Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Sɛnea Wɔde Mfomso Firi

Sɛnea Wɔde Mfomso Firi

ASƐNNENNEN

Sɛ akasakasa si wo ne wo hokafo ntam a, wotaa kɔfa nsɛm a atwam ba, na wosan tĩ nsɛm dedaw mu. Dɛn na ɛma ɛba saa? Mo baanu nyinaa anaa mo mu biako nnim sɛnea wɔde mfomso firi.

Wubetumi asua. Nanso, nea edi kan no, susuw nea enti a ebetumi ayɛ den ama okunu anaa ɔyere sɛ ɔde ne hokafo mfomso befiri no no ho hwɛ.

NEA ƐMA ƐBA SAA

Tumi. Okununom ne ɔyerenom bi mfa mfomso mfiri wɔn ahokafo na ama wɔatumi anya tumi bi wɔ wɔn so. Enti sɛ akasakasa bi sɔre a, wɔde asɛm a atwam no pa wɔn tiri ho de hyɛ wɔn aniwu.

Menasepɔw. Egye bere tenten ansa na ɛyaw a obi di wɔ biribi ho no afi ne mu. Ɔhokafo bi betumi aka sɛ ‘Me de akyɛ wo,’ nanso na asɛm no da so ara hyɛ ne mu—a ebia adwene a ɛwɔ akyi ara ne sɛ onya no a, ɔno nso bɛyɛ no bi atua ka.

Huammɔdi. Sɛ nnipa bi rekɔ aware a, wɔn adwene nyinaa ne sɛ asetena bɛyɛ ɔdɔ nko ara. Enti sɛ akasakasa bi sɔre a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegyaa nsɛm mu, mmom wɔkɔ so de wɔn adwene si nea anka wɔrehwɛ kwan no so. Akwanhwɛ a ɛrentumi mma mu betumi ama obi ahwehwɛ afoforo ho mfomso na ayɛ den ama no sɛ ɔde mfomso befiri.

Ntease a wonni. Awarefo pii mpɛ sɛ wɔde mfomso firi efisɛ wonhu nea sɛ wɔyɛ saa a, wobenya afi mu. Sɛ mfatoho no:

Sɛ mede firi a, ɔrenhu bɔne a wayɛ.

Sɛ mede firi a, ɛnde ɛsɛ sɛ mema me werɛ fi nea esii no.

Sɛ mede firi a, mereboa bɔne.

 Nokwarem no, sɛ wode bɔne firi a, ɛnkyerɛ sɛ nea yɛaka ho asɛm yi mu biara yɛ nokware. Nanso ebetumi ayɛ den sɛ wode bɔne befiri—titiriw bere a nea ɔfom wo no yɛ wo kunu anaa wo yere.

NEA WUBETUMI AYƐ

Hu nea bɔne fafiri kyerɛ. Bible mu no, ɛtɔ da a wɔkyerɛ asɛmfua “fa firi” ase sɛ “gyae ma ɛnka.” Enti ɛnyɛ bere nyinaa na nea fafiri kyerɛ ne sɛ wobɛma wo werɛ afi nea asi anaasɛ wubegyigye bɔne so. Ɛtɔ da a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wubegyae asɛm mu ma aka esiane w’ankasa yiyedi ne aware no nkɔso nti.

Sɛ woamfa bɔne amfiri a, hu nea ebetumi afi mu aba. Abenfo binom ka sɛ, sɛ wode obi ho asɛm hyɛ wo mu a, ebetumi ama woanya nyarewa ahorow te sɛ adwenemhaw ne mogya mmoroso—na mpo ebetumi asɛe w’aware. Ntease wom sɛ Bible ka sɛ: “Mo ne mo ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho.”Efesofo 4:32.

Hu mfaso a ɛwɔ bɔne fafiri so. Sɛ mutumi de bɔne firi mo ho mo ho a, ɛboa ma munya mo ho adwempa sen sɛ mode mo ho mfomso “bɛhyɛ mo mu.” Ɛno boa ma musiw biribiara a ebetumi ama moanya mo ho menasepɔw no ano, na ɛma ɔdɔ sɔ.Bible nnyinasosɛm: Kolosefo 3:13.

Nhwɛ nneɛma akɛse kwan. Sɛ wugye wo hokafo tom sɛnea ɔte biara a, ɛrenyɛ den sɛ wode ne mfomso befiri no. Nhoma bi a wɔato din Fighting for Your Marriage ka sɛ, “Sɛ wode w’adwene si nea wo nsa anka no so a, ɛrenyɛ den koraa sɛ wo werɛ befi nea wo nsa kae no nyinaa. Emu nea ɛwɔ he na wode w’adwene besi so afei?” Kae sɛ, obiara—a wo nso woka ho—nyɛ pɛ.Bible nnyinasosɛm: Yakobo 3:2.

Da ntease adi. Sɛ daakye wo bo fuw wo hokafo esiane biribi a ɔyɛe anaa asɛm bi a ɔkae a, bisa wo ho sɛ: ‘So ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ mema ɛhaw me? So ehia sɛ mema ɔpa me kyɛw, anaa metumi agyae mu ma aka?’Bible nnyinasosɛm: 1 Petro 4:8.

Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, munsusuw asɛm no ho. Fa ntoboase kyerɛkyerɛ nea ɛmaa asɛm no yɛɛ wo yaw ne nea enti a wotee nka saa no mu. Ɛnsɛ sɛ wunya adwemmɔne anaa wokasa tia wo hokafo no, efisɛ ɛbɛma ɔde nsɛm ayiyi ne ho ano. Mmom, ma wo hokafo no nhu sɛnea ne nneyɛe no kaa wo.