Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monna Ɔdɔ Adi Nkyerɛ Mo Ho Wɔ Abusua no Mu

Monna Ɔdɔ Adi Nkyerɛ Mo Ho Wɔ Abusua no Mu

Monna Ɔdɔ Adi Nkyerɛ Mo Ho Wɔ Abusua no Mu

“SƐ WOYƐ ɔbea a, hyew no! Hyew no ma menhwɛ!” Tohru na ogyee ne yere, Yoko, kyim saa. * Ɔbea no yii ano sɛ, “mɛhyew no ama woahu,” na ɔsɔɔ mankyese sɛ ɔde bɛhyew mfonini a wɔn baanu boom twae no. Afei, ɔteɛɛm sɛ, “Mɛhyew ofie no!” Ɛnna Tohru bɔɔ ne yere asom maa akyinnyegye no danee ntɔkwaw.

Mfe abiɛsa a atwam no, Tohru ne Yoko fii asetra ase sɛ awarefo a wɔwɔ anigye. Nanso afei, dɛn na ɛtotoe? Ɛwom sɛ na Tohru yɛ ɔbarima a ne ho yɛ anika de, nanso ne yere tee nka sɛ ɔnnɔ no na onsusuw ne nkate ho. Ɛte sɛ nea na ontumi nyɛ ɔdɔ a ne yere da no adi kyerɛ no no ho hwee. Eyi a na Yoko ntumi nnyina ano no maa nsɛm yɛɛ no ahi na abufuw hyɛɛ no so. Onyaa ɔhaw te sɛ kɔdaanna, adwennwen, anomtow, ahokeka, ne adwenemhaw na mpo na ɔtaa bɔ birim-birim. Nanso, na ɛte sɛ nea Tohru fie tebea a agyigya no mfa ne ho no. Ne fam no, na ɛte sɛ nea biribiara ntotoe.

“Mmere a Emu Yɛ Den”

Ɔhaw a ɛtete saa abu so nnɛ. Ɔsomafo Paulo ka siei sɛ wɔ yɛn bere yi mu no, nnipa bɛyɛ ‘wɔn a wonni dɔ.’ (2 Timoteo 3:1-5) Mfitiase Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘wonni dɔ’ wɔ ha no ne asɛmfua a egyina hɔ ma ɔdɔ a wɔda no adi wɔ abusuafo ntam no wɔ abusuabɔ a emu dɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔdɔ a ɛte saa ho ayɛ na wɔ yɛn bere yi mu. Sɛ ɔdɔ wɔ hɔ mpo a, ɛyɛ den sɛ abusuafo bɛda no adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho.

Awofo pii nnim sɛnea wɔbɛda ɔdɔ ne tema adi akyerɛ wɔn ankasa mma nnɛ. Ebinom anyin wɔ mmusua a na ɔdɔ nnim mu na ebia wonhu sɛ asetra betumi ayɛ anigye ne ahomeka kɛse bere a wɔte nka sɛ wɔdɔ wɔn na wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn no. Ɛbɛyɛ sɛ saa na na ɛte wɔ Tohru fam. Wɔ ne mmofraberem no, bere nyinaa na adwuma akyere ne papa so na na ɔba fie anadwo dasum. Ná ɛyɛ den sɛ ɔne Tohru bɛkasa, na sɛ ɔne no kasa mpo a, na ɔde ɔyaw na ehyia no. Ná Tohru maame nso de ne bere nyinaa yɛ adwuma ma onnya bere pii mma no. Ná television nkutoo na ɔde gye n’ani sɛ abofra. Ná nkamfo anaa nkitahodi biara nni abusua no mu.

Amammerɛ nso betumi ayɛ ɔhaw no fã. Wɔ Latin Amerika mmeae bi no, sɛ ɔbarima bɛka akyerɛ ne yere sɛ ɔdɔ no a, na ɛsɛ sɛ obu n’ani gu ɛhɔnom amammerɛ so. Wɔ Apuei fam ne Afrika aman pii mu no, etia amammerɛ sɛ obi de n’anom asɛm anaa nneyɛe bɛda ne dɔ adi. Ebia ɛbɛyɛ den ama okununom sɛ wɔbɛka akyerɛ wɔn yerenom anaa wɔn mma sɛ “Medɔ wo.” Nanso, yebetumi asua biribi afi abusuabɔ a edi mu sen biara a atra hɔ bere tenten no mu.

Abusuafo Ntam Abusuabɔ a Ɛda Nsow

Yehu nhwɛso a edi mu sen biara ma abusua no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den a ɛda Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba a ɔwoo no koro ntam no mu. Wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho wɔ ɔkwan a ɛyɛ pɛ so. Bɛboro mfirihyia mpempem pii a atwam ni no, honhom fam abɔde a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo no ne N’agya no nyaa abusuabɔ a ɛyɛ anigye. Ɔkaa saa abusuabɔ no ho asɛm saa kwan yi so sɛ: “Na meyɛ n’adɔde daa daa; m’ani gye n’anim bere nyinaa mu.” (Mmebusɛm 8:30) Ná Ɔba no wɔ N’agya no dɔ mu ahotoso araa ma otumi ka kyerɛɛ afoforo sɛ ɔyɛ Yehowa adɔde daa daa. N’ani gyee N’agya anim bere nyinaa.

Bere a Yesu baa asase so sɛ onipa mpo no, Onyankopɔn Ba no kɔɔ so nyaa awerɛhyem sɛ N’agya no dɔ no yiye. Wɔ Yesu asubɔ akyi no, ɔtee N’agya nne sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” (Mateo 3:17) Ɔdɔ a ɛhyɛ nkuran bɛn ara na wɔdaa no adi kyerɛɛ Yesu wɔ n’asase so adwuma mfiase sɛɛ yi! Ɛkaa ne koma ankasa sɛ ɔtee sɛ N’agya gyina n’akyi bere a ɔkaakaee ne soro asetra nyinaa no.

Enti, Yehowa yɛ nhwɛso a edi mu sen biara wɔ ɔdɔ a ɔda no adi kyerɛ n’amansan abusua koraa no mu. Sɛ yegye Yesu Kristo tom a, yɛn nso yebetumi anya Yehowa dɔ. (Yohane 16:27) Ɛwom sɛ yɛrente nsɛm biara mfi soro de, nanso yebehu Yehowa dɔ a ɛda adi wɔ n’abɔde, Yesu agyede afɔrebɔ nsiesiei no mu, ne akwan foforo so no. (1 Yohane 4:9, 10) Yehowa yɛ aso ma yɛn mpaebɔ mpo, na otie no wɔ ɔkwan a ɛbɛboa yɛn sen biara so. (Dwom 145:18; Yesaia 48:17) Sɛ yɛne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den a, anisɔ a yɛwɔ ma ne hwɛ a ɔdɔ wom no bɛyɛ kɛse.

Yesu suaa sɛnea wɔda timmɔbɔ adi, wosusuw afoforo ho, wɔda ayamye, ne tema a emu yɛ den adi, fii N’agya hɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Biribiara a Agya no yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ. Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no nea n’ankasa yɛ nyinaa.’ (Yohane 5:19, 20) Yɛn nso yebetumi asua sɛnea yɛbɛda ɔdɔ adi denam nhwɛso a Yesu yɛe bere a ɔbaa asase so no a yebesua no so.—Filipifo 1:8.

Ɔdɔ a Wɔda no Adi Wɔ Abusua no Mu—Ɔkwan Bɛn So?

Esiane sɛ “Onyankopɔn ne dɔ” na wɔbɔɔ yɛn “ne suban so” nti, yebetumi ate nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔdɔ yɛn na yɛn nso yɛda ɔdɔ adi. (1 Yohane 4:8; Genesis 1:26, 27) Nanso, saa a yebetumi ayɛ no ankasa nsow aba. Nea ɛbɛyɛ na yɛada ɔdɔ adi no, ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛwɔ ɔdɔ ma yɛn hokafo ne yɛn mma. Gyen w’ani hwɛ su a eye wɔ wɔn ho, na ɛmfa ho sɛ ebia ɛte sɛ nea ɛho nhia mfiase no, fa w’adwene si su a ɛte saa so. Ebia wobɛka sɛ: ‘Biribiara nni me kunu [me yere anaa me mma] ho a m’ani gye ho.’ Ebia na wɔn a wɔn awofo paw ahokafo maa wɔn no anhyɛ da annya ɔdɔ amma wɔn ahokafo no. Ebia na ebinom mpɛ mma. Nanso, susuw sɛnea Yehowa tee nka wɔ ne sɛnkyerɛnne kwan so yere, Israel man, no ho wɔ afeha a ɛto so du A.Y.B. mu no ho hwɛ. Bere a ne diyifo Elia kae sɛ obiara nni Israel mmusuakuw du no mu a ɔsom Yehowa no, Yehowa too ne bo ase hwehwɛɛ wɔn mu nyaa nnipa a wɔdɔɔso—nnipa 7,000—a na wɔwɔ su horow bi a n’ani gye ho. So wubetumi asuasua Yehowa denam su pa a ɛwɔ w’abusuafo mu a wobɛhwɛ no so?—1 Ahene 19:14-18.

Nanso, nea ɛbɛyɛ na abusuafo foforo ahu sɛ wodɔ wɔn no, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden kɛse da ɔdɔ no adi. Sɛ wuhu biribi a ɛfata nkamfo a, pae mu ka fa kyerɛ ho anisɔ. Bere a Onyankopɔn Asɛm reka ɔyepa ho asɛm no, ɛkaa su a ɛyɛ anigye bi a n’abusuafo daa no adi ho asɛm: “Ne mmabanin sɔre, na wɔfrɛ no nhyira, ne kunu nso, oyi no ayɛ.” (Mmebusɛm 31:28) Hyɛ sɛnea abusua no mufo fi ɔpɛ mu kyerɛɛ anisɔ maa wɔn ho wɔn ho no nsow. Sɛ agya de n’anom nsɛm yi ne yere ayɛ a, ɔyɛ nhwɛso pa ma ne babarima, na ɔhyɛ no nkuran sɛ sɛ ɔware a, omfi ayamye mu nkamfo ne hokafo.

Afei nso, eye sɛ awofo bɛkamfo wɔn mma. Ɛno betumi aboa ma mmofra no anya obu ama wɔn ho. Anyɛ yiye koraa no, ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ‘adɔ ne yɔnko sɛ ne ho’ bere a ommu n’ankasa ho no? (Mateo 22:39) Ɔkwan foforo so no, sɛ awofo kasa tia wɔn mma bere nyinaa, na sɛ wɔankamfo wɔn koraa a, ɛbɛyɛ den ama mmofra no sɛ wobenya obu ama wɔn ho na wɔada ɔdɔ adi akyerɛ afoforo.—Efesofo 4:31, 32.

Wubetumi Anya Mmoa

Na sɛ wɔantete wo wɔ abusua a ɔdɔ wom mu nso ɛ? Wubetumi asua sɛ wobɛda ɔdɔ adi ara. Ade a edi kan a wubetumi ayɛ ne sɛ wubehu ɔhaw no na woahu hia a ehia sɛ wutu mpɔn. Onyankopɔn Asɛm, Bible, yɛ mmoa kɛse wɔ eyi mu. Yebetumi de atoto ahwehwɛ ho. Sɛ yɛde Bible nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛ ahwehwɛ no yɛ yɛn ho mu nhwehwɛmu a, ɛma yehu dɛmdi anaa mmerɛwyɛ a ɛwɔ yɛn nsusuwii mu no. (Yakobo 1:23) Yebetumi asiesie nsusuwii biara a ɛmfata ma ɛne Bible nkyerɛkyerɛ ahyia. (Efesofo 4:20-24; Filipifo 4:8, 9) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa daa, a ‘yɛmmrɛ wɔ papayɛ mu.’—Galatifo 6:9.

Ebetumi ayɛ den ama ebinom sɛ wɔbɛda ɔdɔ adi esiane ntetee a wonyae anaasɛ amammerɛ nti. Nanso nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi da no adi sɛ wobetumi adi akwanside a ɛte saa so. Ɔbenfo Daniel Goleman, a ɔyɛ adwenem ayaresa ho ɔbenfo no kyerɛkyerɛ mu sɛ, ‘yebetumi asiesie suban a agye ntini sen biara wɔ komam no mpo.’ Bɛboro mfeha 19 a atwam ni no, Bible kyerɛe sɛ ɛdenam Onyankopɔn honhom so no, yebetumi asiesie su a agye ntini sen biara wɔ komam no mpo. Etu yɛn fo sɛ: ‘Munyi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ nipasu foforo no.’—Kolosefo 3:9, 10.

Sɛ abusua no nya hu ɔhaw no pɛ a, wobetumi asua Bible no, a wɔn ahiade ahorow wɔ wɔn adwenem. Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na wonhwɛ nea Bible ka fa asɛmfua “ɔdɔ” ho wɔ nhoma a wɔde hwehwɛ Bible mu nsɛmfua mu? Wubetumi ahu kyerɛwsɛm te sɛ eyi: “Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea [Yehowa, NW] ma ewiee no, sɛnea [Yehowa, NW] ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.” (Yakobo 5:11) Afei susuw Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Hiob ho no ho, na fa w’adwene si sɛnea Yehowa daa ayamye ne timmɔbɔ adi kyerɛɛ no no so. Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wusuasua Yehowa, na woada ayamye ne timmɔbɔ adi kɛse akyerɛ w’abusua.

Nanso, esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yɛn nyinaa de tɛkrɛma no “fom nneɛma pii mu.” (Yakobo 3:2) Wɔ abusua no mu no, ebia yɛremfa yɛn tɛkrɛma nni dwuma ɔkwan a ɛhyɛ nkuran so. Eyi mu na ehia sɛ yɛbɔ mpae de yɛn ho to Yehowa so. Mpa abaw. ‘Nnyae mpaebɔ da.’ (1 Tesalonikafo 5:17) Yehowa bɛboa wɔn a wɔhwehwɛ ɔdɔ wɔ abusua no mu ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔda no adi nanso biribi resiw wɔn kwan no.

Bio nso, Yehowa fi ayamye mu de mmoa ama wɔ Kristofo asafo no mu. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mo mu bi yare [honhom mu] anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo [Yehowa, NW] din mu.” (Yakobo 5:14) Yiw, mpanyimfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu no betumi ayɛ mmoa kɛse ama mmusua a emufo rehyia ɔhaw wɔ ɔdɔ a wɔbɛda no adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho mu no. Ɛwom sɛ mpanyimfo no nyɛ adwenem nnuruyɛfo de, nanso wobetumi de boasetɔ aboa wɔn mfɛfo gyidifo, ɛnyɛ sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na mmom wɔbɛma wɔahu Yehowa adwene na wɔne wɔn abɔ mpae na wɔabɔ bi ama wɔn.—Dwom 119:105; Galatifo 6:1.

Wɔ Tohru ne Yoko fam no, Kristofo mpanyimfo yɛɛ aso maa wɔn haw no bere nyinaa na wɔkyekyee wɔn werɛ. (1 Petro 5:2, 3) Wɔ mmere ahorow bi mu no, ɔpanyin bi ne ne yere kɔsraa Yoko, sɛnea ɛbɛyɛ a Yoko benya Kristoni bea a ɔwɔ suahu a na obetumi ahyɛ no nkuran ma ‘wadɔ ne kunu’ no fekubɔ mu mfaso. (Tito 2:3, 4) Ɛdenam ntease ne timmɔbɔ a mpanyimfo nya ma wɔn mfɛfo Kristofo wɔ wɔn amanehunu ne wɔn haw ahorow mu so no, wɔbɛyɛ “mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea.”—Yesaia 32:1, 2.

Ɛdenam mpanyimfo no ayamye ne wɔn mmoa so no, Tohru behui sɛ ɔwɔ ɔhaw wɔ ne nkate a ɔda no adi ho, ɛne sɛ Satan atow ahyɛ abusua nhyehyɛe no so wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Timoteo 3:1) Tohru sii gyinae sɛ obedi ne haw no ho dwuma. Ofii ase hui sɛ ɔdɔ a ontumi nna no adi no fi ɔdɔ a wannya bere a na ɔyɛ abofra no. Ɛdenam Bible adesua ne mpaebɔ a anibere wom so no, Tohru de nkakrankakra bɛyɛɛ obi a otumi di Yoko nkate fam ahiade ahorow ho dwuma kɛse.

Ɛwom sɛ na Yoko bo fuw Tohru de, nanso bere a ohuu abusua a Tohru fi mu ne n’ankasa mmerɛwyɛ no, ɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ ɔbɛhwɛ su pa a ɛwɔ ne kunu ho no. (Mateo 7:1-3; Romafo 5:12; Kolosefo 3:12-14) Ɔbɔɔ Yehowa mpae anibere so hwehwɛɛ ahoɔden a ɔde bɛkɔ so adɔ ne kunu. (Filipifo 4:6, 7) Awiei koraa no, Tohru fii ase daa ne dɔ adi, na ne yere nso ani gyee ho.

Yiw, sɛ ɛyɛ den ma wo mpo sɛ wobɛte nka sɛ wɔdɔ wo na woada ɔdɔ adi wɔ w’abusua mu a, akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi adi saa haw no so. Onyankopɔn Asɛm de akwankyerɛ a edi mu ma yɛn. (Dwom 19:7) Sɛ wuhu sɛnea asɛm no yɛ anibere fa, sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ su pa a ɛwɔ w’abusuafo mu, sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm na wode di dwuma, sɛ wode wo ho to Yehowa so denam mpaebɔ a anibere wom so, na sɛ wohwehwɛ Kristofo mpanyimfo a wɔn ho akokwaw hɔ mmoa a, wubetumi adi ade a ɛte sɛ akwanside a wontumi nni so a ɛda wo ne w’abusua ntam no so. (1 Petro 5:7) Wo nso wubetumi adi ahurusi, sɛnea okunu bi yɛe wɔ United States no. Wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnka nkyerɛ ne yere sɛ ɔdɔ no. Bere a awiei koraa onyaa akokoduru kae sɛ “medɔ wo no,” nea ɔbea no yɛe no maa ne ho dwiriw no. Ɔbea no de anigye ne nusu kae sɛ: “Me nso medɔ wo, nanso eyi ne bere a edi kan wɔ mfirihyia 25 mu a woaka sɛ wodɔ me.” Ntwɛn mma enni saa bere tenten no ansa na woakyerɛ wo hokafo ne wo mma sɛ wodɔ wɔn!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Yehowa de mmoa ma wɔ N’asɛm, Bible, mu