Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Made Me Ho Afi Aturuturasɛm Ho”

“Made Me Ho Afi Aturuturasɛm Ho”
  • Afe a Wɔwoo No: 1956

  • Ɔman a Ofi Mu: Canada

  • Kan No: Ná onni anidaso biara, ná ne bra asɛe, na na odi aturuturasɛm

ƆBRA A NA MEWOM

 Wɔwoo me wɔ Calgary. Ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Alberta, Canada. Bere a meyɛ akokoaa no na m’awofo gyaa aware. Enti me maame tu kɔtenaa n’awofo nkyɛn, na ɔde me kaa ne ho kɔe. Ná me nanabea ne me nanabarima pɛ me ne me maame asɛm paa, enti na anigye wɔ fie. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa meda so ara kae sɛnea na asomdwoe wɔ fie no. Sɛ midwinnwen ho a, na m’ani agye sei.

 Midii mfe nson no, nneɛma sesae koraa. Anigye a na mewɔ no nyinaa danee awerɛhow. Nea ɛbae ne sɛ, me maame ne me papa san waree bio, enti yɛkɔtenaa St. Louis, Missouri, a ɛwɔ United States. Ankyɛ koraa na mihui sɛ, sɛɛ me papa tumi di atirimɔdensɛm paa. Mekae sɛ da a edi kan a mekɔɔ sukuu foforo wɔ baabi a yɛakɔtena no, asukuufo no bi boroo me, nanso manka wɔn hwee. Bere a me papa tee sɛ manyɛ wɔn bi antua ka no, ne bo fuwii paa, na ɔbɔɔ me ma ɛkɔɔ me ho. Sɛnea ɔbɔɔ me no, na ɛkyɛn asukuufo no de no koraa! Enti efi hɔ rekɔ no, memaa m’ani yɛɛ den. Afei, obi a na madi mfe nson pɛ no, mebɛpɛɛ ntɔkwa.

 Ná me papa wɔ koko bɔne, na na ɛhaw me maame paa, enti na n’ani nnye. Ná wɔtaa ham; wonam abɔnten koraa a, na wutumi te wɔn nka. Bere a midii mfe 11 no, mifii ase sɛ merenom nnubɔne, na na mewe nsã nso. Afei de, na m’ani so ayɛ hyew, enti wobɛhwɛ no, na makɔka ntɔkwaw wɔ abɔnten baabi. Bere a miwiee ntoaso sukuu no, na nsɛmmɔnedi adidi me mu ara ma afei na me ara mihu sɛ mayɛ nipa foforo koraa.

 Bere a midii mfe 18 no, wɔfaa me sogya mu wɔ Amerika. Ɛhɔ no, wɔkyerɛɛ me sɛnea yedi awu. Wo ara wohwɛ sɛnea na mete na masan anya ntetee a ɛte sei a, wutumi hu sɛ afei de, na me ho ayɛ hu yiye. Mfe nnum akyi no, migyaee sogya adwuma no. Mikosuaa nnipa adwene ho ade wɔ suapɔn bi a ɛwɔ Amerika. Ná me botae ne sɛ me ne FBI anaa asoɛe a ɛhwehwɛ nsɛmmɔnedi mu wɔ Amerika no bɛyɛ adwuma. Akyiri yi, mitu kɔɔ Canada, na mekɔtoaa me nhomasua no so wɔ hɔ.

 Mewɔ suapɔn no, ade baako a na metaa dwinnwen ho ne sɛnea na nnipa yɛ wɔn ade. Mehwɛ sɛnea na nnipa asɛe wɔn abrabɔ no a, na me werɛ ahow yiye. Ná mihu sɛ nkurɔfo yɛ pɛsɛmenkominya. Sɛ mehwɛ wiase no mu a, na mihu sɛ biribi papa biara nnim. Ɔhaw ahorow a ɛreteetee nnipa nso, midwen ho dwen ho ara a, na minhu ɔkwan a nnipa bɛfa so asɔ ano. Enti anidaso a na mewɔ sɛ dabidabi nneɛma bɛyɛ yiye wɔ wiase no, etu yerae.

 Bere a mihuu sɛ biribi papa biara nni asetena mu no, metɔɔ nsã mu ntintan, na nnubɔne nso de, na ayɛ sɛ m’aduan. Afei, na sikapɛ adi me ti, na na mebɔ aguaman nso. Mifi ɔbea wei so a, na mekɔ foforo so, na na menyɛ nã wɔ apontow ase. Sogya a mekɔe nti na minsuro obiara; ɛreyɛ ara ni na mereko ntɔkwa. Ná meyɛ obi a mempɛ asisi koraa, enti sɛ mihu sɛ obi resisi afoforo a na me ne no de asi ani. Ayɛ ara ne sɛ mereko ama wɔn, nanso na ɛnte saa ankasa. Asɛm no ara ne sɛ, na atuturasɛm de me ayɛ akoa.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA

 Da koro bi, me ne m’adamfo bi nom nnubɔne ara ma na yegye yɛn ho a ennye. Saa bere no ara, na yɛrehyehyɛ nnubɔne wɔ fie akɔtɔn. Yegu so ara na m’adamfo no bisaa me sɛ migye Onyankopɔn di anaa. Meka kyerɛɛ no sɛ, “Amane a yɛrehu wɔ wiase yi mu no, sɛ Onyankopɔn na ɔhyɛ akyi a, ɛnde mempɛ sɛ me ne no nya hwee yɛ!” Da a edi hɔ no, ná manya adwuma foforo bi, enti mekɔe. Miduu adwumam hɔ no, odwumayɛni baako a ɔyɛ Yehowa Danseni bisaa me sɛ, “Wudwen ho sɛn, amane a yɛrehu wɔ wiase yi mu no, Onyankopɔn na ɔhyɛ akyi anaa?” Asɛm a mekaa no nnɛra no, ɛho asɛm ara na na ɔrebisa me no. Ɛmaa me ho dwiriw me paa, na na mepɛ sɛ mitie nea ɔwɔ ka. Abosome nsia a edi hɔ no, yɛbɔɔ nkɔmmɔ mpɛn pii, na nsɛmmisa a ɛfa abrabɔ ho a na ɛkyere nnipa pii adwene no, ɔma minyaa ɛho mmuae wɔ Bible mu.

 Ɔbea a na me ne no te saa bere no, na n’ani nnye nea meresua no ho, enti na ɔmpɛ atie koraa. Kwasida bi, meka kyerɛɛ no sɛ mato nsa afrɛ Yehowa Adansefo no sɛ wɔne yɛn mmesua Bible wɔ fie. Ɛda a edi hɔ no, mekɔɔ adwuma bae a, ɔbea no asesa nneɛma a ɛwɔ fie hɔ nyinaa agyaw me hɔ kɔ. Mipue kɔɔ abɔnten, na mifii ase sɛ meresu. Mebɔɔ Onyankopɔn mpae, na mesrɛɛ no sɛ ɔmmoa me. Saa bere no ne da a edi kan a mede Onyankopɔn din Yehowa frɛɛ no wɔ mpaebɔ mu.—Dwom 83:18.

 Nnanu akyi no, awarefo bi bae ne me besuaa Bible. Ɛno ne da a edi kan a Adansefo no ne me yɛɛ Bible adesua. Wɔkɔe no, metoaa so kan nhoma a na yɛde resua Bible no. Ná wɔato din, Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. a Saa anadwo no ara, mekan ne nyinaa wiei. Nea mihu faa Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo ho no kaa me koma. Mihuu sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye, na sɛ yehu amane a ɛyɛ no yaw. (Yesaia 63:9) Ade titiriw a ɛkaa me koma paa ne ɔdɔ a Onyankopɔn dɔ me, ne afɔre a ne Ba no bɔ maa me no. (1 Yohane 4:10) Ɛma mihuu sɛ, nea enti a Yehowa nyaa me ho abotare ne sɛ “ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.” (2 Petro 3:9) Ná me ara mitumi hu sɛ, Yehowa pɛ sɛ ɔtwe me ba ne nkyɛn.—Yohane 6:44.

 Saa nnawɔtwe no ara, mifii ase kɔɔ asafo nhyiam. Ná me ti nwi ware, na mehyɛ asomuade, na na masiesie me ho huhuuhu. Nanso sɛnea Adansefo no ne me dii no, asɛ na meyɛ wɔn busuani bi a wɔhuu no akyɛ. Wɔyɛɛ wɔn ade sɛ Kristofo amapa. Asomdwoe a na ɛwɔ hɔ no, ɛma mekaee bere a na me ne me nanabarima ne me nanabea te no. Nanso saa asomdwoe yi mpo de, na ɛkyɛn.

 Nneɛma a na meresua afi Bible mu no, ankyɛ biara na efii ase sesaa m’abrabɔ. Mitwitwaa me ti nwi no, na migyaee aguamansɛm biara. Nnubɔnenom ne nsawe nso, migyaee. (1 Korintofo 6:9, 10; 11:14) Ná mepɛ sɛ mesɔ Yehowa ani. Enti bere a na meresua Bible no, sɛ minya hu sɛ n’ani nnye biribi a mereyɛ ho a, na memfa nsɛm nyiyi me ho ano. Mmom, na etumi yɛ me yaw paa, na na meka kyerɛ me ho sɛ, ‘Daabi, wei de, ɛsɛ sɛ migyae.’ Ɛba saa a, mentwentwɛn me nan ase koraa. Ɛhɔ ara na mayɛ nsakrae a ehia sɛ meyɛ no. Yehowa akwankyerɛ a na mede yɛ adwuma no, ankyɛ koraa na mihui sɛ ɛreboa me paa. Bere a mifii ase suaa Bible no, abosome nsia akyi na mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni. Mebɔɔ asu July 29, 1989.

SƐNEA ABOA ME

 Bible no aboa me ama masesa koraa. Kan no, sɛ obi bɛka me ntɔkwa a, na me nso mede ntɔkwa hyia no. Nanso seesei, mebɔ mmɔden sɛ me ne ‘nnipa nyinaa bɛtena asomdwoe mu.’ (Romafo 12:18) Nsakrae a mayɛ yi, ɛkaa me nko ara m’ahoɔden a anka ɛrenyɛ yiye. Mede ho aseda nyinaa ma Yehowa. Ɔno na ɔde n’Asɛm no ne ne honhom kronkron a etumi sesa nnipa no aboa me.—Galatifo 5:22, 23; Hebrifo 4:12.

 Kan no, na anka nnubɔne, aturuturasɛm, ne akɔnnɔ bɔne de me ayɛ akoa, nanso afei de made me ho. Seesei, mebɔ mmɔden sɛ mɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani, na mayɛ nea metumi biara de asom no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, merebɔ mmɔden sɛ mɛboa afoforo ama wɔn nso abehu Yehowa. Mebɔɔ asu no, mfe kakraa akyi na mitu kɔɔ baabi a wɔhia asɛmpakafo pii kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ. Mfe pii ni, me ne nkurɔfo pii asua Bible ama wɔatumi asesa wɔn abrabɔ, na ɛno ama m’ani agye paa. Asɛmdɛ baako nso ne sɛ, me maame nso abɛyɛ Yehowa Danseni. Nsakrae a ohui sɛ mayɛ wɔ me suban ne me nneyɛe mu no, ɛka ho bi na ɛma otuu saa anammɔn no.

 Afe 1999 na miwee sukuu a seesei wɔfrɛ no Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no wɔ El Salvador. Saa sukuu no tetee me paa. Ɛboaa me ma mihuu sɛnea medi anuanom anim ama yɛayɛ asɛnka adwuma no, na ɛsan nso ma mihuu sɛnea mɛkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu na mahwɛ Yehowa nguan no so. Saa afe no ara mu na mewaree me dɔfo pa Eugenia. Merekasa yi, yɛde yɛn bere nyinaa reka asɛmpa no wɔ Guatemala.

 Seesei, memma nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase mu no mmu m’abam; mewɔ anigye paa. Bible nkyerɛkyerɛ a mede rebɔ me bra no ama made me ho afi aguamansɛm ne aturuturasɛm ho, ama ɔdɔ amapa ahyɛ me koma ma, na manya asomdwoe nso.

a Ɛnnɛ nhoma a Yehowa Adansefo ne afoforɔ taa de sua Bible no ne Wubetumi Anya Anigye Daa!