Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Aba Bruu Hyɛnhyɛn Bi

Aba Bruu Hyɛnhyɛn Bi

WOKƆ Afrika aman pii so a, wubehu afifide bi a yɛfrɛ no Pollia condensata. Ɛsow aba nketenkete bi a yɛfrɛ no Pollia berry. Yɛreka afifide a ɛwɔ kɔla bruu a ɛhyerɛn paa a, saa aba yi na edi kan. Nanso biribiara nni aba yi ho a ɛyɛ bruu. Ɛnde, dɛn na ɛma dua yi aba kɔla hyerɛn saa?

Susuw ho: Nkwammoaa a ɛwɔ saa aba yi ho no, wofa baako biara a ɛwɔ biribi te sɛ ahama. Wɔahyehyɛ ahama yi asesa so te sɛ nea obi ahyehyɛ mankyese abaa ma baako da baako nkyɛn. Afei wɔasan ahyehyɛ foforo wɔ so. Wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso ama ayɛ te sɛ atrapoe, nanso wohwɛ fi soro a, ɛte sɛ nea ahama no atwitwa kanko. Ahama a ɛwɔ nkwammoaa no mu nyɛ bruu. Ɛyɛ sɛnea wɔahyehyɛ ahama no ataataa so no na ɛma aba no kɔla yɛ saa. Enti ɛnyɛ kɔla bi na ɛwɔ aba yi ho, na mmom ɛyɛ sɛnea wɔahyehyɛ ahama no na ɛma aba no ho yɛ hyɛnhyɛn na ɛte gya saa no. Wohwɛ aba no a, wobɛka sɛ nkwammoaa dodow no ara yɛ bruu. Nanso esiane sɛnea wɔahyehyɛ nkwammoaa no nti, wodanedane aba no a, ne kɔla tumi yɛ te sɛ ahabammono, akokɔsrade, anaa kɔkɔɔ. Bio nso, sɛ wobɛn ho na wohwɛ no yiye paa a, wubehu sɛ kɔla no nyɛ baako, na ɛntɔ so nso. Ɛte sɛ kɔla a ɛba kɔmputa so.

Esiane sɛ ɛnyɛ kɔla bi na ɛwɔ aba yi ho nti, sɛ ɛtew fi ne dua so tɔ fam mpo a, ne kɔla nsesa. Nea ɛwom ne sɛ, wɔatetew aba yi bi agu hɔ bɛboro mfe ɔha ni, nanso ne kɔla te sɛ nea yɛatew no foforo! Aduan biara nni aba yi ho a nnomaa betumi adi; ɛyɛ aba kɛkɛ. Nanso nhwehwɛmufo akyerɛ sɛ, ne kɔla no kɛkɛ mpo tumi twetwe nnomaa a wɔbɛn ho no ba ho.

Sɛnea Pollia berry kɔla te no, nyansahufo gye di sɛ wobetumi ahwɛ so ayɛ nneɛma pii. Ebi ne nneɛma a ani ntumi pa da ne nkrataa a obi ntumi nhwɛ so nyɛ bi.

Wudwen ho sɛn? Sɛnea Pollia berry yɛ bruu hyɛnhyɛn no, wobɛka sɛ ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔe?