Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

Arctic

Peter Wadhams, a ɔyɛ abɔde a aniwa hu ho ɔbenfo wɔ Cambridge Sukuupɔn mu wɔ Britain no ka sɛ, “nsukyenee dodow a ɛwɔ hɔ seesei wɔ ahohuru bere mu no yɛ mfe 30 a atwam ni no de nkyem anan pɛ.” Wɔ afe 2012 mu no, ahyɛn bɛyɛ 50 tumi faa Ɛpo So Kwan a ɛda Atifi Fam no so esiane asase so ɔhyew a ama ɔkwan abɛda hɔ no nti.

Wiase

Animdefo ahu sɛ aduannuru ne mmoawammoawa bɛboro 700 wɔ nufusu a abaatan nya bere a wɔawo foforo no mu—ɛboro nea na wɔhwɛ kwan no koraa. Nhwehwɛmufo da so ara rehwɛ sɛ wobehu dwuma a mmoawammoawa yi di de boa nkokoaa yi wɔ wɔn adidi ne wɔn akwahosan mu.

Britain

Nhwehwɛmu bi a Britain nyansahufo yɛe kyerɛ sɛ, drɔbafo a wɔanom nsã tumi keka wɔn ho yiye sen wɔn a wɔanya ɔpakum.

Democratic Republic of Congo

Wɔ Afrika no, wɔreyɛ biribi a “ebii nsii da” a ɛne sɛ, wɔrekunkum asono mpempem pii afe biara esiane mmoa yi asonse nti. Bere bi de, wohui sɛ wɔabobɔ asono pii ti mu tuo, a ɛda adi sɛ wɔtow tuo no fii helikopta mu.

Australia

Mfe 27 a atwam ni no, abɔde a wɔwɔ po ase wɔ Australia Apuei Fam mpoano no mu fã kɛse no ara awuwu. Nyansahufo kyerɛ sɛ, eyi mu fã kɛse no ara fi ahum a etu wɔ po so, posena ahorow bi a wɔadɔɔso wɔ hɔ, ne wim tebea a ɛma po mu nsu yɛ hyew no.