Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Tete no, sɛn na na wɔyɛ ahyɛn na nsu ankɔ mu?

Lionel Casson yɛ obi a wasua tete ahyɛn ho ade akɔ akyiri. Ɔkyerɛɛ sɛnea na wɔyɛ ahyɛn wɔ tete Roma no mu sɛ, wɔkeka ntaboo no si ani, na wɔde “kootaa anaa amane atetare baabi a wɔakeka asi ani no; wotumi mpo de bi fa hyɛn no mu ne akyi nyinaa.” Romafo nnya mmae koraa no, na tete Akkadfo ne Babilonfo de kootaa tetare wɔn ahyɛn mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsu renkɔ mu.

Nsase a Bible ka ho asɛm no, na kootaa nsunsu te sɛ nea ɛwɔ ha yi dɔɔso wom

Hebri Kyerɛwnsɛm no ka biribi saa ho asɛm wɔ Genesis 6:14. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “amane” wɔ saa kyerɛwsɛm no mu no, ɛno ara ne kootaa a wonya fi asase mu no.

Kootaa a efi asase mu no, ebi yɛ nsunsu, ɛnna ebi nso akyenkyen. Tete no, nea ɛyɛ nsunsu no na na wɔde yɛ ahyɛn. Sɛ wɔde kootaa no fa hyɛn no mu ne akyi ma mframa fa so a, na akyenkyen, enti nsu ntumi nkɔ hyɛn no mu.

Nsase a Bible ka ho asɛm no, na kootaa dɔɔso wom. Sidim Bɔn a ɛbɛn Po a Awu no mu sɛɛ, na “amoa pii wɔ hɔ a kootaa taataa mu.”Genesis 14:10.

Dɛn na na tetefo yɛ na mpataa a woyi no ansɛe?

Nnipa fii ase wee mpataa nyɛ nnɛ. Yesu bere so mpo, na asomafo no bi yi mpataa wɔ Galilea Po no mu ansa na wɔrebɛyɛ n’akyidifo. (Mateo 4:18-22) Sɛ woyi mpataa no wie a, na wɔyɛ bi ho adwuma wɔ adan akɛse mu wɔ po no ano.

Sɛnea na wɔkora mpataa so wɔ tete Galilea no, ɛnnɛ mpo ebinom da so ara fa saa kwan no so. Wodi kan yiyi mpataa no bo ne wɔn yam ade, na wɔahohoro mpataa no ho. Wɔhohoro ho wie a, nhoma bi kyerɛ mu sɛ: “Wɔde ɛpo nkyene hyehyɛ mpataa no bo ne wɔn anom, na wɔde bi afa wɔn ho nyinaa. Wɔhyɛ nam no nkyene wie a, wɔhyehyɛ no kɛtɛ so san de nkyene no bi petepete so, na wɔde kɛtɛ foforo akata so. Afei wɔsan de nam no bi gu kɛtɛ no so de nkyene petepete so na wɔakata so. Wɔhyehyɛ nam no toatoa so saa a, na wɔagyaw asi hɔ bɛyɛ nnansa kosi nnanum. Ɛno akyi no, wɔdan no ma ase kodi soro, na ɛno nso wɔama asi hɔ bɛyɛ nnansa kosi nnanum. Ɛba no saa a, mpataa no mu nsu twe; nkyene no nso wurawura mu yiye, na mpataa no wo yɛ denneennen.”Studies in Ancient Technology.

Wɔhyɛ mpataa no nkyene saa a, yennim bere tenten a na edi ansa na asɛe. Nanso tete no, na Egyptfo de mpataa a wɔahyɛ no nkyene kɔ Siria nohoa kɔtɔn. Ɛno kyerɛ sɛ na etumi kyɛ paa.

Taaboo a wɔayɛ tete Egypt apofofo ho mfonini wɔ so