10 ‘Aguaman kɛse no atemmu.’ (Kenkan Adiyisɛm 17:1, 6; 18:24.) Babilon Kɛse no abɔ Onyankopɔn din ahohora paa. Waka atosɛm afa Onyankopɔn ho. Ɔde ne ho abɔ wiase atumfoɔ no ama ɔne wɔn abɔ aguaman wɔ honhom fam. Wahyɛ n’asɔremma so, na wagye wɔn sika. Wakunkum nnipa pii, na Onyankopɔn asomfo binom ka ho. (Adi. 19:2) Ɔkwan bɛn na Yehowa bɛfa so asɛe Babilon Kɛse no?

11. Dɛn ne “akekaboa kɔkɔɔ” no, na sɛn na Onyankopɔn de no bedi dwuma ako atia Babilon Kɛse no?

11 “Akekaboa kɔkɔɔ” no “mmɛn du” no na Yehowa nam so bɛsɛe “aguaman kɛse” no. Saa aboa no gyina hɔ ma Amanaman Nkabom no. Mmɛn du no gyina hɔ ma wiase atumfoɔ a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔtaa Amanaman Nkabom no akyi no. Onyankopɔn bere a wahyɛ no du a, saa wiase atumfoɔ no bɛtow ahyɛ Babilon Kɛse no so. Bible ka sɛ: ‘Wɔbɛyɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw.’ Wobegye n’ahode nyinaa na wɔama obiara ahu bɔne a wayɛ. (Adi. 17:3, 16) Saa ɔsɛe a ɛbɛba prɛko pɛ no, ɛbɛyɛ te sɛ biribi a esi da koro pɛ. Ɛbɛma wɔn a wɔtaa Babilon Kɛse no akyi ho adwiriw wɔn. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Babilon Kɛse no ahoahoa ne ho mpɛn pii sɛ: “Meredi ade sɛ ɔhemmaa, merenni kuna, na merenhu awerɛhow da.”—Adi. 18:7, 8.

12. Dɛn na Yehowa remma kwan mma amanaman no nyɛ, na adɛn ntia?

12 Onyankopɔn remma amanaman no kwan mma wɔnsɛe ne nkurɔfo. Onyankopɔn nkurɔfo atie n’ahyɛde a ɛne sɛ womfi Babilon Kɛse no mu no, na ɛyɛ wɔn dɛ sɛ ne din da wɔn so. (Aso. 15:16, 17; Adi. 18:4) Wɔayere wɔn ho nso aboa afoforo ama wɔaguan afi Babilon Kɛse no mu. Enti Yehowa asomfo ‘rennya Babilon Kɛse no haw no bi.’ Nanso, wɔbɛsɔ wɔn gyidi ahwɛ.

Baabiara a Onyankopɔn nkurɔfo wɔ wɔ asase so no, sɛ wɔtow hyɛ wɔn so a, wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so (Hwɛ nkyekyɛm 13) *

13. (a) Hena ne Gog? (b) Sɛnea Hesekiel 38:2, 8, 9 kyerɛ no, dɛn na ɛbɛtwetwe Gog akɔ baabi a Bible frɛ no Harmagedon?

13 Sɛnea Gog bɛtow ahyɛ Yehowa nkurɔfo so. (Kenkan Hesekiel 38:2, 8, 9.) Wɔsɛe atoro som ahyehyɛde nyinaa a, ɛbɛka ɔsom baako pɛ wɔ wiase. Ɛbɛka Onyankopɔn asomfo nko ara. Wei bɛhyɛ Satan abufuw. Esiane sɛ ne bo befuw nti, ɔbɛfa “honhom mu nsɛm a ɛho ntew,” kyerɛ sɛ, atosɛm a efi adaemone hɔ so ama aman bi a wɔaka wɔn ho abom atow ahyɛ Yehowa asomfo so. (Adi. 16:13, 14) Saa aman a wɔaka wɔn ho abom no na Bible frɛ no “Gog a ofi Magog asase so” no. Sɛ saa aman no tow hyɛ Yehowa nkurɔfo so a, na Harmagedon ko no afi ase.—Adi. 16:16.

14. Dɛn na Gog behu?

14 Gog de ne ho bɛto n’asraafo a ɛyɛ “ɔhonam basa” no so. (2 Be. 32:8) Yɛn de, yɛde yɛn ho bɛto yɛn Nyankopɔn Yehowa so. Yɛyɛ saa a, aman no ani so no, ɛbɛyɛ wɔn sɛ nea nyansa nnim. Nea enti a ɛbɛyɛ wɔn saa ne sɛ, Babilon Kɛse a na ɛwɔ tumi no mpo, n’anyame antumi annye no amfi “akekaboa” no ne ne “mmɛn du” no nsam! (Adi. 17:16) Enti Gog adwene bɛyɛ no sɛ obedi nkonim a ɔremmrɛ koraa. Ɔbɛtow ahyɛ Yehowa nkurɔfo so ‘te sɛ omununkum a akata asase so.’ (Hes. 38:16) Nanso, ɛrenkyɛ na Gog ahu sɛ afiri ayi no. Sɛnea Farao hui wɔ Po Kɔkɔɔ no ho no, Gog behu sɛ ɔne Yehowa na ɛreko.—Ex. 14:1-4; Hes. 38:3, 4, 18, 21-23.

15. Dɛn na Kristo bɛyɛ wɔ Harmagedon ko no mu?

15 Kristo ne n’asafodɔm a wɔwɔ soro no bɛko agye Onyankopɔn nkurɔfo na wɔasɛe Gog ne n’asafodɔm no korakora. (Adi. 19:11, 14, 15) Yehowa tamfo kɛse Satan a ɔdaadaa saa aman no ma wɔtow hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so ma ɛkɔfaa Harmagedon ko no bae nso ɛ? Dɛn na ɛbɛto no? Yesu bɛtow Satan ne n’adaemone no agu amoa donkudonku bi mu; ɔbɛka wɔn ahyɛ hɔ mfe apem.—Adi. 20:1-3.

DƐN NA WOBƐYƐ NA WƆAGYE WO NKWA WƆ HARMAGEDON?

16. (a) Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ ‘yenim Onyankopɔn’? (b) Nkurɔfo a wonim Yehowa no, nhyira bɛn na wobenya wɔ Harmagedon?

16 Sɛ yɛbaa nokware no mu akyɛ oo, yɛbaa mu nkyɛe oo, sɛ yebenya nkwa wɔ Harmagedon a, ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ ‘yenim Onyankopɔn’ na ‘yetie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no.’ (2 Tes. 1:7-9) Sɛ yenim nea Onyankopɔn pɛ, nea ɔmpɛ, ne n’akwankyerɛ a, ɛnde yebetumi aka sɛ ‘yenim Onyankopɔn.’ Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, yetie no, na yɛsom ɔno nko ara a, ɛno nso kyerɛ sɛ yenim no. (1 Yoh. 2:3-5; 5:3) Sɛ yɛda no adi sɛ yenim Onyankopɔn a, yɛbɛyɛ nkurɔfo a Onyankopɔn ‘nim yɛn,’ na ɛbɛma wagye yɛn nkwa wɔ Harmagedon! (1 Kor. 8:3) Adɛn nti na yɛreka saa? Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ‘nim yɛn’ a, ebetumi ama yɛanya n’anim dom.

17. Bible ka sɛ ‘yentie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no’ a, ɛkyerɛ sɛn?

17 “Yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no,” ɛno ne nokware a Yesu kyerɛkyerɛe nyinaa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Sɛ yɛde asɛmpa no yɛ adwuma wɔ yɛn asetenam a, ɛkyerɛ sɛ yetie asɛmpa no. Osetie a yɛbɛyɛ no kyerɛ sɛ, yɛde Ahenni nneɛma bedi kan, yɛde Onyankopɔn akwankyerɛ bɛbɔ yɛn bra, na yɛaka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. (Mat. 6:33; 24:14) Nea ɛsan kyerɛ ne sɛ, yɛbɛboa Kristo nuanom a wɔasra wɔn no ama wɔayɛ wɔn adwuma a ɛho hia no.—Mat. 25:31-40.

18. Nguan foforo no ada ayamye adi akyerɛ Kristo nuanom a wɔasra wɔn no. Dɛn na wɔn nso bɛyɛ ama nguan foforo no?

18 “Nguan foforo” no ada ayamye adi akyerɛ Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn no. Wɔn nso bɛda ayamye no bi adi akyerɛ “nguan foforo” no nnansa yi ara. (Yoh. 10:16) Dɛn na wɔbɛyɛ ama wɔn? Ansa na Harmagedon ko no befi ase no, na wɔanyan 144,000 no nyinaa ama wɔkɔ soro akɔyɛ ahonhom a owu nni wɔn so tumi bio. Afei, wɔbɛka asafodɔm a wɔwɔ soro a wɔbɛsɛe Gog no ho, na wɔbɛbɔ “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ Yehowa nkurɔfo no ho ban. (Adi. 2:26, 27; 7:9, 10) Nokwasɛm ne sɛ, nnipakuw kɛse no ani begye paa sɛ, bere a Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no wɔ asase so no, wotumi boaa wɔn!

YƐBƐYƐ DƐN AKƆ SO ADI NOKWARE BERE A AWIEI NO REBƐN NO?

19-20. Ɛmfa ho sɔhwɛ biara a yɛrefa mu no, yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so adi nokware bere a Harmagedon rebɛn no?

19 Yehowa nkurɔfo pii refa sɔhwɛ ahorow mu wɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu. Nanso, yebetumi de anigye agyina mu. (Yak. 1:2-4) Ade baako a ebetumi aboa yɛn paa ne sɛ yebefi yɛn koma nyinaa mu abɔ mpae daa. (Luka 21:36) Ɛnyɛ mpae nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ, na mmom ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm daa na yedwinnwen ho nso. Nea ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho no, ebi ne nkɔmhyɛ ahorow a ɛbɛbam nnansa yi ara no. (Dw. 77:12) Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi na yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no a, yɛn gyidi bɛyɛ den na yɛakɔ so anya anidaso!

20 Sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no, na Harmagedon ko no ba awiei a, wo de, hwɛ sɛnea w’ani begye afa! Nea ɛsen saa no, sɛ obiara nya obu ma Onyankopɔn din na obiara gye tom sɛ Onyankopɔn tumidi na ɛfata a, w’ani begye paa! (Hes. 38:23) Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wonim Onyankopɔn, wotie ne Ba no, na wogyina mu kosi awiei no de, Harmagedon yɛ asɛmpa ma wɔn.—Mat. 24:13.

DWOM 143 Kɔ So Yɛ Adwuma no, Wɛn na Twɛn

^ nky. 5 Yehowa nkurɔfo ahwɛ Harmagedon kwan akyɛ. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea Harmagedon kyerɛ, nsɛm a ebesisi ansa na Harmagedon aba, ne nea yɛbɛyɛ na ama yɛatumi akɔ so adi nokware bere a awiei no rebɛn no.

^ nky. 71 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Nneɛma a ɛyɛ nwonwa resisi. Yɛbɛyɛ (1) asɛnka adwuma no bere a hokwan da so wɔ hɔ, (2) yɛbɛkɔ so asua ade, na (3) yɛakɔ so anya ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛbɔ yɛn ho ban.

^ nky. 85 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Polisifo ayɛ krado sɛ wɔbɛbɔ awura abusua bi a wɔyɛ Kristofo fie. Abusua no wɔ ahotoso sɛ Yesu ne n’abɔfo ahu nea ɛrekɔ so no.