Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Bi Bɛba a Basabasayɛ Nnim?

Wiase Bi Bɛba a Basabasayɛ Nnim?

Obi ayɛ wo, anaa wo busuani bi basabasa pɛn? Wohwɛ a, wobetumi ayɛ wo saa daakye? Wɔaka basabasayɛ ho asɛm sɛ, “ade a ɛrekɔ so a ɛde nnipa nkwa to asiane mu wɔ wiase afanan nyinaa.” Ma yɛnhwɛ nhwɛso ahorow yi.

OFIE BASABASAYƐ NE MMONNAATO: Amanaman Nkabom no bɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ woyi mmaa mmiɛnsa biara a, wɔn mu baako yɛ obi a nea ɔbɛn no paa ayɛ no basabasa anaa wato no mmonnaa wɔ n’asetenam pɛn.” Awerɛhosɛm ne sɛ, “wobu akontaa sɛ wɔ wiase nyinaa no, sɛ woyi mmea nnum biara a, wɔbɛto baako mmonnaa anaa wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ no saa.”

MMƆNTEN SO NSƐMMƆNEDI: Wɔka sɛ basabasayɛ akuw bɛboro 30,000 na wodi nsɛmmɔne wɔ United States. Latin America nso, sɛ woyi nnipa mmiɛnsa biara a, ɛkame ayɛ sɛ baako de, wɔayɛ no basabasa.

AWUDI: Wobu akontaa sɛ, nnansa yi ara wɔ afe baako mu no, wokum nnipa bɛyɛ 500,000. Wei boro nnipa a wowui wɔ akodi mu mpo. Southern Africa ne Central America paa na wodii nkurɔfo awu kɛse, na wei boro nnipa dodow a wodii wɔn awu wɔ wiase nyinaa so mpɛn nnan. Wokum nnipa bɛboro 100,000 afe baako mu wɔ Latin America, na saa ara nso na wokum nnipa bɛyɛ 50,000 wɔ Brazil nkutoo. Enti basabasayɛ to betwa da bi?

BASABASAYƐ TO BETWA?

Adɛn nti na basabasayɛ abu so saa? Wɔahu sɛ nneɛma pii na ɛde ba. Ebi na edidi so yi: asetenam ahokyere, basabasayɛ a atwa mmofra ho ahyia, nsawe ne nnubɔnenom, nnipa nkwa a afoforo mmu, ne nsɛmmɔnedifo a wonsuro hwee.

Nokwasɛm ni, wɔatumi ayɛ basabasayɛ ho biribi kakra wɔ aman bi so. São Paulo yɛ Brazil kurow bi a emu nnipa dɔɔso paa. Wɔkyerɛ sɛ mfe du a atwam no, awudi kɔɔ fam ɔha mu nkyem 80. Nanso, nsɛmmɔnedi abu so wɔ saa kurow no mu, na sɛ woyi nnipa 100,000 biara a, emu 10 na wokum wɔn. Dɛn na ɛbɛma basabasayɛ to atwa koraa?

Sɛ basabasayɛ to betwa koraa a, egyina nnipa nneyɛe ne wɔn suban so. Sɛ nsɛmmɔnedifo betumi asesa a, ɛsɛ sɛ woyi su bi te sɛ ahantan, anibere, ne pɛsɛmenkominya fi wɔn mu na wonya ɔdɔ, obu ne afoforo ho adwempa.

Dɛn na ɛbɛma obi atumi ayɛ nsakrae kɛse a ɛte saa? Susuw nea Bible ka yi ho:

  • “Na eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den”—1 Yohane 5:3.

  • “Yehowa suro ne bɔne tan.” *Mmebusɛm 8:13.

Sɛ nsɛmmɔnedifo benya Onyankopɔn ho dɔ na sɛ wosuro sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɔmpɛ a, ɛbɛkanyan wɔn ama wɔasesa—ɛnyɛ nnipa aniso kɛkɛ, na mmom wɔn abrabɔ sesa koraa. Biribi saa tumi si ankasa?

Yɛnhwɛ obi te sɛ Alex. * Nsɛmmɔnedi nti wada afiase wɔ Brazil mfe 19 ni. Ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na ɔbɛyɛɛ Yehowa Danseni afe 2000. Enti wasesa ne subammɔne no ampa? Yiw. Na ɛyɛ Alex yaw paa sɛ ɔyɛɛ nneɛma bɔne a ɛte saa. Ɔka sɛ, “manya ɔdɔ kɛse paa ama Onyankopɔn efisɛ mete nka sɛ ɔde me bɔne akyɛ me koraa. Anisɔ ne ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa no aboa me ama masesa m’abrabɔ.”

Ná César a ɔte Brazil nso yɛ ɔkorɔmfo werɛmfo. Bɛyɛ mfe 15 ni de, dwuma a na odi ara no no. Dɛn na ɛma ɔsesae? Ɔda afiase no, Yehowa Adansefo kɔɔ ne nkyɛn ne no kosuaa Bible no. César ka sɛ: “Na minnim da sɛ asetena so wɔ mfaso. Afei na mahu. Nea misuae no ama madɔ Onyankopɔn, na misuro sɛ mɛyɛ biribi a ɛbɛma Yehowa werɛ ahow. Afei nso, mempɛ sɛ mɛyɛ biribiara de akyerɛ sɛ m’ani ansɔ nea Yehowa ayɛ ama me no. Saa ɔdɔ a minya maa no no ama masesa.”

Wubetumi asua ahu nea wobɛyɛ na ama watena wiase a basabasayɛ biara nnim no mu

Dɛn na Alex ne César asɛm yi ma yehu? Ɛma yehu sɛ, Bible no wɔ tumi a etumi sesa obi abrabɔ, na ɛma onya adwempa. (Efesofo 4:23) Alex san kae sɛ: “Nea misua fii Bible mu no, na ayɛ te sɛ nsu kurennyenn a wɔahwie agu me mu na nkakrankakra ɛrehohoro me nsusuwii bɔne agu ama me ho atew. Mansõ dae da sɛ metumi agyae!” Anokwa, sɛ yɛde Bible no mu nsɛm dua yɛn mu a, ebetumi ama yɛatwe yɛn ho afi nneɛma bɔne ho. Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi a ɛma yɛn ho tew. (Efesofo 5:26) Nea ɛwom ara ne sɛ, nnipa a wɔn tirim yɛ den na wɔyɛ pɛsɛmenkominya betumi asesa abɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe na wɔn yam ye. (Romafo 12:18) Esiane sɛ wɔde Bible afotu bɔ wɔn bra nti, wɔwɔ asomdwoe.—Yesaia 48:18.

Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem nwɔtwe a wɔwɔ nsase 240 so ahu nea ebetumi ayi basabasayɛ afi hɔ. Wofi aman ne mmusua ahorow mu, na wɔasua sɛ wɔbɛdɔ Onyankopɔn ne wɔn ho wɔn ho, na ama wɔte asomdwoe mu te sɛ abusua baako mufo wɔ wiase nyinaa. (1 Petro 4:8) Sɛnea wɔte no ma ɛda adi pefee sɛ wiase a basabasayɛ nnim betumi aba ampa.

WIASE A BASABASAYƐ BIARA NNIM ABƐN!

Bible hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn beyi basabasayɛ afi asase so. Ɛnnɛ wiase a basabasayɛ wom no, wɔbɛsɛe no wɔ Onyankopɔn “atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da” no. (2 Petro 3:5-7) Basabasayɛfo remma afoforo nhu amane bio. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔde ne ho gye nnipa nsɛm mu na oyi basabasayɛ fi hɔ?

Bible no ka sɛ “obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, [Onyankopɔn] kyi no.” (Dwom 11:5) Ɔbɔadeɛ no pɛ asomdwoe na ɔdɔ atɛntrenee. (Dwom 33:5; 37:28) Ɛno nti, ɔrenhwɛ mma nnipa amumɔyɛfo nkɔ so ntena hɔ daa.

Ɛrenkyɛ wiase foforo a asomdwoe wom bɛba. (Dwom 37:11; 72:14) Wubetumi asua pii na wahu nea wobɛyɛ na ama watena saa wiase a basabasayɛ nnim yi mu.

^ nky. 14 Wɔasesa din ahorow no.