Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔde Kae Yesu Kristo

Wɔde Kae Yesu Kristo

“Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”​—LUKA 22:19.

Ade a ɛma ebinom di Buronya.

Ebinom ka sɛ Buronya de, Yesu “nti na wodi.” Wodi Buronya de di Yesu awoda.

Dɛn na ɛma ɛyɛ den?

Buronya nnwom ne Buronya ho amanne pii wɔ hɔ a, ɛmfa Yesu Kristo ho koraa. Nnipa mpempem pii na wodi afahyɛ no a wonni Yesu mu gyidi. Ebinom mpo nnye nni sɛ watena ase pɛn. Aguadifo de, Buronya nyɛ bere a wɔde kae Yesu, na mmom wɔfa ho tɔn wɔn nneɛma.

Bible mu nsɛm bɛn na ebetumi aboa?

‘Onipa Ba no bae sɛ ɔde ne kra rebɛyɛ agyede de agye nnipa bebree.’ (Marko 10:45) Nsɛm a yɛde fii asɛm yi ase no yɛ Yesu nsɛm. Ɛnyɛ n’awoda na ɔkaa saa nsɛm no, na mmom da a ɔrebewu no. Saa anwummere no, ofii afahyɛ ketewa bi ase a wɔde bɛkae ne wu. Adɛn nti koraa na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnkae ne wu na wanka sɛ wɔnkae n’awoda? Nea enti a ɛte saa ne sɛ Yesu agyede no ama nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase anya hokwan a ɛbɛma wɔanya daa nkwa. Bible ka sɛ: “Bɔne akatua ne owu, na akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so.” (Romafo 6:23) Enti afe biara, sɛ edu da a Yesu Kristo wui no a, n’akyidifo kae no sɛ “wiase agyenkwa,” na wɔnkae no sɛ abofra a wɔawo no foforo.—Yohane 4:42.

“Kristo mpo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.” (1 Petro 2:21) Ná Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ na onim nyansa, na sɛ wubetumi ahyɛ no anuonyam na woakae no a, gye sɛ wusuasua no. Afei nso, dwinnwen sɛnea Yesu kyerɛɛ ayamhyehye na onyaa abotare ne akokoduru de yɛɛ adetrenee no ho, na hwehwɛ akwan a wo nso wubetumi de ayɛ adwuma wɔ w’asetena mu.

“Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na obedi hene daa daa.” (Adiyisɛm 11:15) Sɛ Yesu Kristo ho adwene ba wo tirim a, kae nea seesei ɔreyɛ. Seesei Yesu redi hene wɔ soro. Onyankopɔn Asɛm hyɛɛ Yesu ho nkɔm sɛ: “Ɔde atɛntrenee bebu ahiafo atɛn na ɔde trenee ayi asase so ahobrɛasefo ntɛn.” (Yesaia 11:4) Abofra a wɔawo no foforo ntumi nyɛ saa nneɛma no, gye sɛ Ɔhene a ɔwɔ tumi na obetumi ayɛ saa.