Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Memma Me Yareɛ Nhyɛ Me So”

“Memma Me Yareɛ Nhyɛ Me So”

“Ná mentumi nsɔre mfi mpa so gye sɛ obi asɔ me mu. Sɛ meretu me nan a, na ayɛ asɛm. Na me mene aka afam, enti aduro mpo na mentumi mmene. Me ho tutuu akuro, na na ɛntumi nwu. Menyaa yam kuro, na ɛwɔ hɔ ara a, na me bo hyehye me. Na menhu nea ɛreyɛ me. Mereka yi na madi mfie du pɛ.”​—Elisa.

Elisa mma ne yareɛ no mmu n’abam; ɛyɛ no dɛ sɛ ɔde Bible bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ

YAREƐ a wɔfrɛ no scleroderma kyerɛ “wedeɛ denden.” Ɛyɛ yareɛ a ɛka nnipa bɛyɛ ɔpepem 2.5 wɔ wiase nyinaa. Yareɛ yi gu ahodoɔ, na nea ɛtaa yɛ mmɔfra no ma wɔn wedeɛ twintwam.

Nanso nea ɛyɛɛ Elisa no yɛ soronko koraa. Ɛno deɛ, ɛyɛ obi a, ɛnyɛ ne wedeɛ nkutoo na ɛsɛe, mmom ɛtumi ka n’asaaboɔ, n’akoma, n’ahurututu ne ne nsono. Na adɔkotafoɔ susu sɛ aduro biara a wɔde bɛma Elisa no, watena ase akyɛ koraa ne mfie nnum. Yɛrekasa yi, mfie 14 atwam nanso Elisa da so te ase. Ɛwom, ne ho ntɔɔ no nanso ɔmmaa ne yareɛ no nhyɛɛ ne so. Nyan! twerɛfoɔ ne Elisa twetwee nkɔmmɔ, na ɔbisaa no nea aboa no ma watumi agyina ne yareɛ no ano.

Berɛ bɛn na wohuu sɛ woyare?

Berɛ a medii mfie nkron no, biribi twaa m’abatwɛ, na na ekuro no tutu me paa. Afei ekuro no bɛyɛɛ kɛseɛ na na ɛntumi nwu. Berɛ a wɔyɛɛ me mogya mu nhwehwɛmu no, wɔhuu sɛ manya scleroderma yareɛ no bi. Ɛduu baabi no na nneɛma regye nsam, enti na ɛsɛ sɛ yɛkɔpɛ dɔkota a ɔwɔ yareɛ no ho nimdeɛ ma ɔhwɛ me ntɛm.

Ɛkɔsii sɛn?

Yɛkɔnyaa dɔkota bi a ɔhwɛ ɔkwaha. Ɔka kyerɛɛ m’awofoɔ sɛ gye sɛ wɔde aduro a ano yɛ den ka me ansa na yareɛ no abrɛ ase kakra. Ɛno mpo no, matena ase akyɛ ara ne mfie nnum. Ɔkaa nso sɛ aduro no bɛma m’ahoɔden so ate koraa ma sɛ ɔpapu kɛkɛ kye me a, ɛbɛtumi adane asɛm foforɔ.

Nanso sɛ amma saa?

Aane! Wo ara w’ani tua, meda so te ase. Nanso berɛ a medii mfie 12 no, ɛwɔ hɔ ara a me koko tumi yɛ me ya dendeenden ma mekekam mpo. Ɛba saa a, ebia ɛbɛdi simma 30 ansa na agyaa me. Ɛtɔ da a ɛkyere me mprenu da koro.

Dɛn na ɛkɔfa baeɛ?

Adɔkotafoɔ huu sɛ me mogya so ate, na na m’akoma bɔ dendeenden na mogya atumi akɔ m’amemene mu. Wɔmaa me aduro, na ankyɛ na me ho bae me. Nanso ɛfi saa berɛ no, mehuu sɛ biribiara bɛtumi asi berɛ biara. Na mayɛ hodwoo, na na ahoɔden biara nni hɔ a mede bɛgyina tebea no ano.

Bɛyɛ mfie 14 nie na adɔkotafoɔ huu yareɛ yi. Seesei wo ho yɛ wo sɛn?

Scleroderma yareɛ yi akɔfa yareɛ foforɔ pii abɛsoɛ me so. Ɛwɔ hɔ a akuro tutu me, na ɛtɔ da a mentumi nhome yie. Bio, ɛyɛ a na me bo hyehye me. Bɛsi saa berɛ yi nyinaa, ɛyɛ a mete yea wɔ me mu. Nanso mensɛe berɛ nnwennwene ho mfa nha me ho. Nneɛma foforɔ pii wɔ hɔ a meyɛ.

Nneɛma bi te sɛn?

Metaa drɔdrɔ nneɛma, menwene adeɛ, na meyɛ nsaanodwuma foforɔ. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, mede me ho hyɛ adwuma a Yehowa Adansefoɔ nyinaa yɛ no mu. Wei ne Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no. Sɛ mantumi annante ankɔ nkurɔfoɔ fie mpo a, metumi boa me nuanom Adansefoɔ ma wɔne nkurɔfoɔ sua Bible wɔ yɛn mpɔtam hɔ. Anigyesɛm mpo ne sɛ mewɔ nnipa a m’ankasa ne wɔn sua Bible. Nokwasɛm nie, asɛnka adwuma no ma mehu sɛ me so wɔ mfasoɔ.

Adɛn nti na wo haw nyinaa akyi, woyɛ asɛnka adwuma no?

Menim sɛ nsɛm a me ne nkurɔfoɔ susu ho no yɛ ahiasɛm a ɛbɛboa wɔn. Afei nso, sɛ menya berɛ boa afoforɔ a, m’ani gye. Nokwasɛm ne sɛ ɛma me ho sane me! Mereyɛ asɛnka adwuma no a, na me werɛ afi mpo sɛ meyare.

Ɔkwan bɛn so na Bible aboa ma yareɛ no nhyɛ wo so?

Bible ama mahu sɛ ɔhaw a me ne afoforɔ nyinaa refa mu no rentena hɔ daa. Adiyisɛm 21:4 ka sɛ, sɛ berɛ a Onyankopɔn ahyɛ so a, “ɔbɛpepa [nnipa] aniwam nisuo nyinaa, na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne esũ ne yea nso nni hɔ bio.” Sɛ medwendwene Bible mu asɛm a ɛte saa ho a, ɛma menya gyidie sɛ ɔkwan biara so Onyankopɔn bɔhyɛ bɛbam ma yɛanya anigyeɛ daakye. Ɛnyɛ wɔn a wɔyare nko ara na wɔn ani bɛgye, na mmom obi biara.