Nea Edi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofo 13:1-13

  • Ɔdɔ​—⁠ɛyɛ ɔkwan a ɛkyɛn so (1-13)

13  Sɛ meka nnipa ne abɔfo kasa na minni dɔ a, mete sɛ dawuru a ɛreyɛ dede anaa nnade a wɔde rebobom.  Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ akyɛde, na mete ahintasɛm kronkron nyinaa ne nimdeɛ nyinaa ase,+ na mewɔ gyidi nyinaa ma mitumi tutu mmepɔw, na minni dɔ a, mensɛ hwee.*+  Na sɛ metɔn nea mewɔ nyinaa de tɔ aduan ma nkurɔfo,+ na mede me nipadua bɔ afɔre de hoahoa me ho na sɛ minni dɔ a,+ merennya so mfaso biara.  Ɔdɔ+ wɔ abotare*+ na ne yam ye.+ Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw.+ Ɛnyɛ anomdwa.* Ɛnyɛ ahomaso,+  ɛnyɛ ade a ɛnsɛ,*+ ɛnhwehwɛ nea ɔno nko ara hia,+ ne bo nhaw no.+ Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu.+  Enni nea ɛnteɛ ho ahurusi,+ na mmom edi nokware ho ahurusi.  Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu,+ egye biribiara di,+ ɛwɔ biribiara mu anidaso,+ na egyina biribiara ano.+  Ɔdɔ to ntwa da.* Nanso sɛ nkɔmhyɛ dom akyɛde wɔ hɔ a, ebefi hɔ; sɛ kasa horow* wɔ hɔ a, ebegyae; sɛ nimdeɛ wɔ hɔ a, ebefi hɔ.  Efisɛ yɛn nimdeɛ nni mu,+ na nkɔm a yɛhyɛ no nni mu, 10  na sɛ nea edi mu no ba a, nea enni mu no befi hɔ. 11  Bere a meyɛ abofra no, mekasae sɛ abofra, midwenee sɛ abofra, misusuw nsɛm ho sɛ abofra; na afei a mayɛ ɔpanyin yi, mayi mmofra suban no afi hɔ. 12  Seesei yɛhwɛ dade ahwehwɛ mu, na yenhu nneɛma yiye. Nanso bere bi bɛba a yebehu ade yiye te sɛ nea obi gyina yɛn anim. Seesei me nimdeɛ nni mu, nanso saa bere no, menya nimdeɛ a edi mu sɛnea me nso wonim me yiye no. 13  Na seesei de, nneɛma abiɛsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidi, anidaso, ɔdɔ; na nea ɛyɛ kɛse wom paa ne ɔdɔ.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “mfaso biara nni me so.”
Anaa “abodwokyɛre.”
Anaa “Entu ne ho.”
Anaa “aniammɔnho.”
Anaa “Ɔdɔ nni huammɔ.”
Kyerɛ sɛ, anwonwade a ɛma wɔka kasa ahorow.