Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa wɔ Philippines

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa wɔ Philippines

BƐYƐ mfe du a atwam no, na awarefo bi a wɔadi mfe 30 ne kakra reyɛ akwampae adwuma wɔ Manila. Yɛfrɛ awarefo yi Gregorio ne Marilou. Bere a wɔreyɛ akwampae adwuma no nyinaa na wɔde bere pii yɛ honam fam adwuma nso. Ná ɛnna fam nanso wotumi yɛe. Na Marilou yɛ adwuma wɔ sikakorabea bi, na akyiri yi wɔbɔɔ n’aba so de no tuaa adwuma no ano. Marilou kae sɛ: “Na me ne me kunu nyinaa adwuma ye, enti na yɛn ho so yɛn ho so.” Sɛ yɛreka a, na biribi wɔ awarefo yi nsam, enti wɔyɛe sɛ wɔbɛpɛ baabi wɔ Manila apuei asi wɔn koma so dan wɔ hɔ. Wufi Manila kurow no mfinimfini rekɔ hɔ a, ɛbɛyɛ kilomita 19 (akwansin 12). Wɔde hyɛɛ adwumakuw bi nsa sɛ wonsi dan no mma wɔn na wontua sika no nkakrankakra bosome biara. Na ebegye mfe du na wɔatua awie.

“NA ƐYƐ ME SƐ MERESISI YEHOWA”

Marilou kae sɛ: “M’adwuma no gyee me bere ne m’ahoɔden nyinaa, enti na mintumi nkeka me ho papa wɔ asafo no mu. Ná ɛyɛ me sɛ meresisi Yehowa.” Ɔtoaa so sɛ: “Afei deɛ na ɛbere a mahyira so ama Yehowa mpo ho aba asɛm.” Gregorio ne Marilou hui sɛ baabi a nneɛma rekeka kɔ no ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi. Enti da koro wɔtenaa ase kaa ho asɛm.  Gregorio kae sɛ: “Na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nsakrae nanso na yenhu nea yɛnyɛ ankasa. Yesusuw ho hwɛɛ nea yɛbɛyɛ de bere pii asom Yehowa; adeɛ yi yenni mma mpo. Enti yɛbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma yenhu nea yɛnyɛ.”

Saa bere no ara wɔtee ɔkasa ahorow a wɔde hyɛɛ anuanom nkuran sɛ wɔnkɔboa baabi a adawurubɔfo nnɔɔso. Gregorio kae sɛ: “Yehui sɛ Yehowa nam ɔkasa ahorow no so rebua yɛn mpaebɔ.” Enti wɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔn gyidi nyɛ den na wonnya akokoduru nsi gyinae pa. Nea na ayɛ osiakwan ne ɔdan a wɔresi no. Na wɔatua mfe abiɛsa sika dedaw. Enti afei na wɔbɛyɛ dɛn? Marilou kae sɛ: “Sɛ yegyae ɔdan no si a, sika a yɛde ahyem nyinaa bɛhyew agu. Nanso na nea akodi mu nyɛ sikawa. Enti na asɛm no ne sɛ, yɛde Yehowa apɛde bedi kan anaa yebedi yɛn akɔnnɔ akyi?” Wɔkaee ɔsomafo Paulo asɛm yi: “Mibu nneɛma nyinaa adehwere.” Enti wogyaee dan no si, gyaee wɔn adwuma, na wɔtontɔn wɔn ho nneɛma pii. Afei wotu kɔɔ Palawan supɔw so kɔtenaa akuraa bi ase. Sɛ wufi Manila na wode w’ani kyerɛ anafo a, wubetwa kilomita 480 (akwansin 300) ansa na woadu hɔ.Filip. 3:8.

WOSUAE SƐ WƆBƐMA WƆN ANI ASƆ NEA WƆWƆ

Ansa na Gregorio ne Marilou retu akɔ no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ, nanso wokoduu hɔ na wohui sɛ sɛɛ anka ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ mu awiɛmfoɔ. Marilou kae sɛ: “Yɛn ani so tan yɛn paa. Ná ɛhɔ asetena yɛ den; anyinam ahoɔden nni hɔ, sutof nni hɔ. Yɛbɛyɛ aduan a gye sɛ yɛpae gya sɔ. Sotɔɔ kɛse biara nni hɔ a yɛbɛkɔ akɔtotɔ nneɛma, na wunnya baabiara nso nkodidi hɔ. Nneɛma pii wɔ kurow kɛse mu a wunhu bi wɔ ha.” Nanso wɔamma wɔn werɛ amfi nea enti a wotu kɔɔ hɔ, na ankyɛ koraa na wɔn ho gyee hɔ. Marilou kae sɛ: “Afei paa na mahu sɛ abɔde yɛ fɛ, ɛnkanka ne sɛ ade ase na mato m’ani ahwɛ nsoromma a egu wim. Nea ɛma ɛhɔ yɛ dɛ koraa ne sɛ, sɛ yɛka asɛm no kyerɛ nkurɔfo a, yehu wɔ wɔn anim sɛ wɔn ani gye ho paa. Ɔsom adwuma a yɛreyɛ wɔ ha no ama ‘yɛasua’ sɛ yɛbɛma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ.”Filip. 4:12.

“Biribiara nni hɔ a ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ Bible asuafo pii reba asafo no mu. Ɛnnɛ paa na yehu sɛ yɛwɔ akomatɔyam wɔ asetenam.”—Gregorio ne Marilou

Gregorio kae sɛ: “Yeduu hɔ no, na Adansefo baanan pɛ na wɔwɔ hɔ. Nnawɔtwe biara na mema baguam ɔkasa; yɛreto Ahenni nnwom nso a, na mede me sanku gyigye ho. Eyi nyinaa maa wɔn ani gyei paa.” Edii bɛyɛ afe biako no na adawurubɔfo kakra yi abu abɔ ho akodu adawurubɔfo 24 ma abɛyɛ asafo. Gregorio toaa so sɛ: “Anuanom akyerɛ wɔn dɔ, na eyi aka yɛn koma paa.” Seesei wɔasom wɔ hɔ mfe asia, na sɛ wobu kɔmpɔ hwɛ wɔn akyi a, wɔka sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ Bible asuafo pii reba asafo no mu. Ɛnnɛ paa na yehu sɛ yɛwɔ akomatɔyam wɔ asetenam.”

 “‘MAKA AHWƐ AHU SƐ YEHOWA YE’!”

Sɛ wokɔ Philippines a, anuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 3,000 na wɔatu kɔ mmeae a adawurubɔfo nnɔɔso reka asɛm no wɔ hɔ. Wɔn mu bɛyɛ 500 yɛ mmea asigyafo. Mmea yi biako ne Karen.

Karen

Karen nyinii wɔ Baggao wɔ Cagayan mantam mu. Seesei wadi bɛyɛ mfe 25. Bere a ɔyɛ abeawa nyinaa na nea ɔda dwen ho ne sɛ obetu ne ho ama ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɔkae sɛ: “Minim sɛ bere a aka sua, na ehia sɛ nnipa pii te Ahenni ho asɛmpa no, enti na mepɛ sɛ mekɔboa baabi a adawurubɔfo nnɔɔso.” N’abusuafo tutu guu n’asom sɛ ɔmpɛ ne baabi ntena na ɔntoa ne nhomasua so nkɔ akyiri. Enti Karen bɔɔ mpae sɛ Yehowa nkyerɛ no nea ɔnyɛ. Bio, ɔne anuanom a wɔatu akɔtena baabi reyɛ asɛnka dwuma no bɔɔ asɛm no ho nkɔmmɔ. Afei bere a odii mfe 18 no, otu fii ne kurom twaa kilomita 64 (akwansin 40) kɔtenaa baabi kaa asɛm no wɔ hɔ.

Asafo ketewa a Karen kɔɔ mu no ka asɛm no wɔ nkurow bi a egu mmepɔw so wɔ Pacific mpoano. Karen kae sɛ: “Bere a yɛrefi Baggao akɔ baabi a asafo foforo yi wɔ no, yɛnantew twaa nnansa kwan. Yɛforoo mmepɔw sianee twaa nsu bɛboro mpɛn 30 ansa na yɛredu hɔ.” Ɔsan kae sɛ: “Sɛ merekɔsra me Bible asuafo bi a, menantew nnɔnhwerew asia ansa na madu hɔ. Ade sa a, meda osuani biako fie, na sɛ ade kye a na masan anantew nnɔnhwerew asia akɔ fie.” Nea ɔyɛe nyinaa anyɛ ɔbrɛgu. Adɛn ntia? Karen kae sɛ: “Ɛtɔ da a me ara mete sɛ me nan mu tutu me.” Nanso ɔde anigye kae sɛ: “Mewɔ Bible asuafo pɔrepɔre 18. ‘Maka ahwɛ ahu sɛ Yehowa ye’ ampa!”Dw. 34:8.

“MEDE ME HO TOO YEHOWA SO”

Sukhi

Sukhi yɛ onuawa sigyani a wadi mfe 40 ne kakra. Dɛn na ɛkaa saa onuawa yi ma otu fii United States kɔtenaa Philippines? Afe 2011 no, ɔkɔɔ ɔmansin nhyiam bi, na ɔkasafo bi bisabisaa awarefo bi nsɛm. Awarefo no kae sɛ wɔtɔn wɔn ho nneɛma tu kɔɔ Mexico kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ. Sukhi kae sɛ: “Awarefo no suahu no ma mifii ase susuw nsɛm ho, na botae a na esi m’ani so sesae.” Sukhi akyi fi India, enti na ɔte Punjabi kasa. Bere a ɔtee sɛ wohia adawurubɔfo pii ma wɔaka asɛm no akyerɛ nnipa a wɔwɔ Philippines a wɔka Punjabi kasa no, osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ akɔboa. Ɛnde, nneɛma kɔɔ yɔɔ maa no anaa?

Sukhi kae sɛ: “Ná minhu me ho nneɛma a mentɔn ne nea memfa nkɔ; eyi gyaw me tipae. Afei nso mekɔtenaa m’abusuafo nkyɛn kakra. Wo deɛ hwɛ obi a me nko ara mewɔ me dan a m’atena mu mfe 13 na afei mete m’abusuafo nkyɛn! Ná ɛnna fam koraa, nanso ɛno ma misuaa sɛnea mɛyɛ me ho awiɛmfoɔ.” Bere a ɔkɔɔ Philippines no, ɔhaw bɛn na ɔfaa mu? Ɔkae sɛ: “Na misuro mmoawammoawa te sɛ tɛfrɛw, sonkuronsuo, ne kakapɛ. Afei nso  na mafe fie paa. Enti mede me ho too Yehowa so saa bere no sen bere biara wɔ m’asetenam.” Nea Sukhi yɛe yi asow aba pa bi anaa? Ɔkae sɛ: “Yehowa aka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Monsɔ me nhwɛ sɛ merenhwie nhyira ngu mo so anaa.’ M’ankasa mahu sɛ asɛm yi yɛ nokware. Wo deɛ hwɛ, mekɔ asɛnka na me ne obi bɔ nkɔmmɔ a, obisa me sɛ, ‘Da bɛn na wobɛsan aba? Mewɔ nsɛm pii a mepɛ sɛ mibisa wo.’ Sɛ mihu nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wohu nokware no na mitumi boa wɔn a, anigye ne akomatɔyam deɛ menka mpo!” (Mal. 3:10) Sukhi toaa so sɛ: “Nea na ɛyɛ den paa ne sɛ mesi m’adwene pi atu abɛboa. Nanso bere a mimiaa m’ani baa ha yi, mahu sɛ Yehowa de nneɛma atoto kwan mu fɛfɛɛfɛ ama me.”

“MINYAA AKOKODURU GYAW M’ADWUMA HƆ”

Onua bi a yɛfrɛ no Sime tu fii Philippines kɔɔ Mediterranea Apuei man bi so kɔyɛɛ adwuma bi a sika wom paa. Onua yi yɛ ɔwarefo a aka kakra ma wadi mfe 40. Bere a ɔwɔ akwantu mu no, afotu a ɔmansin sohwɛfo bi de maa no ne Akwankyerɛ Kuw muni bi kasa a otiei pusuw no ma ohui sɛ ɛsɛ sɛ onya bere pii ma Yehowa som. Sime kae sɛ: “Sɛ mehwɛ m’adwuma a merebegyae a, na m’adwene nyinaa atu afura.” Nanso omiaa n’ani gyaee adwuma no san kɔɔ ne kurom Philippines. Yɛrekasa yi, Sime ne ne yere Haidee atu akɔtena Davao del Sur wɔ Philippines anafo fam reka asɛmpa no. Ɛhɔ yɛ baabi a wohia adawurubɔfo pii ma wɔaka asɛm no wɔ hɔ. Sime kae sɛ: “Mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, ɛyɛ me dɛ paa sɛ minyaa akokoduru gyaw m’adwuma hɔ de Yehowa som dii kan. Biribiara nni hɔ a ɛma akomatɔyam sɛ wode nneɛma bɛbɔ afɔre na watumi asom Yehowa yiye!”

Sime ne Haidee

“ƐMA AKOMATƆYAM PAA!”

Ramilo ne Juliet nso yɛ awarefo a wɔyɛ akwampaefo. Seesei wɔadi mfe 30 ne kakra. Wɔtee sɛ asafo bi hia mmoa paa; efi baabi a wɔte rekɔ hɔ yɛ bɛyɛ kilomita 30 (akwansin 20). Enti wotuu wɔn ho mmae sɛ wɔbɛboa. Nnawɔtwe biara, owia mu oo, nsu mu oo, wɔtena moto so twa kwan kɔ adesua ne asɛnka wɔ hɔ. Ɔkwan a ɛkɔ hɔ no yɛ mmonkyimmɔnka, na ɛtwene a ɛwɔ hɔ so fa yɛ hu. Nanso eyinom biara nhaw wɔn, mmom ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔanya hokwan reyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Ramilo kae sɛ: “Me ne me yere wɔ nnipa 11 a yɛne wɔn sua Bible! Egye afɔrebɔ kɛse na obi atu ne ho asi hɔ akɔ baabi a wohia mmoa, nanso ɛma akomatɔyam paa!”1 Kor. 15:58.

Juliet ne Ramilo

Wopɛ sɛ wuhu nea wobɛyɛ na woatumi akɔboa wɔ baabi a wohia adawurubɔfo pii wɔ w’ankasa man mu anaa ɔman foforo so? Sɛ saa a, ɛnde wo ne ɔmansin sohwɛfo mmɔ ho nkɔmmɔ. Afei kenkan asɛm a wɔato din, “So Wubetumi ‘Atwa Aba Makedonia’?” a ɛbaa August 2011 Yɛn Ahenni Som mu no.