Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛsɛ sɛ Wuhu Fa Otwa Yare Ho

Nea Ɛsɛ sɛ Wuhu Fa Otwa Yare Ho

ƆMANNIFO bi atwa ahwe fam ma ontumi nkasa. Ofi ase sinsen, na ne ti, ne nsa ne n’anan nyinaa wosow biribiri. Sɛ wunim sɛ otwa yare wɔ ne so dedaw a, wubetumi ayɛ pii de aboa no bere a woretwɛn sɛ wubenya mmoa afi baabi no. Ma yɛnhwehwɛ ɔyare yi a afoforo ntaa nte ase yi ho nokwasɛm bi mu kakra.

Dɛn ne otwa yare? Otwa yɛ adwenem yare a ɛma obi tumi sinsen na ɔpo biribiri bere tiaa mu. Yare no ba a, akyɛ araa simma anum. Tebea a yɛkaa ho asɛm wɔ mfiase no ne otwa yare a ɛka nipadua no nyinaa a wɔfrɛ no grand mal seizure no.

Dɛn na ɛde otwa yare ba? Nhwehwɛmufo gye di sɛ sɛ amemene mu nkwammoaa dwumadi ankɔ yiye a, etumi ma obi twa. Nea ɛde ɛno ba de, wonnya nhui.

Sɛ mihu sɛ obi atwa ma ne nipadua nyinaa repo biribiri a, dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ? Nhoma bi ka sɛ, “Sɛ wɔn a wogyina hɔ no hu sɛ ɔyarefo no mpirae na otumi home a, ɛsɛ sɛ wɔma kwan ma otwa no ankasa gyae.” Nanso nhoma no toa so ka sɛ: “Sɛ simma anum akyi na ɔda so ara twa a, anaa otwa ntoatoaso, anaa ɔyarefo no tɔ mum wɔ otwa no akyi a, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔ ayaresabea ntɛm ara.”The Encyclopedia of the Brain and Brain Disorders.

Sɛ mihu sɛ obi anya otwa yare a, dɛn na metumi ayɛ aboa no? Fa biribi a ɛyɛ tofoo hyɛ ne ti ase, na yi biribiara a ebetumi apira no fi baabi a ne ti wɔ no. Sɛ otwa no gyae a, dan ɔyarefo no to ne nkyɛnmu sɛnea wɔakyerɛ wɔ mfonini a ɛwɔ kratafa a edi hɔ no mu no.

Sɛ ɔyarefo no ani so tetew no a, dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ? Nea edi kan no, ma onhu sɛ ɛnsɛ sɛ osuro. Afei boa no ma ɔnsɔre nnyina hɔ na fa no kɔtena baabi a obetumi agye n’ahome kakra. Nnipa pii wɔ hɔ a sɛ wɔn ani so tetew wɔn a, wɔn adwene tu fra na ɛma wɔn ani kum; afoforo nso ani so tetew wɔn ntɛm na wotumi toa nea na wɔreyɛ no so.

So wɔn a wotwa no nyinaa ho wosow biribiri? Dabi. Sɛ ɛba ebinom so a, ɛma wotumi yɛ senn, nanso wɔnhwe ase. Wɔfrɛ eyi petit mal seizure anaa otwa a ɛba bere tiaa bi mu na ɛmma onipa no nwosow biribiri, na ɔhaw biara nsi wɔ akyi. Nnipa binom tumi nya petit mal seizure ma ɛkyɛ. Sɛ ɛba saa a, ɔyarefo no betumi akyinkyin wɔ dan mu, na ɔde ahoyeraw bɛtwetwe n’atade, anaa wayɛ n’ade basabasa. Sɛ otwa no gyae a, afei n’ani so biriw no.

 Obi a ɔwɔ otwa yare no te nka dɛn? Ntease wom sɛ bere nyinaa wɔn a wɔyare otwa no besuro sɛ yare no betumi aba wɔ beae ne bere a wɔnhwɛ kwan mu. Esiane sɛ wɔmpɛ animguase nti, ebia wɔrenkɔ baabi a nnipa pii ahyiam.

Mɛyɛ dɛn aboa obi a ɔwɔ otwa yare? Hyɛ no nkuran ma ɔnka nea ɛhaw no no nkyerɛ wo. Yɛ otiefo pa. Bisa no ma ɔnkyerɛ wo nea wubetumi ayɛ de aboa no bere a yare no aba no. Esiane sɛ nnipa pii a wɔwɔ ɔyare yi ntaa nka kar nti, sɛ ɔrekɔ baabi a, wubetumi de wo kar afa no anaa woakɔtotɔ nneɛma a ohia ama no.

So yare no ano betumi abrɛ ase—anaa mpo wɔasiw ano? Nneɛma bi te sɛ adwinnwen ne da a obi ntumi nna yiye betumi ama otwa no aba ntɛmntɛm. Enti abenfo hyɛ wɔn a wɔwɔ otwa yare no nkuran sɛ wɔnna yiye na wɔntaa nteɛteɛ wɔn apɔw mu na atew wɔn adwinnwen so. Wɔ ebinom fam no, nnuru a wɔfa no aboa wɔn paa ma wɔasiw yare no ano.