Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ƐYƐƐ DƐN NA NKWA BAEƐ?

Mmuaeɛ a Ɛhia sɛ Yɛsusu Ho

Mmuaeɛ a Ɛhia sɛ Yɛsusu Ho

BERƐ a nnipa pii susu adanseɛ a animdefoɔ de ama ho no, wɔabɛhu sɛ obi a ɔnim nyansa paa na ɔbɔɔ nkwa. Wo deɛ ma yɛmfa Antony Flew nyɛ nhwɛsoɔ. Ɔyɛ nwomanimfoɔ a kane no ɔgye gyinaa mu dendeenden sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Nanso akyiri yi ɔhuu sɛ nkwa yɛ nwanwa na abɔdeɛ mu mmara nso yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. Wei maa ɔsesaa n’adwene, na ɔfaa tete asɛm bi kaa sɛ: “Baabi a adanseɛ no ani kyerɛ no, fa w’ani kyerɛ hɔ.” Ɔbenfoɔ Flew bɛhuu sɛ adanseɛ a ɛwɔ hɔ da no adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ.

Gerard a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nso bɛhuu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Ná wasua mmoawammoawa ho adeɛ kɔ akyiri, nanso ɔkaa sɛ: “Biribiara nni hɔ a mɛtumi agyina so aka sɛ nkwa fi nneɛma a nkwa nnim mu na ɛbaeɛ. Sɛ mehwɛ nneɛma a nkwa wom ne sɛnea ɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ no a, nea mɛtumi aka ara ne sɛ obi na ɔhyɛɛ da yɛɛ ne nyinaa.”

Obi tumi hwɛ odwumfoɔ nsa ano adwuma de hu sɛnea onii no teɛ. Gerard nso hwɛɛ nneɛma a atwa ne ho ahyia, na wei ma ɔhuu sɛnea Ɔbɔadeɛ no teɛ. Bio nso Gerard gyee berɛ suaa nwoma bi a ɛfi Ɔbɔadeɛ no hɔ. Saa nwoma yi ne Bible. (2 Timoteo 3:16) Berɛ a ɔkenkan Bible no, ɔhuu adasamma abakɔsɛm ne afotuo a ɛbɛboa ma yɛadi yɛn haw ho dwuma nnɛ. Enti ɔbɛhuu sɛ Bible yɛ nwoma a ɛfi obi a n’adwene korɔn hɔ.

Berɛ a Gerard kenkan Bible no, ɔnyaa nsɛmmisa pii ho mmuaeɛ. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ gye berɛ na wo nso yɛ Bible mu nhwehwɛmu.