Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Nneɛma Abiɛsa a Sika Ntumi Ntɔ

Nneɛma Abiɛsa a Sika Ntumi Ntɔ

ƐYƐ nwonwa: Nnipa a wɔn adwuma, wɔn afie ne wɔn pɛnhyen mpo reyɛ afi wɔn nsa no mu pii da so ara dwennwen sika a wobenya de atotɔ nneɛma ho.

Ɛnyɛ den koraa sɛ nneɛma ho adawurubɔfo a wɔnam anifere kwan so ka kyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yenya adan akɛse, kar papa, ne ntade a agye din no nsa bɛka saafo yi. Wunni sika? Ɛnyɛ den koraa—yɛde befiri wo! Wɔ nnipa pii fam no, sɛ ɛka amene wɔn mpo a, nea wɔpɛ ara ne sɛ afoforo bebu wɔn sɛ wodi yiye.

Nanso ɛnkyɛ koraa na wɔn adapaa ada adi. Nhoma bi ka sɛ, “Sɛ́ wubefirifiri nneɛma a ɛyɛ fɛ de ayɛ wo ho na yɛabɔ agye wo so no te sɛ obi a ɔnom nsa de kata n’aniwu so. Mfiase no, wobɛte nka sɛ biribiara da fam, na nneɛma rekɔ yiye—nanso sɛ ɛtetew w’ani so a, obiara behu w’animguase. Awiei koraa no, ɛde ohia ne adwennwen na egyaw wo so.”The Narcissism Epidemic.

Bible no ka sɛ nyansa biara nni “asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” no mu. (1 Yohane 2:16) Nokwasɛm ne sɛ, ahonyade a yɛde yɛn adwene nyinaa besi so no remma yenhu nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetenam—nneɛma a sika ntumi ntɔ no. Susuw nhwɛso abiɛsa yi ho hwɛ.

 1. ABUSUA MU BIAKOYƐ

Ababaa bi a ɔwɔ United States a wɔfrɛ no Brianne, * te nka sɛ ne papa ma n’adwuma ne sika a onya fi mu no ho hia no dodo. Ababaa no ka sɛ, “Yɛwɔ nea yehia ma ɛboro so, nanso me papa ntena fie, efisɛ bere nyinaa na ɔwɔ akwantu mu. Minim sɛ n’adwuma na ɛmma no kwan, nanso misusuw sɛ ɛsɛ sɛ onya bere ma n’abusua nso!”

Nea wubetumi asusuw ho: Dɛn na ebetumi afi nea Brianne papa reyɛ yi mu aba daakye? Bere pii a ɔsɛe de pɛ honam fam nneɛma no bɛka ɔne ne babea no abusuabɔ dɛn? Dɛn na n’abusua no hia fi ne hɔ a ɛsen sika?

Bible nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

  • “Sikanibere de ɔhaw pii na ɛba. Nnipa binom pɛ sika ara ma wɔde . . . yaw pii aba wɔn ho so.”—1 Timoteo 6:10, Contemporary English Version.

  • “Eye sɛ wo ne nnipa a wodɔ wɔn bedi nhabamma sen sɛ wubedi sradenam wɔ w’atamfo anim.”Mmebusɛm 15:17, Good News Translation.

Nea ehia sɛ wohyɛ no nsow: Sika ntumi ntɔ abusua mu biakoyɛ. Sɛ wubenya abusua mu biakoyɛ a, gye sɛ wunya bere ma w’abusua na woda ɔdɔ a ɛfata adi kyerɛ wɔn.Kolosefo 3:18-21.

 2. AHOBAMMƆ A EDI MU

Sarah a wadi mfe 17 no ka sɛ, “Me maame ka kyerɛ me bere nyinaa sɛ menware ɔbarima a ɔwɔ sika pii na minsua adwuma a sɛ daakye nneɛma ankɔ yiye a, ɛbɛboa me. Sika a obenya nkutoo na odwen ho.”

Nea wubetumi asusuw ho: Sɛ woresusuw wo daakye ho a, nneɛma a ɛho hia bɛn na wudwen ho? Bere bɛn na nneɛma a ɛho hia a wudwen ho no dan adwennwen? Ɔkwan bɛn so na anka Sarah maame betumi ada sika ho adwene a ɛkari pɛ adi?

Bible nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

  • “Munnyae ademude a mohyehyɛ wɔ asase so no, baabi a nwewee ne nkannare sɛe no, na akorɔmfo bubu kowia.”Mateo 6:19.

  • “Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.”Yakobo 4:14.

Nea ehia sɛ wohyɛ no nsow: Wo daakye nnyina sika pii a wobɛboaboa ano no so. Akorɔmfo betumi awia—na sika nyɛ yare anaa owu ano aduru. (Ɔsɛnkafo 7:12) Bible kyerɛkyerɛ sɛ ahobammɔ ankasa a yebenya no gyina Onyankopɔn ne n’atirimpɔw a yebehu so.Yohane 17:3.

 3. ABOTƆYAM A WUBENYA

Tanya a wadi mfe 24 no ka sɛ, “M’awofo kyerɛɛ me sɛnea mɛyɛ me ho ɔwiɛmfoɔ. Me ne me nuabea a yɛyɛ ntaa no renyin no, na yenni yɛn ho nneɛma pii de, nanso na yɛn ani gye.”

Nea wubetumi asusuw ho: Dɛn nti na ebetumi ama ayɛ den sɛ wobɛpene kakra a wowɔ no so? Sɛ ɛba sikasɛm so a, nhwɛso bɛn na woyɛ ma w’abusua?

Bible nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

  • “Sɛ yɛwɔ yɛn ano aduan ne nea yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.”1 Timoteo 6:8.

  • “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.”Mateo 5:3.

Nea ehia sɛ wohyɛ no nsow: Ɛnyɛ nea ehia wɔ asetena mu ara ne sɛ wubenya sika ne nneɛma a sika tumi tɔ. Ɛyɛ nokware sɛnea Bible ka no: “Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” (Luka 12:15) Nokwarem no, nea ebetumi ama obi anya abotɔyam ankasa ne sɛ obenya nsɛmmisa a ɛho hia a edidi so yi ho mmuae:

  • Dɛn nti na yɛwɔ ha?

  • Dɛn na ɛbɛba daakye?

  • Mɛyɛ dɛn ne Onyankopɔn anya abusuabɔ?

Yehowa Adansefo a wotintim saa nsɛmma nhoma yi ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woanya nsɛmmisa yi ho mmuae. Wubetumi ahu wɔn a wɔwɔ wo mpɔtam, anaa kɔ yɛn Intanɛt dwumadibea wɔ jw.org.

^ nky. 8 Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu.