Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 Krataa A Efi Benin

Asɛm Bɛn na Makɔpɛ Ama Me Ho Yi?

Asɛm Bɛn na Makɔpɛ Ama Me Ho Yi?

ANƆPA biara wobɛte sɛ nkurɔfo renoa ɛmo ne abom wɔ Afrika Atɔe fam kurow bi so. Wubehu sɛ mmea asoasoa nneɛma akɛseakɛse wɔ wɔn mpampam, na ebinom ani agye reserew na ebinom nso ani abere redi nneɛma ano denneennen. Ɛnkyɛ na owia ano ayɛ den.

Da bi anɔpa mmofra bi huu me ara na wofii ase too dwom de asaw gyinaa mu sɛnea wohu Yovo anaa Oburoni a wɔtaa yɛ no. Dwom no, wɔto no sɛ “Yovo, Yovo, bon soir.” Wowie a na wɔde aka ho sɛ “Kyɛ me biribi ɛ!” Mihui sɛ abarimaa bi de, ɔnto dwom no bi. Merekɔ nyinaa na odi m’akyi rehinhim ne nsa kyerɛ me. Ɛyɛɛ me sɛ ɔreka mum kasa. Mewɔ United States no, misuaa Amerika Mum kasa kakraa bi enti nkyerɛwde no nko ara na na minim, nanso Benin de, French kasa na wɔka wɔ hɔ.

Me din yɛ nkyerɛwde awotwe, na mebrɛe ansa na meretumi ama abarimaa no ahu me din wɔ mum kasa mu. Ohui no, ɛhɔ ara na ɔserewee, na osoo me nsa de me wurawuraa mu ara kopuee ne fie. Ná dan a ɛwɔ fie hɔ yɛ abien pɛ. N’abusuafo nyinaa pue bae, na na wɔn nyinaa reka mum kasa. Ná ato nea mɛyɛ. Mede mum kasa kyerɛɛ wɔn me din, na afei mekyerɛw biribi guu krataa so sɛ meyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a merekyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible, na akyiri yi mɛsan aba. Ebinom a wɔte bɛn hɔ a wɔnyɛ mum nso bɛkaa ho, na wɔn nyinaa bɔɔ wɔn ti nko penee so. Mibisaa me ho sɛ, ‘Asɛm bɛn na makɔpɛ ama me ho yi?’

Mikoduu fie no, midwen ho sɛ, ‘Onyankopɔn bɔhyɛ a ese “asotifo aso bɛte asɛm” no, enti obiara nni hɔ a obetumi akyerɛkyerɛ nkurɔfo yi ama wɔahu?’ (Yesaia 35:5) Meyɛɛ nhwehwɛmu kakra, na mihui sɛ nnipakan bi a ɛkɔɔ so nnansa yi ara kyerɛ sɛ nnipa a wɔyɛ mum anaa wɔn asom yɛ den 12,000 na wɔwɔ Benin. Bere a mihui sɛ Amerika mum kasa na wɔde kyerɛ mumfo ade wɔ sukuu ahorow mu na ɛnyɛ French mum kasa no, m’ani gyei. Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, na Yehowa Dansefo biara nni ha a ɔte Amerika mum kasa. Meka kyerɛɛ Ɔdansefo bi sɛ: “Me yam a, anka obi wɔ ha a ɔte Amerika mum kasa a ɔbɛboa nkurɔfo yi.” Ɔno nso kae sɛ: “Sɛ́ wowɔ ha?” Ná ɔmmoa nso! Mekraa nhoma bi a metumi de asua kasa no na mekraa Amerika mum kasa  video ahorow a Yehowa Adansefo ayɛ kaa ho. Yehowa tiee me mpaebɔ bere a Ɔdansefo bi a ɔte Amerika mum kasa tu fii Cameroon bɛtenaa Benin no.

Nnipa pii tee sɛ meresua mum kasa. Obi ka kyerɛɛ me sɛ menkɔsra Brice, aberante bi a ɔyɛ mfonini. Baabi a ɔyɛ adwuma no, ɔde berɛw na ayɛ, na sɛ owia no ano yɛ den na wote hɔ a mframa fa wo ho kama. Esiane sɛ ɔde brɔhye a ɔde yɛ adwuma no ano afa ne ban ho mfe pii nti, ama ɛho ayɛ kɔla bebree. Ɔpopaa nkogua bi so ma yɛtenaa so, afei ɔtwɛnee sɛ mefi ase. Mede video bi hyɛɛ afiri ketewaa bi mu bɔe, na ɔtwe bɛn ho de mum kasa kae sɛ, “Mete ase! Mete ase!” Mmofra bi a wɔwɔ mpɔtam hɔ beguu hɔ, na obiara twee ne kɔn hwɛɛ video no bi. Biako kae sɛ, “Sini bɛn koraa na kasa nnim yi?”

Bere biara a mɛsan akɔ Brice hɔ no, nnipa a wobefum video no ho no, ebi bɛka ho. Ankyɛ na Brice ne afoforo bi fii ase baa yɛn Kristofo nhyiam no bi. Mimiaa m’ani kyerɛɛ nsɛm no ase kɔɔ mum kasa mu maa mumfo no, enti mihuu kasa no ntɛm. Bere a mumfo no redɔɔso no, ebi mpo bɛhwehwɛɛ me. Ɛda bi a mete me kar nkyɛnkyɛmma mu no, na mmirekyi ne mprako nenam kwan no mu, enti mefaa nkyɛn maa kar no totɔɔ amoa mu kunkuronkunkuron. Afei nea metee ara ne pan wɔ kar no akyi! Ná misuro sɛ kar no asan asɛe, nso sɛɛ mum bi na na ɔde mmirika di kar no akyi, na ɔde ne nsa bɔɔ kar no mu sɛnea ɛbɛyɛ a mehu sɛ odi m’akyi.

Yebenyaa Amerika mum kasa akuw wɔ nkurow foforo nso mu. Bere a wɔyɛɛ nhyehyɛe maa mumfo wɔ ɔmantam nhyiam ase no, na meka wɔn a wonyaa kwan kyerɛɛ ase kɔɔ mum kasa mu no ho. Bere a mikogyinaa asɛnka agua no so a meretwɛn ama ɔkasafo no afi ase no, m’adwene kɔɔ bere a mifii me dwumadi yi ase foforo no so. Saa bere no, na mewɔ adwene bi sɛ, ‘Dɛn bio na ɔsɛmpatrɛwfo te sɛ me betumi ayɛ wɔ Afrika?’ Bere a mehwɛɛ atiefo no, mihui sɛ manya asɛmmisa no ho mmuae. Ɛne sɛ, mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔboa mumfo. Seesei de, mimmisa me ho bio sɛ, ‘Asɛm bɛn na makɔpɛ ama me ho yi?’