Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Sɔhwɛ

Sɔhwɛ

Awaregyae, yare, ne obi ahonim anaa ne tiboa a ebu no fɔ. Weinom ne nneɛma bi a etumi to obi bere a wama sɔhwɛ ayi no. Dɛn na yɛbɛyɛ na saa afiri yi anyi yɛn?

Dɛn ne sɔhwɛ?

Sɛ ade bɔne bi retwetwe wo a, nea ɛkyerɛ ne sɛ bɔne resɔ wo ahwɛ. Mfatoho bi ni. Fa no sɛ woredi gua, ɛnna w’ani bɔɔ biribi a w’ani gye ho paa so. Prɛko pɛ na ebesii wo tirim sɛ, wubetumi awia ade no a obiara renkye wo. Nanso wo tiboa ka kyerɛɛ wo sɛ, nyɛ saa! Enti wuyii saa adwene no fii wo tirim na wokɔɔ wo baabi. Saa bere yi deɛ, yebetumi aka sɛ sɔhwɛ no anyi wo; woadi so nkonim.

NEA BIBLE AKA

 

Sɛ biribi bɔne resɔ wo ahwɛ a, ɛnkyerɛ sɛ woyɛ nipabɔnefo. Bible mpo ma yehu sɛ bɔne sɔ yɛn nyinaa hwɛ. (1 Korintofo 10:13) Nea yɛbɛyɛ wɔ sɔhwɛ no ho na ehia. Ebinom de wɔn adwene si akɔnnɔ bɔne no so saa ara, wobɛhwɛ no na wɔakɔyɛ bɔne. Ebinom nso deɛ, ɛbae ara, na wɔayi afi wɔn tirim efisɛ wobu no sɛ ɛyɛ bɔne.

“Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada.”​—Yakobo 1:14.

Sɛ bɔne bi resɔ wo ahwɛ a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ho biribi ntɛm?

Bible ma yehu nneɛma a ɛkɔ so ansa na obi ayɛ bɔne. Yakobo 1:15 ka sɛ: “Sɛ akɔnnɔ [bɔne] no nyinsɛn a, ɛwo bɔne.” Sɛ yebetwa no tiaa a, yɛde yɛn adwene si bɔne so a, ebedu baabi no, ke-ara-ne-ke, yɛbɛyɛ bɔne no. Ɛte sɛ ɔbaa a ɔnyem. Ɛdan sɛ boɔ ara a ɔbɛwo. Nanso, yebetumi ayɛ ho biribi na akɔnnɔ bɔne amfa yɛn anyɛ nkoa. Yebetumi adi so nkonim.

SƐNEA BIBLE BETUMI ABOA

 

Sɛnea yɛn adwene tumi sosɔ akɔnnɔ bɔne so no, saa ara nso na ebetumi ama agyae. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ɛne sɛ yɛde yɛn adwene besi biribi foforo so. Ebetumi ayɛ dwumadi bi, nkɔmmɔ bi a yɛne yɛn adamfo bi abɔ, anaa nsusuwii foforo biara a ɛyɛ papa. (Filipifo 4:8) Sɛ bɔne bi sɔ yɛn hwɛ na yɛma enya yɛn a, ɛde ɔhaw bɛbrɛ yɛn. Ebi ne sɛ ebetumi asɛe yɛn som, yɛn apɔwmuden anaa anigye a yɛwɔ. Wei nso yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho. (Deuteronomium 32:29) Mpaebɔ nso bɛboa paa. Yesu Kristo kaa sɛ: ‘Monkɔ so mmɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.’​—Mateo 26:41.

“Mommma wɔnnnaadaa mo: Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe. Na nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”​—Galatifo 6:7.

Wobɛyɛ dɛn asiesie wo ho ama sɔhwɛ?

NOKWASƐM A ƐWOM

 

Ɛsɛ sɛ yehu sɛ sɔhwɛ yɛ nnaadaa anaa afiri a etumi yi nnipa a wɔn adwene mu nnɔ, wonsusuw nneɛma ho nkɔ akyiri anaa wonni suahu. (Yakobo 1:14) Yɛreka sɔhwɛ a etumi yi obi wɔ saa kwan no so paa a, ɛyɛ nna mu ɔbrasɛe. N’awiei yɛ ɔhaw pii.​—Mmebusɛm 7:22, 23.

SƐNEA BIBLE BETUMI ABOA

 

Yesu Kristo kaa sɛ: “Sɛ w’aniwa nifa reto wo hintidua a, tu na tow kyene.” (Mateo 5:29) Asɛm a Yesu kae yi yɛ kasakoa. Nea na ɔrekyerɛ ankasa ne sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani na yenya daa nkwa a, gye sɛ ɔkwan bi so no, yekum yɛn nipadua akwaa no wɔ nneɛma bɔne ho. (Kolosefo 3:5) Sɛ bɔne bi refrɛfrɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yesi yɛn adwene pi sɛ yɛnyɛ. Onyankopɔn somfo nokwafo bi kaa sɛ: “Mma m’aniwa nnhwɛ ahuhude.”​—Dwom 119:37.

Ɛwom, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so. Adeɛ yi, “honam no yɛ mmerɛw.” (Mateo 26:41) Enti mfomso mpa yɛn ho. Nanso sɛ yefi yɛn komam nu yɛn ho, na yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛremma bɔne no nka yɛn hɔ a, Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ yɛn Bɔfo no ‘behu yɛn mmɔbɔ na wadom’ yɛn. (Dwom 103:8) Hwɛ sɛnea wei ka koma!

“Sɛ mfomso na wohwɛ a, O Yehowa, anka hena na obegyina?”​—Dwom 130:3.