Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛma Abusua Nya Anigye

Sɛnea Wosiesie Akasakasa

Sɛnea Wosiesie Akasakasa

Ɔbarima no ka sɛ: “Me ne Sarah * waree akyi no, yɛkɔtraa m’awofo fie. Da bi, me nuabarima adamfowaa srɛɛ me sɛ memfa yɛn kar nkosi no wɔ ne fie. Mepenee so na mede me babarima ketewa kaa me ho kɔe. Nanso bere a mesan baa fie no na Sarah bo afuw paa. Yefii ase kasakasae, na ɔka kyerɛɛ me wɔ m’abusuafo anim sɛ mepɛ mmea. Me bo fuwii ma mekaa nsɛm a ɛhyɛɛ no abufuw kɛse mpo.”

Ɔbea no ka sɛ: “Ná yɛn babarima no yare paa, na saa bere no na yenni sika. Enti bere a Fernando ne yɛn babarima no ne ne nuabarima no adamfowaa traa kar mu kɔe no, ɛhaw me. Bere a ɔbaa fie no, mema ohuu sɛnea mete nka. Yɛkekaa bi kyerɛɛ yɛn ho paa. Ɛno akyi no, meyɛɛ basaa.”

SƐ AKASAKASA ba awarefo ntam a, so eyi kyerɛ sɛ wɔnnɔ wɔn ho bio? Dabi! Fernando ne Sarah a yɛaka wɔn ho asɛm no dodɔ wɔn ho yiye. Nanso wɔ aware pa mpo mu no, ɛtɔ bere bi a, akasakasa sɔre.

Dɛn nti na akasakasa sɔre, na dɛn na wubetumi ayɛ na ansɛe w’aware? Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware nti, ntease wom sɛ yɛhwehwɛ nea n’Asɛm, Bible ka wɔ asɛm yi ho.—Genesis 2:21, 22; 2 Timoteo 3:16, 17.

Hu Nea Ɛde Ɔhaw no Ba

Awarefo dodow no ara pɛ sɛ wɔne wɔn ho di no wɔ ɔdɔ ne ayamye so. Nanso, Bible ka sɛ “wɔn nyinaa ayɛ bɔne na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho.” (Romafo 3:23) Enti sɛ akasakasa sɔre a, ebetumi ayɛ den sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ho so. Na wɔ ebinom fam no, sɛ akasakasa fi ase a, ebetumi ayɛ den paa ama wɔn sɛ wɔrenkekaw mu anaa wɔnkasa ntia wɔn ho. (Romafo 7:21; Efesofo 4:31) Nneɛma foforo bɛn na ebetumi de abufuw aba?

Mpɛn pii no, ɛsono ɔkwan a okunu ne ɔyere mu biara fa so kasa. Michiko ka sɛ: “Bere a yɛwaree foforo no, mihui sɛ ɛsono sɛnea yɛn mu biara susuw asɛm ho koraa. Sɛ asɛm bi si a, ɛyɛ a mepɛ sɛ meka nea esii, nea enti a esii ne sɛnea esii ho asɛm. Nanso ɛte sɛ nea me kunu de, nea asɛm no kowiei nkutoo na ehia no.”

Ɛnyɛ Michiko nko na ɔte saa. Wɔ aware pii mu no, sɛ wɔn adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, ebia ɔbaako bɛpɛ sɛ wosusuw ho kɔ akyiri, nanso ebia na ɔfoforo no mpɛ sɛ ekowie akasakasa mu nti, ɔmpɛ sɛ wɔka ho asɛm. Ɛtɔ bere bi a, bere a ɔbaako rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛka ho asɛm no, na ɔfoforo no nso retwetwe ne ho. So woahu sɛ biribi a ɛte saa reba w’aware mu? So ɛte sɛ nea bere nyinaa mo mu baako pɛ sɛ ɔka biribi ho asɛm kɔ akyiri na ɔfoforo no nso twetwe ne ho?

Ade foforo a wubetumi asusuw ho nso ne sɛ, abusua a obi fi mu betumi anya sɛnea osusuw sɛ ɛsɛ sɛ awarefo bɔ nkɔmmɔ no so nkɛntɛnso. Justin a waware mfe anum no ka sɛ: “Mifi abusua a wɔmpɛ kasa mu, enti ɛyɛ den ma me sɛ mɛka sɛnea mete nka. Me yere mpɛ saa, efisɛ ofi abusua a wɔpɛ kasa mu, enti sɛ biribi haw no a, ɔmfa nsie me.”

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Mobɔ Mmɔden Siesie Ɔhaw a Ɛsɔre?

Nhwehwɛmufo ahu sɛ ade titiriw a ɛma awarefo nya anigye no nnyina mpɛn dodow a wɔka kyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛ wɔdodɔ wɔn ho no so. Ennyina nna mu anigye a wonya ne sika pii a wɔwɔ so nso. Mmom no, ade titiriw a ɛma aware sɔ gyina sɛnea okunu ne ɔyere siesie akasakasa biara a ɛsɔre wɔn ntam no so.

Bio nso, Yesu kae sɛ sɛ nnipa baanu ware a, ɛyɛ Onyankopɔn na waka wɔn abom na ɛnyɛ onipa. (Mateo 19:4-6) Enti aware pa hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Nanso sɛ okunu anna ɔdɔ adi ankyerɛ ne yere na wannwen ne ho a, ebia Yehowa Nyankopɔn rentie ne mpaebɔ. (1 Petro 3:7) Sɛ ɔyere mmu ne kunu a, na ɛkyerɛ ankasa sɛ ommu Yehowa a ɔpaw okunu sɛ abusua ti no.—1 Korintofo 11:3.

Nea Ɛde Anigye Ba—Nka Nsɛm a Ɛbɛyɛ Wo Hokafo Yaw

Ɛmfa ho ɔkwan a wofa so kasa anaa abusua a wufi mu no, sɛ wopɛ sɛ wode Bible nnyinasosɛm yɛ dwuma na wusiesie akasakasa yiye a, ɛnsɛ sɛ woka nsɛm a ɛyɛ yaw. Bisa wo ho nsɛm a edidi so yi:

‘So mebɔ mmɔden sɛ me nso merenka asɛm a ɛyɛ yaw?’

Abebusɛm bi ka sɛ: “Wukyim hwene a, wuyi mogya, na wumia abufuw a, wuyi atutuw.” (Mmebusɛm 30:33) Eyi kyerɛ dɛn? Susuw nhwɛso yi ho hwɛ. Sɛ moresusuw sɛnea mobɛtoto mo abusua sikasɛm ho (“ehia sɛ yɛhwɛ sɛnea yefirifiri nneɛma no yiye”) na mo adwene nhyia wɔ ho a, ebia mobɛhwɛ no na obiara rekasa tia ne yɔnko sɛ (“wunnim sika so hwɛ koraa”). Nokwarem no, sɛ wo hokafo kasa tia wo, a ɛte sɛ nea ‘ɔrekyim wo hwene’ a, anhwɛ a ɛbɛma wo nso ‘woakyim’ ne de bi atua ka. Nanso sɛ woyɛ bi tua no ka a, ɛde abufuw na ɛba, na ɛma akasakasa no mu yɛ den.

Bible kyerɛwfo Yakobo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Hwɛ! Ogya ketewaa a etumi hyew kwae mũ! Tɛkrɛma yɛ ogya.” (Yakobo 3:5, 6) Sɛ awarefo anhwɛ wɔn tɛkrɛma yiye a, nsɛm nketenkete betumi akɔfa ɔhaw kɛse aba. Na ɔdɔ ntumi ntra aware a bere nyinaa akasakasa wom saa mu.

Sɛ́ anka wobɛyɛ biribi atua wo hokafo ka no, so wubetumi asuasua Yesu a bere a wɔsopaa no no, “wanyɛ bi antua ka” no? (1 Petro 2:23) Ɔkwampa a wubetumi afa so ama akasakasa ano adwo ntɛm ne sɛ, wubegye atom sɛ wo hokafo no asɛm yɛ dɛ na woapa no kyɛw.

SƆ EYI HWƐ: Bere foforo a akasakasa bɛsɔre no, bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ migye nea me hokafo no reka tom a, na ayɛ dɛn? Dɛn na mayɛ a akɔfa ɔhaw yi aba? Dɛn na esiw me kwan sɛ mɛpa me hokafo kyɛw?’

‘So memmfa sɛnea me hokafo te nka no aniberesɛm?’

Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, “Mo nyinaa nyɛ adwene koro, na munnya tema.” (1 Petro 3:8) Susuw nneɛma abien a ebia ɛbɛma ayɛ den sɛ wode afotu yi bɛyɛ adwuma no ho hwɛ. Biako ne sɛ ebia na wunnim nea ɛwɔ wo hokafo no adwenem anaa sɛnea ɔte nka. Sɛ nhwɛso no, sɛ biribi haw wo hokafo no paa wɔ asɛm bi ho sen wo a, anhwɛ a wobɛka akyerɛ no sɛ, “Woreyɛ ama aboro so.” Ebia na w’adwene ne sɛ wopɛ sɛ woboa wo hokafo no ma osusuw asɛm no ho yiye. Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na nsɛm a ɛte saa ma wɔn bo dwo. Ehia sɛ ɔyerenom ne okununom nyinaa hu sɛ nnipa a wɔdɔ wɔn no te wɔn ase na wɔte nka ma wɔn.

Sɛ obi bu ne ho dodo nso a, anhwɛ a, ɔremfa sɛnea ne hokafo te nka no aniberesɛm. Obi a ɔyɛ ahantan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ne ho so asen afoforo bere nyinaa. Ebia obedidi no atɛm anaa obetwa no mpoa. Susuw Farisifo ne akyerɛwfo a na wɔwɔ Yesu bere so no ho hwɛ. Sɛ obi—Farisini mpo—ne ahantanfo yi anyɛ adwene a, na wodidi no atɛm bu no animtiaa. (Yohane 7:45-52) Ná Yesu nte saa. Sɛ nkurɔfo ka wɔn asɛm kyerɛ no a, na ɔte nka ma wɔn.—Mateo 20:29-34; Marko 5:25-34.

Susuw sɛnea sɛ wo hokafo ka biribi a ɛhaw no kyerɛ wo a, woyɛ w’ade wɔ ho no ho hwɛ. So wo nsɛm, wo nne, ne w’anim yɛbea kyerɛ sɛ wowɔ tema? Anaa woyɛ wo ho te sɛ nea asɛm a ɔreka no so nni mfaso?

SƆ EYI HWƐ: Nnawɔtwe a edidi hɔ no, hyɛ sɛnea wo ne wo hokafo bɛkasa no nsow. Sɛ ɔka asɛm na woyɛ wo ho sɛ ɛmfa wo ho anaa woka biribi de bu no animtiaa a, pa no kyɛw ntɛm ara.

‘So metaa susuw sɛ me hokafo dwen ne nkutoo ho?’

“So ɔkwa ara na Hiob suro Onyankopɔn no? So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia?” (Hiob 1:9, 10) Satan nam nsɛm a ɔkae yi so kyerɛe sɛ nea ɔnokwafo Hiob nya fi Onyankopɔn hɔ nti na ɔsom no.

Sɛ awarefo anhwɛ yiye a, wɔn nso bɛka nsɛm a ɛte saa ara. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo hokafo yɛ adepa bi ma wo a, so ɛyɛ wo sɛ ɔrepɛ biribi nti na ɔreyɛ saa anaa ɔde biribi resie wo? Sɛ wo hokafo di mfomso a, so wofa no sɛ ɛyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ onnwen wo ho ampa? So ntɛm ara ɛma wokae mfomso a ɛte saa a odii bere bi a atwam, na wode eyi nso to wo tirim?

SƆ EYI HWƐ: Kyerɛw nneɛma pa a wo hokafo ayɛ ama wo ne adwempa a ɛbɛyɛ sɛ ɛkaa no ma ɔyɛɛ saa no to hɔ.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Ɔdɔ mfa bɔne nhyɛ ne mu.’ (1 Korintofo 13:4, 5) Sɛ obi wɔ ɔdɔ ankasa a, ohu sɛ ne hokafo tɔ sin na obetumi adi mfomso. Nanso ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu. Paulo kae nso sɛ ɔdɔ ‘gye biribiara di.’ (1 Korintofo 13:7) Saa ɔdɔ yi nkyerɛ sɛ ogye asɛm biara di kɛkɛ, na mmom obetumi agye afoforo adi. Onnye kyim na onnya afoforo ho adwemmɔne. Obi a ɔwɔ ɔdɔ a Bible hyɛ ho nkuran no ayɛ krado sɛ ɔde bɔne befiri na ɔwɔ afoforo ho adwempa. (Dwom 86:5; Efesofo 4:32) Sɛ awarefo da ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛ wɔn ho a, ɛbɛma wɔanya anigye wɔ wɔn aware mu.

BISA WO HO SƐ . . . 

  • Mfomso bɛn na awarefo a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no dii?

  • Dɛn na mɛyɛ na manni mfomso koro no ara bi wɔ m’aware mu?

  • Nneɛma a wɔabobɔ so wɔ asɛm yi mu bɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ ho adwuma paa?

^ nky. 3 Ɛnyɛ wɔn din ankasa ne no.