Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Sɛnea Mobɛka Mo Ntam Asɛm

Sɛnea Mobɛka Mo Ntam Asɛm

ƆHAW NO

Sɛ asɛm bi si na wo ne wo yere anaa wo kunu reka ho asɛm a, ɛte sɛn? Ekowie abufuw anaa? Sɛ saa a, mpa abaw; mubetumi ayɛ ho biribi. Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ muhu sɛ ɛsono ɔbarima na ɛsono ɔbea; obiara ne sɛnea ɔkasa. *

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Biribi si a, mmea pɛ sɛ wɔka nea ɛwɔ wɔn komam. Wɔkasa wie na wowɔ ɔhaw no ano aduru a, na woaka. Wɔmpɛ sɛ woka wɔn kasaboa hyɛ wɔn yam. Ɛtɔ da a nea ehia ara ne sɛ ɔbarima no bɛma ne yere kwan na wakasa; n’ano besi no na ne ho abae no.

Sɛ biribi haw me na meka ho asɛm wie a, na me ho atɔ me fɔmm. Nea ɛyɛ me dɛ koraa ne sɛ mehu sɛ me kunu ate me ase. Minya kasa wie a, ɛno ara ne no, na afi me mu.”—Sirppa. *

Biribi haw me na mannya kwan ankyerɛ mu ankyerɛ me kunu a, ɛbɛhyɛ me so saa. Minya ka ho asɛm wie a, na asɛm de n’asɛm kɔ.”—Ae-Jin.

Asɛm bi si a, merekasa nyinaa na merekeka nsɛm si ani. Mewie no na mahu n’ani so. Ayɛ sɛ polisini a ɔrehwehwɛ nsɛm mu.”—Lurdes.

Biribi si a, nea mmarima pɛ ne sɛ wobenya ano aduru. Wei nyɛ nwonwa, efisɛ ɔbarima deɛ, asɛm si na onya ne pomasibere a, na ne ho atɔ no; ɛno na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ barima. Sɛ biribi si na onya ano aduru a, na ɔreka akyerɛ ne yere sɛ ɔwɔ hɔ ma no, enti ɛnsɛ sɛ osuro koraa. Wei nti sɛ ɔbarima pɛ sɛ ɔboa ne yere ma wonya asɛm bi ano aduru na ɔbea no mpɛ a, na onhu nea ɔnyɛ. Ɔbarima bi a ɔde Kirk kae sɛ: “Mihui yi, asɛm si a, ano aduru na obiara hwehwɛ. Wo deɛ wose da; mmom kasa ara na wobɛkasa. Mente ase koraa.”

Nanso nhoma bi a wɔato din The Seven Principles for Making Marriage Work kae sɛ: “Woante obi ase a, worentumi mmoa no. Ɛsɛ sɛ woma wo yere hu sɛ wote no ase ansa na wowɔ afotu bi a, wode ama no. Sɛ asɛm bi haw wo yere na wohwɛ mu paa a, ebia wubehu sɛ ɛnyɛ afotu na ohia, mmom ɔpɛ sɛ woyɛ aso tie no; wutie no a asa!”

NEA WUBETUMI AYƐ

Okunu: Wo yere rekasa a, to wo bo ase tie no na nya atenka ma no. Ɔbarima bi a ɔde Tomás kae sɛ: “Ɛtɔ da na migyaa me yere ma no ka nea ɔbɛka nyinaa wie a, mibisa me ho sɛ, ‘Kasatenten yi nyinaa, ekowiee sɛn?’ Nanso mihu sɛ nea ɔpɛ ara ne sɛ metie no.” Stephen de foaa so sɛ: “Me yere rekasa a, mihu sɛ ɛyɛ papa sɛ merentwa n’ano. Ɔkasa wie a, ɔno ara ka sɛ ne ho abae no.”

Sɔ wei hwɛ: Sɛ wo ne wo yere resusuw biribi ho a, mpere wo ho nkyerɛ no nea ɔnyɛ. Wo deɛ, hwɛ n’anim dinn na tie no. Edu baabi a, bɔ wo ti nko na onhu sɛ wo ne no yɛ adwene. Wubetumi aka biribi de akyerɛ sɛ woate nea ɔreka no ase. Ɔbarima bi a ɔde Charles nso kae sɛ: “Ɛtɔ da a, nea me yere hia ara ne sɛ obehu sɛ mete no ase na mewɔ n’afa.”—Bible mu asɛm: Yakobo 1:19.

Ɔyere: Nea wopɛ no, ka ho asɛm kyerɛ wo kunu. Ɔbea bi a ɔde Eleni kae sɛ: “Mmea deɛ, anka nea yɛpɛ ne sɛ yɛn kununom behu nea yehia, nanso ɛtɔ da a, gye sɛ yebue yɛn ano ka.” Ɔbea foforo a ɔde Ynez nso kae sɛ: “Mitumi ka kyerɛ me kunu sɛ, ‘Biribi haw me na mepɛ sɛ meka ho asɛm kyerɛ wo. Mesrɛ wo, wo deɛ tie me. Menkaa sɛ kyerɛ me nea menyɛ; nea mihia ara ne sɛ wobɛte me ase.’”

Sɔ wei hwɛ: Ebia wo kunu bɛpere ne ho akyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ, nanso nya abotare; nka sɛ onnwen wo ho. Ebia boa ara na ɔpɛ sɛ ɔboa wo. Ɔbea bi a ɔde Ester kae sɛ: “Minim sɛ me kunu dwen me ho paa na ɔpɛ sɛ ɔyɛ aso tie me, nanso edu baabi a ohu sɛ ehia sɛ ɔboa me.”—Bible mu asɛm: Romafo 12:10.

Mo mmienu nyinaa: Nea yɛpɛ sɛ nkurɔfo yɛ ma yɛn no, ɛno na yɛtaa yɛ ma wɔn. Nanso wo ne wo yere anaa wo kunu resusuw asɛm bi ho a, ɛbɛyɛ papa sɛ wohwɛ nea ɔno pɛ. (1 Korintofo 10:24) Ɔbarima bi a ɔde Miguel kae sɛ: “Woaware a, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ aso atie wo yere. Woyɛ ɔbea warefo nso a, ma ɛntena w’adwenem sɛ ɛtɔ da a wo kunu bɛma wo nyansahyɛ anaa ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Wubetumi ayɛ no sei anaa sei.’ Sɛ obiara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛte ne yɔnko ase a, asomdwoe bɛba.”—Bible mu asɛm: 1 Petro 3:8.

^ nky. 4 Nea yɛrebɛka yi nkyerɛ sɛ saa na ɔbea anaa ɔbarima biara te. Nanso asɛm no bɛboa awarefo nyinaa ama wɔahu wɔn yere anaa wɔn kunu yiye, na sɛ ɔreka biribi a wɔate no ase.

^ nky. 7 Wɔasesa edin ahorow no.