Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Akodi

Akodi

Tete no, Israelfo no dii ako wɔ wɔn Nyankopɔn Yehowa din mu. Wei kyerɛ sɛ ɛnnɛ Onyankopɔn pene akodi so anaa?

Tete no, adɛn nti na Israelfo kɔɔ ako?

NEA NKURƆFO KA

 

Ná Israelfo no som nyame a ɔpɛ abusua ntam akodi ne mogyahwiegu.

NEA BIBLE AKA

 

Aman a Israelfo dii wɔn so nkonim no, na awudisɛm ne ɔbrasɛe ahyɛ wɔn mã. Ná nnipa ne mmoa da, wodi mogyafra, na na wɔde mmofra bɔ afɔre. Onyankopɔn maa aman ahorow yi mfehaha pii sɛ wɔmfa nsesa. Akyiri yi, Onyankopɔn kaa sɛ: “Eyi na ama aman a merepam wɔn afi w’anim yi ho agu fĩ.”—Leviticus 18:21-25; Yeremia 7:31.

“Aman no amumɔyɛ nti na Yehowa wo Nyankopɔn repam wɔn afi w’anim yi.”​—Deuteronomium 9:5.

Ɛnnɛ, sɛ akodi rekɔ so a, Onyankopɔn gyina ebinom akyi anaa?

EBIA WOAHYƐ NO NSOW SƐ

 

Sɛ ntɔkwaw si a, mpɛn pii no, nyamesom akannifo a wɔwɔ ɔfã biara mu no ka sɛ Onyankopɔn wɔ wɔn afã. Nhoma bi ka sɛ: “Akodi biara a akɔ so no, nyamesom di fɔ wɔ ho.”​—The Causes of War.

NEA BIBLE AKA

 

Kristofo nni hokwan sɛ wɔne wɔn atamfo ko. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo sɛ: ‘Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu. Munnni mo ho were.’​—Romafo 12:18, 19.

Sɛ́ anka Yesu bɛma n’akyidifo akɔ ɔko no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo, na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma.” (Mateo 5:44, 45) Sɛ aman bi redi ako mpo a, ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ saa man no mu no gyina ɔfã biara; ‘wɔnyɛ wiase no fã.’ (Yohane 15:19) Sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ n’asomfo a wɔwɔ asase so nyinaa dɔ wɔn atamfo na wɔtwe wɔn ho fi wiase no ho deɛ a, ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na wagyina ɔfã bi wɔ ntɔkwaw mu nnɛ?

“M’ahenni mfi wiase. Sɛ m’ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me amma Yudafo no. Nanso sɛnea ɛte no, m’ahenni mfi ha.”​—Yohane 18:36.

Akodi begyae da bi?

NEA NKURƆFO KA

 

Yɛrentumi nkwati akodi. Nhoma bi kaa sɛ: “Akodi deɛ, ɛto rentwa da. Yɛn bere yi so deɛ, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ asomdwoe bɛba wiase nyinaa ama atena hɔ daa.”—War and Power in the 21st Century.

NEA BIBLE AKA

 

Sɛ obiara mpɛ sɛ ɔko a, akodi begyae. Enti ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni beyi akode nyinaa afi asase so, na ɛbɛkyerɛkyerɛ nnipa ma wɔapɛ asomdwoe. Onyankopɔn Ahenni yɛ aban ankasa a ɛwɔ soro. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, Onyankopɔn ‘besiesie nsɛm ama aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri. Na wɔde wɔn nkrante bɛyɛ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi. Ɔman bi rentwe nkrante wɔ ɔman foforo so, na wɔrensua akodi bio.’​—Mika 4:3.

Bible kyerɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn Ahenni di tumi a, obeyi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ. Ebi ne aban a wɔpere hwehwɛ nea wɔn ankasa pɛ, mmara a ɛma amanfo tew atua, ne animhwɛ a ɛde abusua ntam mpaapaemu ba. Wei bɛma akodi afi hɔ. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: ‘Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛnea nsu akata po so no.’​—Yesaia 11:9.

“Ɔma akodi gyae kosi asase ano. Obubu agyan mu, na otwitwa peaw mu asinasin; Ɔde gya hyew nteaseɛnam.”​—Dwom 46:9.