Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Atoyerɛnkyɛm Si a—Nea Wobɛyɛ De Agye Wo Ho ne Afoforo

Atoyerɛnkyɛm Si a—Nea Wobɛyɛ De Agye Wo Ho ne Afoforo

“Topae bi a egyigye paa tow maa anka mereyɛ abɔ fam. Yehuu sɛ wusiw fi ntokuru bi mu reba, na ogya tɔɔ yɛn ɔfese a ɛyɛ abansoro tenteenten no mu.”​—Joshua.

Asasewosow, mframa gyampantrudu, topae a nsɛmmɔnedifo tow, sukuufo a wɔtotow tuo bɔ wɔn. Weinom yɛ nsɛm a yɛtaa te wɔ kaseɛbɔ mu paa. Nokwasɛm ne sɛ, ɛsono sɛ worekenkan atoyerɛnkyɛm ho ade, ɛnna ɛsono sɛ ebi ato wo. Sɛ atoyerɛnkyɛm si na wubetumi anya wo ti adidi mu a, ɛnde dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na asi, bere a asi, ne bere a asi awie no?

ANSA NA EBESI​—SIESIE WO HO!

ATOYERƐNKYƐM betumi ato obiara. Sɛ wubetumi anya wo ti adidi mu a, nea ehia paa ne sɛ wubedi kan asiesie wo ho. Dɛn na wobɛyɛ de asiesie wo ho?

  • Siesie w’adwene. Ɛsɛ sɛ wugye tom sɛ atoyerɛnkyɛm si. Sɛ esi nso a, ebetumi aka wo ne w’adɔfo. Sɛ esi wie a, worentumi nsiesie wo ho, efisɛ na aka akyi dodo.

  • Hu atoyerɛnkyɛm ahorow a ebetumi asi wɔ wo mpɔtam. Hwehwɛ mmeae a wubetumi aguan akɔ. Baabi a wo fie wɔ ne sɛnea wɔasi fie no, hwɛ sɛ atoyerɛnkyɛm si a ɛrempira wo anaa. Biribiara a ebetumi ama ogya atɔ hɔ no, yi fi hɔ. Fa afiri bi bɔ wo fie, na sɛ ogya rebɛtɔ hɔ a ayɛ dede. Afei anyɛ yiye koraa no, afe biara, sesa afiri no batere.

  • Pɛ nneɛma bi gu hɔ a sɛ biribi si mpofirim a wubehia. Hu sɛ, sɛ atoyerɛnkyɛm si a, anyinam ahoɔden betumi agyae adwumayɛ, nsu betumi atwa, ebia wo fon renyɛ adwuma, na worennya kar nso mfa. Sɛ wowɔ kar a, hwɛ sɛ bere nyinaa pɛtro a ɛwom no bedu tank ne fã. Afei ɛsɛ sɛ wunya aduan, nsu, ne bag bi a nneɛma kakra wom, na sɛ biribi si mpofirim a, womaa so ara na woresen.—Hwɛ adaka a wɔato din “ Wowɔ Nea Wubehia?

    Sɛ wubetumi anya wo ti adidi mu a, nea ehia paa ne sɛ wubedi kan asiesie wo ho

  • Nya fon nɔma ahorow a wubetumi afrɛ. Wei betumi ayɛ wo nnamfo a wɔbɛn wo anaa wɔwɔ akyiri.

  • Mompɛ baabi a mubeguan akɔ, na munhu sɛnea mobɛkɔ hɔ. Hu pon a wubetumi aguan afa mu ntɛm bere a atoyerɛnkyɛm asi. Sɛ wo mma wɔ sukuu nso a, ma wonhu nea wobetumi ayɛ bere a atoyerɛnkyɛm asi. Ɛsɛ sɛ abusua no hu baabi a wɔn nyinaa betumi aguan akɔ. Wei betumi ayɛ sukuu anaa nhomakorabea bi. Ɛsɛ sɛ munya beae baako wɔ mo mpɔtam ne baako nso wɔ akyiri baabi. Nnwumakuw a wɔboa wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu kyerɛ sɛ, ɛwom ara a ɛsɛ sɛ abusua no nantew kɔ mmeae a ɛtete saa.

  • Yɛ w’adwene sɛ wobɛboa afoforo. Boa nkwakoraa, mmerewa, ne wɔn a wɔadi dɛm nso.

BERE A ASI​—YƐ W’ADE NTƐM

Joshua a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Bere a ogya tɔɔ ɔdan no mu no, nnipa no bebree ammɔ hu, enti wɔtwentwɛn wɔn nan ase. Ebinom dii kan dum wɔn kɔmputa, ɛnna afoforo nso buu nsu guu wɔn toa mu. Ɔbarima bi kaa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ a anka yɛntwɛn kakra ɛ.’” Ɛwom sɛ nkurɔfo twentwɛn wɔn nan ase deɛ, nanso Joshua teɛɛm sɛ: “Ɛsɛ sɛ yefi ha seesei ara!” Ɛbaa saa no, n’adwumamfo no sesaa wɔn adwene, na wodii n’akyi fii abansoro no so sii fam. Joshua kɔɔ so teɛteɛɛm sɛ: “Sɛ obiara bɔ fam a, ma ne so na toa so kɔ w’anim. Yɛn nyinaa bedu!”

  • Bere a ogya atɔ baabi. Da fam na yɛ ntɛm fa baabi a ɛbɛn wo paa pue. Sɛ wusiw wɔ dan no mu a, ɛbɛyɛ den sɛ wubehu ade. Nnipa a wowu wɔ ogya mu no, wɔn mu bebree wɔ hɔ a ɛyɛ wusiw a wɔhome no na ekum wɔn. Gya biribiara hɔ. Woka akyi anibu kakraa bi mpo a, wubetumi ahwere wo nkwa.

  • Bere a asasewosow bi asi. Sɛ akongua, ɔpon, anaa mpa bi a ɛyɛ den wɔ hɔ a, kɔhyɛ ase. Anaasɛ ɔfasu a ɛwɔ dan no mu a mfɛnsere nni ho no, kɔkotow ho. Hwɛ kwan sɛ asasewosow no akyi no, asasewosow nketenkete bedi akyi aba. Enti yɛ ntɛm pue fi dan biara mu, na mmɛn dan biara ho. Ebia wɔn a wɔrebegye nnipa a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no remmedu ntɛm. Enti sɛ wubetumi agye obi a, bɔ mmɔden yɛ saa.

  • Ɛpo mu asasewosow (tsunami). Sɛ ɛpo nsu twe kɔ akyiri mpofirim a, yɛ ntɛm guan kɔ bepɔw bi so. Hu sɛ ɛbɛsan apuw aba, na ebebu afa so.

  • Bere a ahum kɛse anaa mframa gyampantrudu atu. Yɛ ntɛm kɔhyɛ baabi a mframa no renka wo.

  • Bere a nsuyiri bi asi. Ɔdan biara a nsu akɔ mu no, pue fi mu. Nnantew nsu biara mu, na mfa kar nso mfa mu. Sɛ nsu yiri a, etumi fa bɔla, na nneɛma bi nso wom a ebetumi apira wo. Ebi ne nneɛma a abubu, amena bi a ɛso da hɔ, ne elɛtrik nhama a atetew.

  • So wunim? Sɛ nsu retene, na emu dɔ bɛyɛ mita 0.6 a, ebetumi apia kar akɔ. Nea enti a nnipa bebree wu wɔ nsuyiri mu ne sɛ, wɔde wɔn kar fa nsu a ayiri no mu.

  • Sɛ ɔman no mu mpanyimfo ka sɛ mumfi hɔ a, fi hɔ ntɛm ara! Ma wo nnamfo ne w’abusuafo nhu baabi a wowɔ, ɛnyɛ saa a, wɔde wɔn nkwa bɛto asiane mu akɔhwehwɛ wo.

    Sɛ ɔman no mu mpanyimfo ka sɛ mumfi hɔ a, fi hɔ ntɛm ara!

  • So wunim? Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, ebia text message bɛyɛ papa asen sɛ wobɛfrɛ wɔ fon so.

  • Sɛ ɔman no mu mpanyimfo ka sɛ obiara nhyɛ ne dan mu anaa ɔdan bi mu a, hyɛ hɔ dinn. Ebia na obi abue mframa bi a awuduru wom so wɔ abɔnten, anaa mmoawammoawa bi a ɛma yare wɔ abɔnten, anaasɛ wɔatow nuklea topae bi. Sɛ ɛba saa a, hyɛ dan mu, dum biribiara a ɛtwe mframa fi abɔnten, na toto mpomma ne pon no nyinaa mu sɛnea ɛbɛyɛ a abɔnten mframa biara remma dan no mu. Ɛyɛ a tie kaseɛbɔ wɔ TV ne radio so. Hyɛ dan mu kosi sɛ ɔman no mu mpanyimfo bɛbɔ dawuru sɛ ɔhaw no to atwa.

BERE A ASI AWIE​—BƆ WO HO BAN!

Sɛ wubetumi abɔ wo ho ban afi yare ne biribiara a ebetumi apira wo ho a, hwɛ nea edidi so yi:

  • Wo ne wo nnamfo ntena sɛ ɛbɛyɛ yiye a, sen sɛ wobɛtena baabi a wɔde ama wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no.

  • Baabi a wote no, ma hɔ ntew.

  • Fa w’ankasa nneɛma bi bɔ wo ho ban bere a woresiesie baabi a wowɔ no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, hyɛ gloves, mpaboa a ɛremma wumpira, ɛkyɛ a ɛbɛbɔ wo ho ban, ne biribi a wode bɛkata wo hwene na mfuturu ankɔ wo mu. Hwɛ yiye wɔ elɛtrik ahama ne nnyansramma ho.

  • Nea na woyɛ da biara no, kɔ so yɛ no saa ara. Ɛsɛ sɛ wo mma hu sɛ wo ho mpopo, na wunsuro. Wo ne wo mma nsua sukuu ade, munni agorɔ, na mommɔ mu nsua Bible. Awerɛhosɛm a efii nea esii no mu bae no, sɛ wɔbɔ ho dawuru a, mmfa w’adwene nkɔ so. Afei nso, mmfa wo dadwen ne wo haw nteetee w’abusuafo. Gye mmoa tom, na wo nso boa afoforo.

    Sɛ atoyerɛnkyɛm no si wie a, nea na woyɛ da biara no, kɔ so yɛ no saa ara

  • Gye tom sɛ wobɛhwere wo nneɛma bi. Aban ne nnwumakuw ahorow a wɔboa wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu no, wɔhwɛ sɛ wɔbɛma nkurɔfo anya nea wohia na ama wɔatumi atena nkwa mu. Ɛnyɛ sɛ wɔde nea woahwere biara bɛma wo. Sɛ yɛbɛkɔ so atena ase a, yehia nsu pa, aduan, ntade, ne baabi pa a yɛbɛda.​—1 Timoteo 6:7, 8.

  • Hwɛ kwan sɛ wobɛbotow, na pɛ mmoa. Mpɛn pii no, sɛ atoyerɛnkyɛm si a, wo koma tu. Ɛno akyi no, na woabotow. Nea wubehu no bi ne adwinnwen, awerɛhow, wo bo fuw ntɛmntɛm, wudwen a ensi so, wuntumi nyɛ adwuma yiye, na wotaa da. Wo ne wo nnamfo a wɔdwene wo ho mmɔ nkɔmmɔ.

Joshua nyaa ne ti didii mu bere a ogya tɔɔ n’adwumam no, nanso n’adwumamfo no pii hweree wɔn nkwa. Ɔmaa Kristofo mpanyimfo ne adwenemyare ho nnuruyɛfo boaa no. Joshua kaa sɛ: “Wɔhyɛɛ me nkuran sɛ, awerɛhow a meredi no kyerɛ sɛ me ho retɔ me afi tebea a mekɔɔ mu no mu, na ɛrenkyɛ ne nyinaa to betwa. Abosome mmiɛnsa akyi, me haw no so tewee. Ɔhaw nketenkete bi deɛ, ɛkyɛe kakra ansa.”

Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, ɛmma yensusuw nneɛma ho yiye. Ɛno nti, nkurɔfo di mfomso bɔ Onyankopɔn sobo. Joshua di yaw sɛ ebinom ahwere wɔn nkwa na ɔno deɛ wanya ne ti adidi mu. Saa na nkurɔfo pii te nka. Joshua kaa sɛ: “Ɛyɛ a meda so ara dwen ho sɛ, ebia anka metumi agye nnipa pii nkwa asen nea migyee no. Migye di sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn besiesie nneɛma wɔ asase so, na ama bɔne nyinaa agyae. Wei kyekye me werɛ paa. Saa bere yi deɛ, ade kye me biara a, m’ani sɔ. Meyɛ nea metumi biara nso de bɔ nkwa a mewɔ no ho ban.”—Adiyisɛm 21:4, 5. *

^ nky. 33 Nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma amanehunu rekɔ so, ne ɛbɔ a wahyɛ afa daakye ho no, wopɛ sɛ wuhu ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma a yɛato din, Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? Wubetumi atwe bi wɔ www.dan124.com/tw.