Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Mexico

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Mexico

SƐ YƐHWƐ sɛnea Adansefo mmerante ne mmabaa pii ama wɔn asetena ayɛ wɛ na wɔde wɔn bere pii reyɛ ɔsom adwuma no a, ɛyɛ fɛ kwa. (Mat. 6:22) Nsakrae bɛn na wɔyɛ? Nsɛnnennen bɛn na wohyia? Wɔn mu bi resom wɔ Mexico seesei, enti momma yentie wɔn anom asɛm.

“YƐYƐƐ NSAKRAE”

Dustin ne Jassa fi United States; wɔwaree January 2007. Na nea ɛda wɔn koma so ne sɛ wobenya hyɛmma bi a wɔde bɛyɛ wɔn fie. Wɔn aware akyi no, ankyɛ na nneɛma totoom ma wɔtɔɔ bi. Ná wɔde hyɛmma no si nsuano baabi wɔ Astoria, Oregon, U.S.A. Ɛyɛ kurow fɛfɛɛfɛ bi a ɛda mmepɔw mu a kwae atwa ho ahyia. Ɛyɛ baabi a sukyerɛmma tɔ hɔ paa. Ɛbɛn Pacific Po no. Dustin kae sɛ: “Ɛhɔ yɛ ahomeka ankasa!” Kan no na awarefo yi susuw sɛ wɔde Yehowa som di kan, efisɛ na wɔatwitwa nneɛma so wɔ wɔn asetenam. Na wɔnhyɛ da nkura adwuma kɛse biara, na hyɛmma korokorowa bi na wɔde ayɛ wɔn fie. Afei na wɔreboa asafo bi a wɔka ɔman foforo so kasa. Ɛwom ara nso a wɔyɛ akwampaefo boafo. Enti na wosusuw sɛ ɛno ara dɔɔso. Nanso akyiri yi wohui sɛ wɔredaadaa wɔn ho. Dustin kae sɛ: “Na yɛde yɛn bere pii yɛ hyɛmma no ho  adwuma, enti na yennya bere mmoa asafo no. Yehui sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛde Yehowa som di kan a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae.”

Jassa nso kae sɛ: “Ansa na mereware no, na mete Mexico. Na mewɔ Borɔfo asafo mu. Na m’ani gye hɔ paa, enti na me ho pere me sɛ mɛsan akɔ hɔ.” Na Dustin ne Jassa ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ akɔsom wɔ ɔman foforo so. Enti nea na wɔyɛ ne sɛ, sɛ wɔreyɛ abusua som a, wɔkenkan anuanom mmarima ne mmea a wɔresom wɔ aman foforo so ho nsɛm. Sɛ yɛbɛka a, saa anuanom yi kɔɔ baabi a “mfuw no ahoa sɛ wotwa.” (Yoh. 4:35) Dustin kae sɛ: “Na yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛkɔyɛ bi na yɛn ani gye saa ara.” Dustin ne Jassa nnamfo bi a wɔwɔ Mexico ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔahyehyɛ adesuakuw foforo bi wɔ hɔ, na wobehia mmoa. Enti wosii gyinae sɛ wɔbɛkɔ akɔboa. Wogyaee wɔn adwuma tɔn hyɛmma no, na wotu kɔɔ Mexico.

“YƐANTU AMMA HA A, ANKA YƐAYƐ YƐN HO”

Dustin ne Jassa kɔtenaa Tecomán; ɛhɔ nso bɛn Pacific Po no, nanso efi hɔ rekɔ Astoria anafo bɛyɛ kilomita 4,345 (akwansin 2,700). Dustin kae sɛ: “Ɛha nyɛ nwini sɛ yɛn kurom. Ɛha de, awia no ano yɛ den paa. Yɛto yɛn ani a, yenhu mmepɔw; nea yehu ara ne ankaa nnua.” Wɔkɔɔ hɔ no, na adwuma ho yɛ den, enti na wonni sika. Aduan a na wodi ara ne ɛmo ne adua; anɔpa oo, anwummere oo, ɛmo ne adua yi ara. Jassa kae sɛ: “Eduu baabi no, na aduan no afono yɛn, nanso saa bere no ara na yɛn Bible asuafo fii ase brɛɛ yɛn mango, kwadu, ne borɔfere. Ankaa mpo de, yɛnna nka!” Akyiri yi awarefo yi ne sukuu bi a ɛwɔ Taiwan yɛɛ adwuma wɔ Intanɛt so. Seesei sika a wonya fi saa adwuma no mu na wɔde hwɛ wɔn ho.

Dustin ne Jassa hu wɔn asetena foforo yi dɛn? Wɔkae sɛ: “Yɛantu amma ha a, anka yɛayɛ yɛn ho. Yɛne Yehowa ntam ayɛ kama sen kan no, na yɛn aware nso ayɛ kama. Da biara yebom yɛ nneɛma pii: Yebom kɔ asɛnka, yebom susuw sɛnea yɛbɛboa yɛn Bible asuafo ho, na yebom sua ade ansa na yɛakɔ asafo nhyiam. Afei nso, nneɛma a kan na akyekyere yɛn no nni hɔ bio.” Wɔsan kae sɛ: “Sɛ Dwom 34:8 ka sɛ, ‘Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye’ a, ɛyɛ nokware. Afei na yɛate saa kyerɛwsɛm yi ase paa.”

ADWUMAYƐFO MPEMMPEM—DƐN NA ƐKANYAN WƆN?

Anuanom mmarima ne mmea bɛboro 2,900 atu akɔtena Mexico reboa wɔ mmeae a wohia adawurubɔfo  pii ma wɔaka Ahenni no ho asɛm. Ebi yɛ awarefo, ebi yɛ asigyafo. Wɔn mu pii adi bɛyɛ mfe 20 anaa mfe 30. Wohwɛ adwuma yi a, ɛnna fam. Ɛnde, adɛn nti na Adansefo yi afa ato wɔn ho so? Wobisaa wɔn mu binom saa asɛm yi, na mmuae abiɛsa na wɔde mae. Dɛn na wɔkae?

Leticia ne Hermilo

Wɔdɔ Yehowa ne wɔn yɔnko nnipa. Leticia bɔɔ asu no, na wadi mfe 18. Ɔkae sɛ: “Mihyiraa me ho so maa Yehowa no, mihui sɛ ɛsɛ sɛ mifi me koma ne me kra nyinaa mu som no. Na mepɛ sɛ mede me bere ne m’ahoɔden nyinaa som Yehowa de kyerɛ paa sɛ medɔ no.” (Mar. 12:30) Hermilo resom wɔ baabi a adawurubɔfo nnɔɔso. Bere a ɔkɔɔ hɔ no, na wadi mfe 20 ne kakra. Seesei ne yere ne Leticia. Hermilo kae sɛ: “Mihui sɛ nea metumi ayɛ de akyerɛ sɛ medɔ me yɔnko nipa ne sɛ mɛboa afoforo ma wɔate Bible ase.” (Mar. 12:31) Na Hermilo yɛ adwuma wɔ sikakorabea bi wɔ Monterrey, na na biribiara kɔ so yiye ma no wɔ hɔ. Nanso otu kɔɔ kurow ketewaa bi mu kɔboaa ɔsom adwuma no.

Essly

Wɔpɛ sɛ wɔn ani gye na wonya akomatɔyam. Leticia bɔɔ asu no, ankyɛ na ɔne onuawa bi a wayɛ akwampae adwuma no akyɛ kɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ kurow bi so bosome biako. Leticia kae sɛ: “Me ho dwiriw me. Sɛ mehwɛ sɛnea nkurɔfo retie Ahenni ho asɛmpa no a, na ɛyɛ anika kwa. Bosome no baa awiei no, mekae sɛ: ‘Adwuma a mepɛ sɛ meyɛ wɔ m’asetenam ara ni!’” Essly nso yɛ ababaa a ɔnwaree a wadi mfe 20 ne kakra. Anigye a anuanom de reyɛ saa adwuma yi na ɛtwetwee no baa mu. Bere a ɔwɔ ntoaso sukuu no, ohyiaa Adansefo pii a wɔde ahokeka resom wɔ mmeae a adawurubɔfo nnɔɔso. Ɔkae sɛ: “Mehwɛ saa anuanom mmarima ne mmea no anim kɛkɛ a, na me kɔn dɔ sɛ mɛyɛ nea wɔreyɛ no bi.” Nea ɛtwetwee Essly no atwetwe anuanom mmea pii nso. Sɛ wokɔ Mexico seesei ara, anuanom mmea asigyafo bɛboro 680 na wɔresom wɔ baabi a wohia mmoa. Mmofra ne mpanyin nyinaa betumi asuasua wɔn nhwɛso no.

Wɔpɛ sɛ wohu sɛ botae bi si wɔn ani so. Bere a Essly wiee ntoaso sukuu no, akwannya kɛse bi bue maa no. Na ɔbɛkɔ sukuupɔn kwa. N’atipɛnfo hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ sukuupɔn no nkɔpɛ digrii na onya adwuma pa ne kar, na onya bere ntutu akwan. Nanso wantie wɔn. Essly kae sɛ: “Me nnamfo a wɔwɔ asafo no mu pii dii saa nneɛma no akyi, na wɔamfa Yehowa som  aniberesɛm. Wɔmaa wiase no gyee wɔn adwene na ɛkɔfaa ɔhaw brɛɛ wɔn. Me deɛ, mepɛ sɛ mede m’ahoɔden nyinaa som Yehowa wɔ me mmabaaberem.”

Racquel ne Phillip

Essly suaa ade kakra a ɛbɛma wanya adwuma ahwɛ ne ho ayɛ akwampae adwuma. Afei otu kɔɔ baabi kɔboaa asɛnka adwuma no, na osuaa Otomifo ne Tlapanecofo kasa mpo. Sɛ Essly hwɛ mfe abiɛsa a ɔde aka asɛm no wɔ mpɔtam hɔ a, nea ɔka ara ne sɛ: “Sɛ wutu wo ho kɔboa asɛnka adwuma no wɔ baabi a, wuhu sɛ wo koma atɔ wo yam na w’asetena adi mũ. Nea ɛsen saa koraa ne sɛ, mihu sɛ mabɛn Yehowa paa.” Phillip ne Racquel foa asɛm yi so. Wɔyɛ awarefo a wɔadi mfe 30 ne kakra a wofi United States. Wɔkae sɛ: “Wiase resesa ntɛmntɛm, enti nnipa pii asetena ayɛ basaa. Bere a yɛatu yɛn ho ama reyɛ asɛnka adwuma no wɔ baabi a nnipa retie asɛm no, yehu sɛ yɛreyɛ biribi a mfaso wɔ so wɔ asetenam. Eyi ma akomatɔyam paa.”

SƐNEA WUBEDI NSƐNNENNEN SO

Verónica

Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ, sɛ obi kɔboa asɛnka adwuma no wɔ baabi a, ɔbɛfa ne ho tɔtorɔtɔɔ. Obetumi ahyia nsɛnnennen. Emu biako ne adwuma a ɔbɛyɛ de ahwɛ ne ho. Sɛ wubetumi atena hɔ a, gye sɛ wusua hɔ asetena. Verónica yɛ ɔkwampaefo a ne ho akokwaw. Ɔkae sɛ: “Baabi wɔ hɔ a, na meyɛ aduan tɔn. Ɛtɔ da bi a, metɔn ntade san yi nkurɔfo ti. Seesei de, misiesie obi fie. Afei nso mekyerɛ awofo bi sɛnea wɔne wɔn mma a wɔawo wɔn foforo bedi nkitaho.”

Ɛtɔ da bi na wokɔ baabi a, wuhu sɛ wɔn amammerɛ ne wo de nni hwee yɛ koraa. Ɛba saa a, asetena betumi ayɛ den. Bere a Phillip ne Racquel somee wɔ Nahuatlfo mu no, saa na na ɛte. Phillip kae sɛ: “Na wɔn amammerɛ yɛ soronko koraa.” Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔn ho gyee hɔ? Ɔkae sɛ: “Nneɛma bi wɔ wɔn ho a ɛyɛ yɛn fɛ—abusuafo ne wɔn ho ka paa, na wodi nokware. Afei nso wɔn yam ye. Eyinom na yɛde yɛn adwene sii so.” Racquel de kaa ho sɛ: “Yesuaa nneɛma pii wɔ hɔ, na anuanom ma yenyaa suahu pii.”

NEA WOBƐYƐ DE ASIESIE WO HO

Sɛ wopɛ sɛ wokɔsom wɔ baabi a wohia mmoa a, dɛn na wubetumi ayɛ nnɛ de asiesie wo ho? Anuanom mmarima ne mmea a wɔayɛ adwuma a ɛte saa pɛn ka sɛ: Ansa na wobɛkɔ no, ɛsɛ sɛ wufi ase twitwa nneɛma so na woma nea wowɔ sɔ w’ani. (Filip. 4:11, 12) Dɛn bio na wubetumi ayɛ? Leticia kae sɛ: “Manyɛ adwuma biara a ɛbɛbɔ me atenaseɛ sɛnea ɛbɛyɛ a bere biara a mepɛ sɛ mitu me to kɔ baabi no, metumi ayɛ saa.” Hermilo kae sɛ: “Misuaa sɛnea yɛnoa aduan ne sɛnea yesi nneɛma ne sɛnea yɛto.” Verónica kae sɛ: “Bere a me ne m’awofo ne me nuanom te no, na meboa fie adwuma; misuaa sɛnea mede sika kakraa bi bɛyɛ aduan a ahoɔden wom. Afei misuaa sɛnea mɛhwɛ me sika so yiye.”

Amelia ne Levi

Levi ne Amelia fi United States, na wɔaware mfe awotwe ni. Wɔkyerɛɛ sɛnea mpaebɔ boaa wɔn ma wosiesiee wɔn ho ansa na wɔrekɔsom wɔ Mexico. Levi kae sɛ: “Yɛsesee sika a yebehia de ahwɛ yɛn ho afe biako, na yɛbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn ma yɛn nsa nka saa sika no.” Bosome kakra mu no, wotumi siee sika a wɔkaa ho asɛm wɔ wɔn mpaebɔ mu, enti ntɛm ara na wɔkɔe. Levi kae sɛ: “Yehowa tiee yɛn mpaebɔ no, enti afei na adu yɛn so sɛ yɛyɛ yɛn deɛ.” Amelia kae sɛ: “Na yɛn adwene yɛ yɛn sɛ yɛrekodi afe biako pɛ, nanso yɛadi mfe pɔrepɔre ason, na ɛmmaa yɛn adwenem mpo sɛ yebefi ha! Ɛha de, yehu biribi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa boa yɛn paa. Da biara da yehu Yehowa papayɛ.”

Adam ne Jennifer

Adam ne Jennifer yɛ awarefo a wofi United States. Wɔresom wɔ Borɔfo asafo mu wɔ Mexico. Mpaebɔ boaa wɔn nso. Wɔkae sɛ: “Ntwɛn sɛ wubenya biribiara pɛpɛɛpɛ ansa na woakɔ. Sɛ wopɛ sɛ wokɔboa wɔ baabi a, bɔ ho mpae na yɛ ho adwuma. Twitwa nneɛma so. Afei kyerɛw Betel a ɛwɔ hɔ no. Tena ase sese ho ka nyinaa. Biribiara si a, ntwentwɛn wo nan ase; kɔ!” * Sɛ wokɔ a, wubehu paa sɛ Yehowa som yɛ dɛ!

^ nky. 21 Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a wɔato din, “So Wubetumi ‘Atwa Aba Makedonia’?” a ɛwɔ August 2011 Yɛn Ahenni Som mu no.