Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Ehia sɛ Yɛte Bible Ase Yiye?

Adɛn Nti na Ehia sɛ Yɛte Bible Ase Yiye?

Abaayewa bi huu sɛ wusiw fi adwuma bi dan atifi rekɔ soro. N’adwene mu deɛ, na ɛyɛ no sɛ gyama saa adwumakuw no na ɛyɛ mununkum. Abaayewa yi asɛm no yɛ anika paa; ná ɔnte nea ɛrekɔ so no ase. Nanso ɛnyɛ biribiara na yɛante ase a, ɛsɛ sɛ yɛfa no saa ara. Ebi wɔ hɔ a, ɛyɛ nkwa ne owu asɛm. Wo deɛ yɛmfa biribi te sɛ aduru nyɛ nhwɛso. Nea wɔakyerɛw agu ho no, sɛ woante ase a ebetumi adi wo awu.

Ɛnde Bible nso ɛ? Ehia sɛ yɛte ase yiye paa, anyɛ saa a, ebetumi akɔfa asɛnkɛse abrɛ yɛn. Ɛho nhwɛso ni. Yenim sɛ na Yesu nim nkyerɛkyerɛ paa, nso ɛnyɛ nea ɔkae nyinaa na nkurɔfo tee ase. (Yohane 6:48-68) Ebinom annya abotare amma Yesu ankyerɛkyerɛ nneɛma mu ankyerɛ wɔn, enti wogyaee n’akyi di. Anokwa, nkurɔfo yi hweree ade!

Wo nso, adɛn nti na wokenkan Bible? Wokan de pɛ akwankyerɛ? Ɛnde woayɛ adeɛ. Nanso wohwɛ a, wubetumi akan biribi ama w’adwene ayɛ wo sɛ wote ase nso na ɛkyerɛ biribi foforo anaa? Etumi si. Yɛnhwɛ Kyerɛwnsɛm mmiɛnsa bi. Sɛnea nnipa bebree te ase no, ɛnyɛ saa koraa na ɛkyerɛ.

  • Bible asɛm a ɛka sɛ “suro nokware Nyankopɔn no,” nnipa bebree nte ase. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den. Sɛ obi anni ne mmara so a obekum no. (Ɔsɛnkafo 12:13) Nanso Onyankopɔn mpɛ sɛ wɔn a wɔsom no no nya saa adwene no. Waka sɛ: “Nsuro efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo.” (Yesaia 41:10) Enti sɛ Bible ka sɛ yensuro Onyankopɔn a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yebedi no ni, na yɛabu no kɛse.

  • Enti Onyankopɔn de ogya bɛsɛe asase yi?

    Bible mu asɛm foforo a ebinom nte ase yiye ni: “Biribiara wɔ ne bere, . . . awo wɔ ne bere, na owu nso wɔ ne bere.” Ebinom te saa asɛm yi ase sɛ, Onyankopɔn ahyehyɛ bere a onipa biara bewu ato hɔ. (Ɔsɛnkafo 3:1, 2) Nanso asɛm no fa nnipa asetena ho. Nea ɛkyerɛ paa ne sɛ owu da amansan kɔn mu, obiara bewu. Onyankopɔn Asɛm ma yɛsan hu sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a yɛyɛ a, yebetwa yɛn nkwa nna so anaa ɛbɛma yɛanyin akyɛ. Ɛho nhwɛso baako ne Bible asɛm yi: “Yehowa suro to onipa nna so.” (Mmebusɛm 10:27; Dwom 90:10; Yesaia 55:3) Ɔkwan bɛn so? Sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn bra a, ɛbɛma yɛatwe yɛn ho afi nneyɛe bi te sɛ asabow ne aguamammɔ ho.—1 Korintofo 6:9, 10.

  • Bible ka asɛm bi sɛ ‘wɔakora ɔsoro ne asase so ama ogya.’ Ebinom afa no sɛnea ɛte no ara. Enti wɔka sɛ Onyankopɔn bɛsɛe asase a yɛte so yi. (2 Petro 3:7) Nanso Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, asase a yɛte so paa yi deɛ, ɔrensɛe no da biara da! Onyankopɔn de “asase atim ne nnyinaso so; na ɛrenhinhim da biara da.” (Dwom 104:5; Yesaia 45:18) Enti nea Bible rekyerɛ ne sɛ, wiase nhyehyɛe bɔne yi na ebefi hɔ korakora te sɛ nea wɔde ogya ahyew. Ɛnyɛ asase a yɛte so yi ho asɛm koraa na ɛka. Sɛ Bible ka ɔsoro ho asɛm a, ebetumi akyerɛ wim, nsoromma anaa nsoromma kuw no nyinaa. Ebetumi nso akyerɛ baabi a Onyankopɔn te. Weinom baako mpo rensɛe.

ADƐN NTI NA EBINOM NTE BIBLE NO ASE YIYE?

Nea yɛaka yi nyinaa kyerɛ sɛ ɛnyɛ daa na nkurɔfo kenkan Bible a wɔte ase yiye. Wohwɛ a adɛn nti na Onyankopɔn ama no aba saa? Ebinom bisa sɛ: ‘Onyankopɔn a ɔyɛ nyansa nyinaa wura na onim biribiara sei deɛ, adɛn nti na nhoma a ɔde ama yɛn no, ɛnyɛ obiara na ɔkan a ɔte ase ntɛm? Adɛn na wanyɛ no saa?’ Ma yensusuw nneɛma mmiɛnsa bi ho, na yebehu nea enti a wayɛ Bible no saa?

  1. Sɛ wommrɛ wo ho ase na wonyɛɛ krado sɛ worepɛ biribi ahu a, worentumi nte Bible no ase. Yesu ka kyerɛɛ n’Agya sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asie anyansafo ne animdefo, na woayi no adi akyerɛ nkokoaa.” (Luka 10:21) Sɛnea wɔkyerɛw Bible no, sɛ woannya ho adwempa a, worente ase. “Anyansafo ne animdefo” bebree yɛ ahantan paa, enti wɔkenkan Bible a, wɔnte ase. Nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase te sɛ “nkokoaa” no deɛ, esiane sɛ wɔrepɛ biribi ahu nti, sɛ wɔkenkan Bible a, Onyankopɔn boa wɔn ma wɔte ase yiye. Yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn ayɛ Bible no a, ɛyɛ nwonwa paa! Yehu sɛ onim nea ɔreyɛ.

  2. Sɛ woamfi koma nyinaa mu amfa wo ho anto Onyankopɔn so a, worente Bible no ase. Yesu kaa sɛ, sɛ obi bɛte ne nkyerɛkyerɛ ase a, gye sɛ wɔboa no. Ɔbɛyɛ dɛn anya mmoa? Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Ɔboafo no, honhom kronkron no, a Agya no bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo biribiara.” (Yohane 14:26) Onyankopɔn honhom kronkron anaa tumi a ɔde yɛ ade no na ɔde boa nkurɔfo ma wɔkan Bible a wɔte ase. Wɔn a wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn so nhwehwɛ ne hɔ mmoa no deɛ, ɔno nso mfa ne honhom kronkron mmoa wɔn. Enti sɛ wɔkan Bible a, wɔntaa nte ase papa. Afei honhom kronkron betumi ama Kristofo a wɔte Bible ase aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔte Bible ase yiye no.—Asomafo Nnwuma 8:26-35.

  3. Bible mu nsɛm bi nso wɔ hɔ a, sɛ Onyankopɔn bere nsoe a, wotwe wo mu tann a worente ase. Odiyifo Daniel sei, Onyankopɔn maa ɔkyerɛw nsɛm bi a ebesisi daakye too hɔ. Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ no sɛ: “Daniel, to nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano kosi awiei bere no.” Efi tete nyinaa, nnipa bebree akenkan Daniel nhoma no saa ara, nanso wɔante ase. Daniel mpo, ɛnyɛ nsɛm a ɔkyerɛwee nyinaa na ɔtee ase. Ná ɔbrɛ ne ho ase, enti ɔkaa sɛ: “Metee, nanso mante ase.” Ɛnkyɛ-nkyɛ wɔ n’afe, enti ɛyɛ dɛn ara a, nkurɔfo bɛte Onyankopɔn nkɔmhyɛ a Daniel kyerɛwee no ase. Nanso gye sɛ Onyankopɔn bere so ansa. Ɔbɔfo no kyerɛɛ mu sɛ: “Daniel, wo de, kɔ, efisɛ wɔato nsɛm no mu asɔ ano kosi awiei bere no.” Ɛnde ɛhefo na wɔbɛte Onyankopɔn asɛm no ase? “Omumɔyɛfo biara rente ase; mmadwemma na wɔbɛte ase.” (Daniel 12:4, 8-10) Wei kyerɛ sɛ Bible mu nsɛm bi wɔ hɔ a, gye sɛ Onyankopɔn bere so ansa na yɛate ase.

Enti aba da sɛ Yehowa Adansefo ante Bible mu asɛm bi ase pɛn anaa? Aane aba saa pɛn. Nanso Onyankopɔn bere soe no, nneɛma mu daa hɔ maa Adansefo no tee nneɛma ase yiye, enti wɔyɛɛ nsakrae wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ mu; wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa. Wɔn ara ahu sɛ nea wɔyɛe no te sɛ Kristo asomafo no. Bere a Yesu tenee wɔn adwene wɔ biribi ho no, wɔbrɛɛ wɔn ho ase gye toom.—Asomafo Nnwuma 1:6, 7.

Abaayewa a yɛkaa ne ho asɛm mfitiase no, sɛ wante nea ɛma mununkum ba ase a, ɛnyɛ hu. Nanso Bible deɛ, ehia sɛ yɛte emu nsɛm ase yiye paa. Bible mu nsɛm nyɛ agorɔ koraa, enti obi rentumi nka sɛ ɔno deɛ onhia mmoa biara, ɔno ara kan a ɔbɛte ase. Enti hwehwɛ mmoa, na woate nea worekenkan no ase yiye. Ɛnnɛ, nnipa bi wɔ hɔ a wɔbrɛ wɔn ho ase paa. Wɔma Onyankopɔn honhom kronkron boa wɔn ma wɔte Bible ase, na wogye di sɛ saa bere yi paa na Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa nyinaa te Bible ase. Enti bɔ mmɔden ara hwehwɛ wɔn. Anim anim yi ara, hwehwɛ Yehowa Adansefo anaa kɔ jw.org wɛbsaet. Wɔayɛ nhwehwɛmu akɔ akyiri wɔ wɛbsaet hɔ. Wokɔ hɔ a, wobɛte Bible ase yiye. Bible ahyɛ bɔ sɛ, ‘Sɛ wusu frɛ ntease a, wubenya Onyankopɔn ho nimdeɛ.’—Mmebusɛm 2:3-5.