Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woreteɛ Wo Ba So a, Sɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ No?

Woreteɛ Wo Ba So a, Sɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ No?

“Sɛ kar biara retwam a, na m’aso di akyi. Ná yɛakyerɛ Jordan bere a ɛsɛ sɛ ɔba fie, nanso eyi ka ho a, na wabu so mprɛnsa. Enti mibisaa me ho sɛ, ‘Ɛhe koraa na wakɔhyɛ? Biribi ayɛ no anaa? Onnim sɛ ɔreteetee yɛn?’ Obedui no, na me bo afuw ara ma migye me ho a ennye.”GEORGE.

“Me babea no teaa mu ma me yam hyee me. Mitwaa m’ani na wasɔ ne ti resu. Ne nuabarima kumaa a wadi mfe nnan na ɔbɔɔ no.”NICOLE.

“Yɛn babea Natalie a wadi mfe nsia no kaa sɛ, ‘Kawa no, manwia, minyae.’ Ná wayɛ ne ho te sɛ nea ɔnyɛɛ hwee, nanso na yenim paa sɛ ɔboa. Yɛkaa biara, wansesa n’ano. Nea ɔyɛe no yɛɛ yɛn yaw paa ma yesui.”STEPHEN.

NSƐM a awofo yi kae no, sɛ woyɛ ɔbaatan a, ebia wobɛte wɔn ase. Wo ba yɛ biribi saa a, wunhu sɛnea wobɛteɛ no so anaa? Anaa ɛba saa a, etumi yɛ wo sɛ gyae akyi di mpo? Woteɛ wo ba so a, woayɛ bɔne?

DƐN NE NTEƐSO?

Sɛ Bible ka “nteɛso” a, ɛnkyerɛ asotwe. Yɛreka paa a, nteɛso kyerɛ ateɛteɛ ne akyerɛ pa. Sɛ wɔreteɛ obi so a, ɛnkyerɛ sɛ wɔreyɛ no ayayade anaa aninyanne.Mmebusɛm 4:1, 2.

Sɛnea awofo teɛ wɔn mma so no, yebetumi de atoto obi a odua ade ho. Obi redua ade a, odi kan dɔw asase no so, na odua wie nso a, ogugu so nsu. Ɔhwɛ nso sɛ mmoa nwe nea wadua no, na ɔdodɔw ase. Sɛ nea wadua no renyin a, ebia ɛho behia sɛ otwitwa ho na atumi anyin yiye. Obi dua ade a, ɔntena hɔ nhwɛ sɛ ɛno ara nnyin. Saa ara na mmofra nso benyin yiye a, gye sɛ awofo ma wɔn ani kũ wɔn ho. Enti ɛtɔ da a, ɛho hia sɛ awofo teɛ wɔn mma so de kyerɛ wɔn kwampa a wɔmfa so, sɛnea obi twitwa nea wadua ho ma enyin yiye no. Nanso, ɔretwitwa ho na sɛ wanyɛ no yiye a, anhwɛ a obetwa no twa bɔne. Saa nso na ɔwofo reteɛ ne ba so na wanto ne bo a, anhwɛ a ɛbɛboro so.

Yehowa Nyankopɔn a ɔkyerɛw Bible no ayɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ bi ama awofo. Yehowa nkoa a wotie n’asɛm wɔ asase so no, sɛ ɔreteɛ wɔn so a, sɛnea ɔyɛ no nti, ɛma wɔn ani gye ho, na ‘wɔdɔ nteɛso’ mpo. (Mmebusɛm 12:1) ‘Woso nteɛso mu,’ na ‘wonnyae mu.’ (Mmebusɛm 4:13) Onyankopɔn reteɛ ne nkoa so a, ɔfa akwan mmiɛnsa bi so. Wo nso wubetumi afa saa akwan yi so ama wo ba agye wo nteɛso atom. Ɔkwan a Yehowa fa so ne sɛ: (1) ɔyɛ no ɔdɔ mu, (2) ɔyɛ no sɛnea ɛfata, na (3) ɔka a, ɔyɛ.

 NTEƐSO A WƆDE MA WƆ ƆDƆ MU

Ɔdɔ na ɛma Onyankopɔn teɛ nnipa so. Bible ka sɛ: “Nea Yehowa no na ɔka n’anim, sɛnea agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm no.” (Mmebusɛm 3:12) Afei nso, Yehowa yɛ “mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo,” na “ne bo kyɛ fuw.” (Exodus 34:6) Enti ɔnyɛ nnipa ayayade anaa aninyanne. Ontu n’ani nsi nnipa so ntwa wɔn adapaa, na saa nso na ontu nsɛm bumbum te sɛ “nkrante a ɛwowɔ.”Mmebusɛm 12:18.

TƆ WO BO ASE TIE

Ɛwom, awofo ntumi nsuasua Onyankopɔn pɛpɛɛpɛ. Yɛyɛ nnipa nti, ɛnyɛ bere nyinaa na yetumi hyɛ yɛn ho so. Edu baabi a, na yɛn abotare reyɛ asa. Ɛba no saa a, kae sɛ, sɛ wode abufuw twe wo ba aso a, ɛbɛboro so, na mfaso biara remma so. Afei nso sɛ wode abufuw anaa ahometew twe wo ba aso a, ɛno nyɛ nteɛso; abotare na woannya.

Nanso, sɛ wunya wo ba ho abotare na woteɛ no so wɔ ɔdɔ mu a, ɛrenyɛ den sɛ obegye atom. Yɛrefi asɛm yi ase no, yɛkaa awofo bi ho asɛm. Yɛnhwɛ nea wɔn mu mmienu yɛe.

MOMMƆ MPAE

Yenni kan ntie George. Ɔkaa sɛ: “Jordan beduu fie no, na me ne me yere bo afuw paa, nanso yɛhyɛɛ yɛn ho so tiee no. Ná ade asa, enti yɛyɛɛ sɛ ade kye a na yɛaka ho asɛm. Yɛn nyinaa boom bɔɔ mpae na yɛkɔdae. Ade kyee no, na yɛn bo adwo, enti ɛma yenyaa abotare ne no kasa ma ewuraa ne mu. Ogye toom sɛ wanyɛ no yiye, na nneɛma a yɛde kamee no nso, ɔne yɛn antwe; ɔtee ne ho ase. Eye sɛ yehui sɛ wode abufuw yɛ ade a, enkosi hwee. Bere biara a yɛbɛyɛ aso atie yɛn ba no, nneɛma kɔ yiye.”

MOMMƆ NKƆMMƆ

Nicole nso kaa sɛ: “Bere a mihuu sɛnea me babarima no abɔ ne nuabaa apira no no, me bo fuwii paa. Sɛ mekaa sɛ mɛyɛ no biribi a, anka ɛrenyɛ papa. Enti mema ɔkɔɔ ne dan mu. Akyiri yi, me bo dwoe no, mekyerɛɛ no sɛ nea ɔde yɛɛ ne nua no yɛ awudisɛm, na ɛmfa kwan mu koraa. Ɔkwan a mede no faa so no boae paa. Ɔpaa ne nua no kyɛw na ɔyɛɛ no atuu.”

Enti ɔdɔ na yɛde teɛ abofra so. Asotwe bi bɛba mu mpo a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ a wodɔ no ntia.

NTEƐSO A ƐFATA

Bere biara a Yehowa bɛteɛ obi so no, ɔyɛ no “sɛnea ɛfata.” (Yeremia 30:11; 46:28) Omfiti prɛko pɛ nteɛ obi so. Ɔhwehwɛ mu yiye ansa.  Awofo bɛyɛ dɛn asuasua no? Yɛadi kan aka Stephen ho asɛm. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Ná yɛnte ase sɛ yɛaka yɛn anom nsɛm nyinaa nso Natalie redi atoro sɛ wanwia kawa no, na ɛyɛɛ yɛn yaw paa, nanso yehui sɛ mmofraasɛm ka ho bi.”

Nicole kunu Robert nso, ɛyɛ a osusuw nneɛma ho kɔ akyiri. Sɛ mmofra no bi yɛ biribi a enye a, ɔtaa bisa ne ho sɛ: ‘Ɛnnɛ nko ara na ɔreyɛ saa anaasɛ ɛreyɛ ayɛ ne su? Te na ɔnte apɔw anaa brɛ na wabrɛ? Biribi foforo na ɛma ɔyɛɛ saa anaa?’

Ɛsɛ sɛ awofo te ase sɛ abofra de, ɛyɛ dɛn ara a, ɔyɛ abofra. Asɛm bi a ɔsomafo Paulo kyerɛwee foa saa asɛm no so. Ɔkaa sɛ: “Meyɛ akokoaa no, mekasae sɛ akokoaa, midwen sɛ akokoaa, misusuw nsɛm ho sɛ akokoaa.” (1 Korintofo 13:11) Robert a yɛaka n’asɛm no kaa sɛ: “Ade biako a ɛboa me ne sɛ, mekae nneɛma bi a meyɛɛ no me mmofraberem, na ɛno ma mete mmofra no ase, na minya wɔn ho abotare.”

Mɛnyɛ wo ba kai-kai! Ɛno nso nkyerɛ sɛ ɔyɛ bɔne a mɛnka. Ansa na wobɛteɛ wo ba so no, susuw nneɛma ho kɔ akyiri sɛnea ɛbɛyɛ a wo nteɛso no bɛyɛ nea ɛfata. Eyi ho hia efisɛ ɛsono abofra biara ne sɛnea ɔte, nneɛma a otumi yɛ ne nea ɛboro n’ahoɔden so.

WOKA A, YƐ

Malaki 3:6 ka sɛ: “Mene Yehowa; mensakrae.” Esiane sɛ Onyankopɔn nsakra nti, ɛma n’asomfo koma tɔ wɔn yam. Abofra nso, sɛ ohu sɛ bere biara a wobɛka sɛ wobɛteɛ no so no, wode ɔseɛ yɛ ɔyɔ a, ɛboa no. Anyɛ saa na sɛ wo ba hu sɛ ɛnnɛ woka sei, ɔkyena na woadan no a, ɛbɛma n’adwene atu afra, na ɔrenhu nea ɔnyɛ.

Kae sɛ Yesu kaa sɛ: “Momma mo Yiw nyɛ yiw, na mo Dabi nyɛ dabi.” Ɛsɛ sɛ awofo de saa asɛm no yɛ adwuma paa. (Mateo 5:37) Ansa na wubebue w’ano ahyɛ mmara bi no, hwɛ hu sɛ ɛbɛyɛ adwuma. Sɛ woka kyerɛ wo ba sɛ ɔyɛ asoɔden a wobɛtwe n’aso a, nte ntasu ngu fam nsan mfa wo tɛkrɛma mfa; di w’asɛm so.

Ɛba nteɛso a, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere adwene hyia. Robert kaa sɛ: “Ebia na mmofra no adi kan akobisa wɔn maame biribi ma wampene, nanso na minnim. Sɛ wɔfa akyi bebisa me ma mepene so, na akyiri yi mibehu sɛ sɛɛ wɔadi kan akobisa wɔn maame ma wampene a, mehwɛ ma wɔde nea wɔn maame kae no yɛ adwuma.” Sɛ mmofra no ho asɛm bi sɔre, na awofo no adwene nhyia a, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔn mmienu nkutoo besusuw ho na wɔn ano akɔ bɛnkoro mu ansa na wɔatu ho anammɔn.

NTEƐSO HO HIA

Sɛ Yehowa de nteɛso ma a, ɔyɛ no ɔdɔ mu, ɔyɛ no sɛnea ɛfata, na ɔka nso a, ɔyɛ. Enti, sɛ wusuasua Yehowa a, ɛbɛboa wo mma. Sɛ wode akwankyerɛ pa ma wo mma a, wobetumi abɛyɛ mpanyin pa. Bible ka sɛ: “Tete abofra wɔ ɔkwan a ɛfata so; sɛ onyin a, ɔremfi ho.”Mmebusɛm 22:6.