Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WOBƐYƐ DƐN ANYA BIBLE AKENKAN SO MFASO?

Dɛn na Ɛbɛma Ne Kan Ayɛ Dɛ?

Dɛn na Ɛbɛma Ne Kan Ayɛ Dɛ?

Bible akenkan yɛ wo anihaw anaa ɛyɛ wo dɛ? Wokenkan Bible a, dɛn na wubenya afi mu? Ne nyinaa gyina wo ara wo so. Ma yɛnhwɛ nea woyɛ a, ɛbɛma Bible akenkan ayɛ wo dɛ paa.

Pɛ Bible a wɔakyerɛ ase kama a ebetumi aboa wo. Sɛ worekenkan Bible na sɛ nsɛmfua a ɛwom no, ɛyɛ den sɛ wobɛte ase a, ɛremma ne kan nyɛ wo dɛ. Enti wopɛ a, hwehwɛ Bible a emu nsɛm no da fam, na ɛbɛka wo koma paa. Afei hwɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛɛ ase no too wɔn bo ase kyerɛɛ ase kama, na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. *

Wubetumi akenkan no fon anaa kɔmputa so. Seesei sɛ wopɛ a wubetumi atwe Bible agu wo fon, tablɛt, anaa wo kɔmputa so akenkan. Nkyerɛase no bi wɔ hɔ a, wubetumi akenkan no tee wɔ intanɛt so. Ebi mpo deɛ wɔde nneɛma bi akeka ho ma enti sɛ wopɛ sɛ wode toto Bible nkyerɛase foforo ho a, wubetumi ayɛ no saa. Wohwɛ na ne kenkan bɛyɛ wo den a, wubetumi abɔ atie. Nnipa pii wɔ hɔ a wɔte kar mu anaa wɔresi nneɛma a, wotumi bɔ Bible no tie. Sɛ wɔreyɛ ade foforo nso a wotumi bɔ tie. Ɛnde nea yɛaka yi nyinaa, emu nea ɛwɔ he na ɛbɛboa wo?

Wubetumi de nhoma a yɛde sua Bible ayɛ adwuma. Sɛ wode nhoma a yɛde sua Bible di dwuma a, ɛbɛboa wo paa. Aman ne nkurow a Bible aka ho asɛm no, wɔayɛ ho map, enti sɛ worekenkan na wohwɛ a, ɛbɛma woahu mmeae a nsɛm sisii na woatumi atwa ho mfonini. Wokɔ jw.org a, yɛwɔ “Bible Nkyerɛkyerɛ” afã wɔ hɔ. Nsɛm a ɛwɔ hɔ ne nea ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu nyinaa betumi aboa wo ama woate Bible ase.

Wubetumi afa kwan pii so. Sɛ Bible a wobɛkenkan afi ti akɔka ti no bɛyɛ den ama wo a, ɛnde fi ase kenkan baabi a w’ani gye ho paa. Sɛ Bible mu nnipa titiriw bi ho asɛm na wopɛ sɛ wokenkan a, wubetumi afa baako ho asɛm na woakenkan. Wuwie a, na wokɔ foforo so. Wopɛ sɛ wotweetwee Bible mu a, wɔakyerɛ sɛnea wubetumi ayɛ no wɔ adaka a wɔato din “ Wopɛ sɛ Wuhu Bible Mu Yiye a Sua Emu Nnipa Ho Ade.” Anaa wopɛ nso a, fa asɛm bi anaa sɛnea nsɛm sisii no, na kenkan ho ade. Wuwie a, na wokɔ foforo so. Adɛn na wonsɔ emu baako nhwɛ?

^ nky. 4 Nnipa pii ahu sɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu nsɛm yɛ pɛpɛɛpɛ, edi mu, na emu nso nyɛ den. Yehowa Adansefo na ɛyɛɛ Bible yi, na ebi wɔ kasa bɛboro 130 mu. Wubetumi atwe Bible no bi afi jw.org. Wubetumi nso atwe JW Library app agu wo fon so. Wopɛ nso a, Yehowa Adansefo betumi abrɛ wo Bible no bi.